Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Exodus Nhoma No

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Israelfo ase trɛwee wɔ Egypt (1-7)

    • Farao hyɛɛ Israelfo so (8-14)

    • Onyankopɔn ho suro nti, mmea a wogye awo no gyee mmofra nkwa (15-22)

  • 2

    • Wɔwoo Mose (1-4)

    • Farao babea faa Mose de no yɛɛ ne ba (5-10)

    • Mose guan kɔɔ Midian, na ɔwaree Sipora (11-22)

    • Onyankopɔn tee Israelfo no apinisi (23-25)

  • 3

    • Mose huu nwura a ɛredɛw no (1-12)

    • Yehowa kyerɛɛ ne din ase (13-15)

    • Yehowa maa Mose akwankyerɛ (16-22)

  • 4

    • Nsɛnkyerɛnne abiɛsa a ɔkae sɛ Mose nyɛ (1-9)

    • Mose tee nka sɛ ɔmfata (10-17)

    • Mose san kɔɔ Egypt (18-26)

    • Mose ne Aaron san kohyiae (27-31)

  • 5

    • Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim (1-5)

    • Nhyɛso no mu yɛɛ den (6-18)

    • Israelfo no de ho sobo bɔɔ Mose ne Aaron (19-23)

  • 6

    • Ɔsan hyɛɛ wɔn bɔ sɛ obegye wɔn (1-13)

      • Ná wɔnte Yehowa din no ase papa (2, 3)

    • Mose ne Aaron abusua santen (14-27)

    • Ɔkae sɛ Mose nsan nkɔ Farao anim (28-30)

  • 7

    • Yehowa hyɛɛ Mose den (1-7)

    • Aaron poma dan ɔwɔ kɛse (8-13)

    • Ɔhaw 1: nsu dan mogya (14-25)

  • 8

    • Ɔhaw 2: mpɔtorɔ (1-15)

    • Ɔhaw 3: ntummoa (16-19)

    • Ɔhaw 4: ahurii (20-32)

      • Ebi ankɔ Gosen asaase so (22, 23)

  • 9

    • Ɔhaw 5: nyɛmmoa wuwui (1-7)

    • Ɔhaw 6: mpɔmpɔ bobɔɔ nnipa ne mmoa (8-12)

    • Ɔhaw 7: asukɔtweaa (13-35)

      • Onyankopɔn bɛma Farao ahu ne tumi (16)

      • Yehowa bɛma nkurɔfo abɔ ne din (16)

  • 10

    • Ɔhaw 8: ntutummɛ (1-20)

    • Ɔhaw 9: esum (21-29)

  • 11

    • Ɔkae sɛ ɔhaw a ɛto so du bɛba (1-10)

      • Ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wommisa akyɛde (2)

  • 12

    • Wofii ase dii Twam no (1-28)

      • Wɔmfa mogya mfa apongua no ho (7)7)

    • Ɔhaw 10: wokum abakan biara (29-32)

    • Wɔn akwantu no mfiase (33-42)

    • Twam no ho ahyɛde (43-51)

  • 13

    • Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no yɛ Yehowa dea (1, 2)

    • Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no (3-10)

    • Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no, fa no ma Onyankopɔn (11-16)

    • Ɔmaa Israelfo de wɔn ani kyerɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho (17-20)

    • Omununkum dum ne ogya dum (21, 22)

  • 14

    • Israelfo no koduu ɛpo no ano (1-4)

    • Farao tiw Israelfo no (5-14)

    • Israelfo twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no (15-25)

    • Ɛpo no faa Egyptfo no (26-28)

    • Israelfo gyee Yehowa dii (29-31)

  • 15

    • Mose ne Israelfo too nkonim dwom (1-19)

    • Miriam gyee dwom no so (20, 21)

    • Ɔmaa nsu a ɛyɛ nwene yɛɛ dɛ (22-27)

  • 16

    • Nkurɔfo no nwiinwii wɔ aduan ho (1-3)

    • Yehowa tee wɔn anwiinwii no (4-12)

    • Wɔmaa wɔn mmoko ne mana (13-21)

    • Mana antɔ Homeda (22-30)

    • Wɔkoraa mana no bi so de yɛɛ nkae (31-36)

  • 17

    • Wonwiinwii wɔ Horeb sɛ wonnya nsu nnom (1-4)

    • Nsu fii ɔbotan mu bae (5-7)

    • Amalekfo bɛtow hyɛɛ wɔn so, nso wodii nkogu (8-16)

  • 18

    • Yetro ne Sipora baa sare no so (1-12)

    • Yetro tuu no fo sɛ ɔmpaw atemmufo (13-27)

  • 19

    • Wɔsoɛɛ Sinai Bepɔw anim (1-25)

      • Wɔkae sɛ Israel bɛyɛ ahemman a emufo yɛ asɔfo (5, 6)

      • Odwiraa ɔman no ho ma wɔkɔɔ Onyankopɔn anim (14, 15)

  • 20

    • Mmara Nsɛm Du no (1-17)

    • Nea Israelfo hui na wɔtee nti wɔbɔɔ hu (18-21)

    • Ɔsom ho akwankyerɛ (22-26)

  • 21

    • Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-36)

      • Hebrini a ɔyɛ akoa (2-11)

      • Obi a obepira ne yɔnko anaa obekum no (12-27)

      • Nea ɛfa mmoa ho (28-36)

  • 22

    • Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-31)

      • Korɔnbɔ ho mmara (1-4)

      • Obi a ɔbɛsɛe obi afuw mu nneɛma (5, 6)

      • Obi ade a akodi obi hɔ ne ade no wura (77-15)

      • Bradato (16, 17)

      • Ɔsom ne abrabɔ mu nsɛm (18-31)

  • 23

    • Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-19)

      • Nokwaredi ne atɛntrenee (1-9)

      • Homeda ne afahyɛ ho mmara (10-19)

    • Ɔkae sɛ ɔbɔfo bɛkyerɛ Israel kwan (20-26)

    • Asaase a wobenya ne n’ahye (27-33)

  • 24

    • Ɔman no kae sɛ wobedi Yehowa apam so (1-11)

    • Mose kɔɔ Sinai Bepɔw so (12-18)

  • 25

    • Ɔsom ntamadan no ho ntoboa (1-9)

    • Adaka no (10-22)

    • Ɔpon no (23-30)

    • Kaneadua no (31-40)

  • 26

    • Ɔsom ntamadan no (1-37)

      • Ɔsom ntamadan no ho ntama (1-14)

      • Ntamadan no nnua ne ne nnyinaso (15-30)

      • Ntwamutam ne nkataano no (31-37)

  • 27

    • Afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so (1-8)

    • Adiwo (9-19)

    • Ngo a wɔde begu kaneadua no mu (20, 21)

  • 28

    • Asɔfo ntaade (1-5)

    • Efɔd no (6-14)

    • Nkatabo no (15-30)

      • Urim ne Tumim (30)

    • Nsasin no (31-35)

    • Abotiri no ne ade tratraa a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no (36-39)

    • Asɔfo no ntaade a aka (40-43)

  • 29

    • Ɔkwan a wɔfaa so hyɛɛ wɔn asɔfo (1-37)

    • Afɔre a wɔbɔ no da biara (38-46)

  • 30

    • Aduhuam afɔremuka no (1-10)

    • Nnipa a wɔkan wɔn ne agyede sika (11-16)

    • Kɔbere sɛn a wɔde emu nsu hohoro wɔn ho (17-21)

    • Ɔsrango a wɔafra no yiye (22-33)

    • Sɛnea na wɔyɛ aduhuam kronkron no (34-38)

  • 31

    • Onyankopɔn honhom boaa wɔn a wɔyɛɛ nsaanodwuma no (1-11)

    • Homeda yɛ sɛnkyerɛnne a ɛda Onyankopɔn ne Israel ntam (12-17)

    • Abopon abien no (18)

  • 32

    • Wɔsom sika nantwi ba (1-35)

      • Mose tee sɛ wɔreto dwom soronko bi (17, 18)

      • Mose de abopon a mmara wɔ so no hwee hɔ ma ebubui (19)

      • Lewifo no gyinaa Yehowa afã (26-29)

  • 33

    • Onyankopɔn kaa wɔn anim (1-6)

    • Ná ahyiae ntamadan no wɔ asoɛe no akyi (7-11)

    • Mose srɛe sɛ Yehowa mma onhu n’anuonyam (12-23)

  • 34

    • Ɔyɛɛ abopon foforo (1-4)

    • Mose huu Yehowa anuonyam (5-9)

    • Apam no mu nsɛm no, wɔsan tii mu (10-28)

    • Mose anim hyerɛnee (29-35)

  • 35

    • Homeda ho akwankyerɛ (1-3)

    • Ɔsom ntamadan no ho ntoboa (4-29)

    • Honhom hyɛɛ Besalel ne Oholiab ma (30-35)

  • 36

    • Wonyaa ntoboa a ɛbɛso adwuma no ama ebi aka (1-7)

    • Wɔyɛɛ nneɛma a wɔde besi ɔsom ntamadan no (8-38)

  • 37

    • Wɔyɛɛ Adaka no (1-9)

    • Ɔpon no (10-16)

    • Kaneadua no (17-24)

    • Aduhuam afɔremuka no (25-29)

  • 38

    • Afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so (1-7)

    • Ɔsɛn a wɔde kɔbere ayɛ (8)

    • Adiwo (9-20)

    • Ɔhwɛe sɛ nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntamadan no aso anaa (21-31)

  • 39

    • Wɔyɛɛ asɔfo ntaade no (1)

    • Efɔd no (2-7)

    • Nkatabo no (8-21)

    • Nsasin no (22-26)

    • Asɔfo no ntaade a aka (27-29)

    • Sika kɔkɔɔ traa no (30, 31)

    • Mose hwɛɛ ɔsom ntamadan no ho biribiara sɛ eye anaa (32-43)

  • 40

    • Wosii ɔsom ntamadan no (1-33)

    • Yehowa anuonyam hyɛɛ ɔsom ntamadan no mu ma (34-38)