Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Samuel Nhoma a Ɛto So Abien

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Dawid tee sɛ Saul awu (1-16)

    • Dawid twaa Saul ne Yonatan ho awerɛhow dwom (17-27)

  • 2

    • Dawid bɛyɛɛ ɔhene wɔ Yuda so (1-7)

    • Is-Boset bɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel so (8-11)

    • Ntɔkwaw bɛdaa Saul fi ne Dawid fi ntam (12-32)

  • 3

    • Dawid fi kɔɔ so nyaa ahoɔden (1)

    • Dawid mma mmarima (2-5)

    • Abner kɔɔ Dawid afã (6-21)

    • Yoab kum Abner (22-30)

    • Dawid suu Abner (31-39)

  • 4

    • Wokum Is-Boset (1-8)

    • Dawid ma wokum awudifo no (9-12)

  • 5

    • Wosii Dawid hene wɔ Israel nyinaa so (1-5)

    • Ɔko faa Yerusalem (6-16)

      • Sion bɛyɛɛ Dawid Kurow (7)

    • Dawid dii Filistifo so nkonim (17-25)

  • 6

    • Wɔde Adaka no baa Yerusalem (1-23)

      • Ussa soo Adaka no mu na wokum no (6-8)

      • Mikal buu Dawid animtiaa (16, 20-23)

  • 7

    • Ɛnyɛ Dawid na obesi asɔrefi no (1-7)

    • Ɔne Dawid yɛɛ apam sɛ ɔbɛma n’ahenni atim (8-17)

    • Dawid aseda mpaebɔ (18-29)

  • 8

    • Dawid nkonimdi (1-14)

    • Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Dawid ahenni mu (15-18)

  • 9

    • Dawid daa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ Mefiboset (1-13)

  • 10

    • Wodii Ammonfo ne Siriafo so nkonim (1-19)

  • 11

    • Dawid ne Bat-Seba sɛee aware (1-13)

    • Dawid ma wokum Uria (14-25)

    • Dawid waree Bat-Seba (26, 27)

  • 12

    • Natan daa Dawid mfomso adi kyerɛɛ no (1-15a)

    • Bat-Seba ba no wui (15b-23)

    • Bat-Seba woo Solomon (24, 25)

    • Wɔko faa Ammonfo kurow Raba (26-31)

  • 13

    • Amnon too Tamar mmonnaa (1-22)

    • Absalom kum Amnon (23-33)

    • Absalom guan kɔɔ Gesur (34-39)

  • 14

    • Yoab ne Tekoani bea bi faa adwene (1-17)

    • Adwene a Yoab fae no, Dawid huu akyi (18-20)

    • Ɔmaa Absalom san bae (21-33)

  • 15

    • Absalom atirisopam ne pɔw bɔne a ɔbɔe (1-12)

    • Dawid guan fii Yerusalem (13-30)

    • Ahitofel kɔkaa Absalom ho (31)

    • Ɔsomaa Husai sɛ ɔnkɔsɛe Ahitofel afotu (32-37)

  • 16

    • Siba kɔsɛee Mefiboset din (5-14)

    • Simei domee Dawid (15-19)

    • Absalom gyee Husai toom (15-19)

    • Ahitofel afotu (20-23)

  • 17

    • Husai sɛee Ahitofel afotu (1-14)

    • Ɔbɔɔ Dawid kɔkɔ; Absalom nti oguanee (15-29)

      • Basilai ne ebinom brɛɛ no nneɛma (27-29)

  • 18

    • Absalom nkogudi ne ne wu (1-18)

    • Wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ Absalom awu (19-33)

  • 19

    • Dawid suu Absalom (1-4)

    • Yoab kaa Dawid anim (5-8a)

    • Dawid san baa Yerusalem (8b-15)

    • Simei srɛɛ bɔne fakyɛ (16-23)

    • Ɛbɛdaa adi sɛ Mefiboset nyɛɛ bɔne (24-30)

    • Ɔhyɛɛ Basilai anuonyam (31-40)

    • Akasakasa baa mmusuakuw no ntam (41-43)

  • 20

    • Saba tew atua; Yoab kum Amasa (1-13)

    • Wotiw Saba kotwaa ne ti (14-22)

    • Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Dawid ahenni mu (23-26)

  • 21

    • Wɔmaa Saul fifo tuaa bɔne a ɔde yɛɛ Gibeonfo no so ka (1-14)

    • Wɔne Filistifo no koe mpɛn pii (15-22)

  • 22

    • Onyankopɔn nkwagye nnwuma nti, Dawid yii no ayɛ (1-51)

      • “Yehowa ne me botan” (2)

      • Anokwafo na Yehowa di wɔn nokware (26)

  • 23

    • Dawid nsɛm a etwa to (1-7)

    • Nneɛma a Dawid akatakyi no tumi yɛe (8-39)

  • 24

    • Dawid yɛɛ bɔne sɛ ɔkan ɔman no (1-14)

    • Nsanyare a edi awu kunkum nnipa 70,000 (15-17)

    • Dawid sii afɔremuka (18-25)

      • Ɔremmɔ afɔre a ɔrentua hwee (24)