Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Boa Wo Mma Na Kaseɛbɔ a Etu Koma Anteetee Wɔn

Boa Wo Mma Na Kaseɛbɔ a Etu Koma Anteetee Wɔn

 Da biara da, yɛte kaseɛbɔ a etu koma wɔ TV so, fon so, tablɛt so, ne kɔmputa so. Ɛtɔ da mpo a, woyi kaseɛbɔ no ho mfoni a ɛyɛ asefem aka ho.

 Kaseɛbɔ a ɛtete saa no, ɛyɛ a mmofra hwɛ bi.

 Dɛn na wubetumi ayɛ na kaseɛbɔ a etu koma ammɔ wo ba hu na anteetee no?

 Sɛ mmofra tie kaseɛbɔ a, ɛka wɔn sɛn?

  •   Kaseɛbɔ a etu koma tumi teetee mmofra pii. Mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wotie kaseɛbɔ a etu koma anaa wɔhwɛ wɔ TV so a, ebia wɔrenyɛ biribiara mma wunhu sɛ ahaw wɔn, nanso ebetumi aba sɛ ahaw wɔn paa. a Sɛ mmofra no hu sɛ kaseɛbɔ no ama wɔn awofo ayɛ basaa a, ɛnde ebetumi asɛe asɛm no koraa.

  •   Nea mmofra hu wɔ kaseɛbɔ mu no, ebia wɔrente ase. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, mmofra bi wɔ hɔ a, nea wɔbɛhwɛ wɔ kaseɛbɔ mu no, ɛyɛ wɔn sɛ ɛbɛto wɔn abusua. Sɛ asɛm bi a ɛyɛ hu si na wɔtaa yi wɔ TV so a, mmofra nketewa a wɔhwɛ bi no adwene betumi ayɛ wɔn sɛ da biara saa asɛm no si.

  •   Sɛ nkurɔfo ma kaseɛbɔ na wogugu nsɛm mu a, ebia mmofra renhu no saa. Nnwumakuw a wɔma kaseɛbɔ no, sɛ wonya nnipa pii tie wɔn a na wonya sika. Ɛno nti, sɛ wɔrema kaseɛbɔ a, wotumi hããhãã wɔn ani ka nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛkɔ so atie wɔn. Nanso mmofra nnim no saa.

 Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma na kaseɛbɔ amma wɔn yam anhyehye wɔn?

  •   Mma wo mma ntaa ntie kaseɛbɔ a etu koma. Wei nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woma wo mma hu nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Nanso sɛ daa wotie kaseɛbɔ a etu koma anaa kaseɛbɔ a ɛyɛ asefem anaa wɔhwɛ wɔ TV so a, ɛremmoa wɔn.

     “Ɛtɔ da a, me ne me kunu di kaseɛbɔ bi a ɛyɛ hu ho nkɔmmɔ kyɛ, nanso ɛyɛ a na yɛn werɛ afi sɛ yɛn mma no retie ne nyinaa, na ɛma wɔn yam hyehye wɔn paa.”—Maria.

     Bible mu afotusɛm: “Adwinnwen yɛ adesoa kɛse.”—Mmebusɛm 12:25, Contemporary English Version.

  •   Yɛ aso tie wo ba, na yi wo yam boa no. Sɛ ɛyɛ den ma wo ba sɛ ɔbɛka nea asi no ho asɛm a, ka kyerɛ no sɛ ɔndrɔ ho mfoni mmom. Wo ne wo ba no rekasa a, ka nsɛm a obetumi ate ase, nanso nka nea asi no ho asɛm nkɔ akyiri.

     “Nea yɛn babea pɛ ara ne sɛ yɛbɛtena ase na yɛayɛ aso atie no. Yɛnka nkyerɛ no sɛ, ‘Nnansa yi de, nea ɛrekɔ so ara no no, enti ɛsɛ sɛ yɛfa no saa ara.’ Sɛ yɛka saa a, anka ɛremmoa no koraa.”—Sarahi.

     Bible mu afotusɛm: ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, na yɛ nyaa kasa.’—Yakobo 1:19.

  •   Boa wo ba ma onhu kaseɛbɔ ani so. Nhwɛso bi ni. Sɛ nkurɔfo kyere obi sie na sɛ wɔn a wɔma kaseɛbɔ no reka ho asɛm a, wobetumi ama ayɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛtaa si. Ma wo ba no nhu nneɛma a wode agu akwan mu de rebɔ ne ho ban. Afei nso, kae sɛ, nsɛm a ɛyɛ hu a wɔka ho asɛm wɔ kaseɛbɔ mu no, ɛntaa nsi nti na wɔka ho asɛm wɔ kaseɛbɔ mu no.

     “Sɛ biribi ama wo ba abɔ hu a, boa no ma onyi ehu no mfi ne mu. Mpɛn pii no, nea ɛwɔ obi adwenem na ɛma no bɔ hu. Enti sɛ yɛboa yɛn mma ma wɔde wɔn adwene si nneɛma pa so a, ehu no befi wɔn mu.”—Lourdes.

     Bible mu afotusɛm: “Onyansafo koma ma n’ano da nhumu adi, na ɛma n’anom kasa yɛ dɛ.”—Mmebusɛm 16:23.

a Sɛ mmofra nketewa yam hyehye wɔn a, sɛ wɔda a, ɛyɛ a wɔdwensɔ gu kɛtɛ so. Wɔn mu binom nso, ɛyɛ a na wosuro sɛ wobegyaw wɔn maame ne wɔn papa hɔ akɔ sukuu.