Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu

SƐ WOREPƐ BIBLE NKYEKYƐM BI A, WOBƐYƐ DƐN AHU?

Nhoma nketewa 66 na ɛka bom yɛ Bible no. Wɔakyɛ mu ayɛ no afã abien: Hebri ne Aram Kyerɛwnsɛm (“Apam Dedaw”) ne Greek Kyerɛwnsɛm (“Apam Foforo”). Bible mu nhoma biara, wɔakyekyɛm ayɛ no ti ahorow ne nkyekyɛm ahorow. Sɛ wɔkyerɛw kyerɛwsɛm bi a, nɔma a edi nhoma no din akyi no yɛ nhoma no ti, na nɔma a edi hɔ no yɛ nkyekyɛm. Ɛho nhwɛso ni. Genesis 1:1 kyerɛ Genesis ti 1, nkyekyɛm 1.