Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

A7-A

Nneɛma Atitiriw a Esisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So—Ansa Na Yesu Refi Ne Som Adwuma Ase

Nsɛmpa Anan No Mu Nsɛm; Yɛahyehyɛ No Sɛnea Esisii

Nsɛm a yɛahyehyɛ yi, map ka ho, na ɛma yehu baabi a Yesu kɔfofae ne baabi a ɔkɔkaa asɛmpa no. Map no nkyerɛ akwan pɔtee a Yesu faa so, nanso ɛma yehu mmeae a ɔkɔe. Ahyɛnsode “b.” no kyerɛ “bɛyɛ.”

Ansa Na Yesu Refi Ne Som Adwuma Ase

BERE

BEAE

NEA ESII

MATEO

MARKO

LUKA

YOHANE

Afe 3 A.Y.B.

Yerusalem, asɔrefi

Ɔbɔfo Gabriel hyɛɛ Yohane Suboni awo ho nkɔm kyerɛɛ Sakaria

   

1:5-25

 

b. afe 2 A.Y.B.

Nasaret; Yudea

Ɔbɔfo Gabriel hyɛɛ Yesu awo ho nkɔm kyerɛɛ Maria; Maria kɔsraa ne busuani Elisabet

   

1:26-56

 

Afe 2 A.Y.B.

Yudea mmepɔw so nkurow

Wɔwoo abofra too no din Yohane Suboni; Sakaria hyɛɛ nkɔm; Yohane asetena wɔ sare so

   

1:57-80

 

Afe 2 A.Y.B., b. Oct. 1

Betlehem

Wɔwoo Yesu; “Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam”

1:1-25

 

2:1-7

1:14

Betlehem nkyɛn baabi; Betlehem

Ɔbɔfo bi kaa asɛmpa kyerɛɛ nguanhwɛfo; abɔfo yii Onyankopɔn ayɛ; nguanhwɛfo kɔsraa abofra no

   

2:8-20

 

Betlehem; Yerusalem

Wotwaa Yesu twetia (da a ɛto so 8); n’awofo de no kɔɔ asɔrefi (nnafua 40 akyi)

   

2:21-38

 

Afe 1 A.Y.B. anaa afe 1 Y.B.

Yerusalem; Betlehem; Egypt; Nasaret

Nsoromma mu ahwɛfo kɔsraa wɔn; abusua no guan kɔɔ Egypt; Herode kunkum mmarimaa; abusua no fi Egypt san bae, na wɔkɔtenaa Nasaret

2:1-23

 

2:39, 40

 

Afe 12 Y.B., Twam

Yerusalem

Yesu a wadi mfe 12 no kɔɔ asɔrefi; obisabisaa akyerɛkyerɛfo nsɛm

   

2:41-50

 
 

Nasaret

Ɔsan kɔɔ Nasaret; ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa n’awofo; osuaa kapenta adwuma; Maria tetee mma mmarima foforo baanan; ɔwoo mma mmea nso (Mt 13:55, 56; Mr 6:3)

   

2:51, 52

 

Afe 29, bere a nneɛma fefɛw

Sare so, Asubɔnten Yordan

Yohane Suboni fii n’asɛnka adwuma ase

3:1-12

1:1-8

3:1-18

1:6-8