Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahene Nhoma a Edi Kan

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Dawid ne Abisag (1-4)

    • Ná Adoniya pɛ sɛ odi hene (5-10)

    • Natan ne Bat-Seba yɛɛ asɛm no ho biribi (11-27)

    • Dawid kae sɛ wɔnsra Solomon ma onni hene (28-40)

    • Adoniya guan kɔɔ afɔremuka no anim (41-53)

  • 2

    • Dawid maa Solomon akwankyerɛ (1-9)

    • Dawid wui; Solomon bedii hene (10-12)

    • Adoniya pɔw bɔne no de no kɔɔ owu mu (13-25)

    • Ɔpam Abiatar; okum Yoab (26-35)

    • Okum Simei (36-46)

  • 3

    • Solomon waree Farao babea (1-3)

    • Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon wɔ dae mu (4-15)

      • Solomon srɛɛ nyansa (7-9)

    • Solomon buu mmaatan baanu ntam atɛn (16-28)

  • 4

    • Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Solomon ahenni mu (1-19)

    • Nneɛma kɔɔ yiye wɔ Solomon ahenni mu (20-28)

      • Wɔtenaa wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase dwoodwoo (25)

    • Solomon nyansa ne mmɛ a obui (29-34)

  • 5

    • Ɔhene Hiram maa no nneɛma a ɔde besi dan (1-12)

    • Solomon faa apaafo ma wɔyɛɛ adwuma maa no (13-18)

  • 6

    • Solomon sii asɔrefi no (1-38)

      • Pia mu pia no (19-22)

      • Kerubim abien no (23-28)

      • Adwini, apon, adiwo a ɛwɔ mfinimfini no (29-36)

      • Ɔde mfe ason na esii asɔrefi no wiei (37, 38)

  • 7

    • Solomon ahemfi (1-12)

    • Hiram a ne ho akokwaw no boaa Solomon (13-47)

      • Kɔbere adum abien no (15-22)

      • Ɔsɛn kɛse a wɔfrɛ no Ɛpo no (23-26)

      • Trɔk ne asɛn du a ɔde kɔbere yɛe no (27-39)

    • Sika kɔkɔɔ nneɛma no, owiee ho adwuma (48-51)

  • 8

    • Ɔde Adaka no baa asɔrefi hɔ (1-13)

    • Solomon ne ɔman no kasae (14-21)

    • Solomon mpae a ɔde hyiraa asɔrefi no so (22-53)

    • Solomon hyiraa ɔman no (54-61)

    • Afɔre ne afahyɛ a wɔde hyiraa asɔrefi no so (62-66)

  • 9

    • Yehowa san yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (1-9)

    • Solomon akyɛde a ɔde maa Ɔhene Hiram (10-14)

    • Nneɛma akɛse a Solomon yɛe (15-28)

  • 10

    • Saba hemmaa bɛsraa Solomon (1-13)

    • Solomon nyaa ahonyade bebree (14-29)

  • 11

    • Solomon yerenom dan ne koma (1-13)

    • Ebinom sɔre tiaa Solomon (14-25)

    • Wɔkaa kyerɛɛ Yeroboam sɛ obenya mmusuakuw du (26-40)

    • Solomon wui; wosii Rehoboam hene (41-43)

  • 12

    • Rehoboam ne nkurɔfo no ankasa abodwo so (1-15)

    • Mmusuakuw du tew wɔn ho (16-19)

    • Wosii Yeroboam hene wɔ Israel so (20)

    • Wɔka kyerɛɛ Rehoboam sɛ mma ɔne Israel nnkɔko (21-24)

    • Yeroboam ma wɔsom nantwi mma (25-33)

  • 13

    • Wɔhyɛɛ nkɔm tiaa Betel afɔremuka no (1-10)

      • Afɔremuka no mu paee (5)

    • Onyankopɔn nipa no yɛɛ asoɔden (11-34)

  • 14

    • Ahiya hyɛɛ nkɔm tiaa Yeroboam (1-20)

    • Rehoboam bedii Yuda so (21-31)

      • Sisak bɛtow hyɛɛ wɔn so (25, 26)

  • 15

    • Yuda hene Abiam ahenni (1-8)

    • Yuda hene Asa ahenni (9-24)

    • Israel hene Nadab ahenni (25-32)

    • Israel hene Baasa ahenni (33, 34)

  • 16

    • Yehowa atemmusɛm a etia Baasa (1-7)

    • Israel hene Ela ahenni (8-14)

    • Israel hene Simri ahenni (15-20)

    • Israel hene Omri ahenni (21-28)

    • Israel hene Ahab ahenni (29-33)

    • Hiel san kyekyee Yeriko (34)

  • 17

    • Odiyifo Elia hyɛɛ nkɔm sɛ osu rentɔ (1)

    • Nkwaakwaadabi brɛɛ Elia aduan (2-7)

    • Elia kɔsraa ɔbea kunafo bi wɔ Sarefat (8-16)

    • Okunafo no ba wui ma onyan no (17-24)

  • 18

    • Elia kohyiaa Obadia ne Ahab (1-18)

    • Elia ne Baal adiyifo no de pem so wɔ Karmel (19-40)

      • ‘Wɔn adwene hinhim wɔ asɛm no mu’ (21)

    • Mfe abiɛsa ne fã a osu antɔ no baa awiei (41-46)

  • 19

    • Yesebel abufuw nti, Elia guanee (1-8)

    • Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Elia wɔ Horeb (9-14)

    • Wɔka kyerɛɛ Elia sɛ ɔnkɔsra Hasael, Yehu, ne Elisa (15-18)

    • Wɔpaw Elisa sɛ onsi Elia ananmu (19-21)

  • 20

    • Siriafo ne Ahab bɛkoe (1-12)

    • Ahab dii Siriafo so nkonim (13-34)

    • Wɔhyɛɛ nkɔm tiaa Ahab (35-43)

  • 21

    • Ahab ani beree Nabot bobefuw (1-4)

    • Yesebel bɔɔ pɔw ma wokum Nabot (5-16)

    • Asɛm a Elia ka tiaa Ahab (17-26)

    • Ahab brɛɛ ne ho ase (27-29)

  • 22

    • Yehosafat ne Ahab kaa wɔn ti boom (1-12)

    • Mikaia hyɛɛ nkɔm sɛ wobedi nkogu (13-28)

      • Atoro honhom bi na ɛdaadaa Ahab (21, 22)

    • Wokum Ahab wɔ Ramot-Gilead (29-40)

    • Yuda hene Yehosafat ahenni (41-50)

    • Israel hene Ahasia ahenni (51-53)