Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Esra Nhoma No

Ti Ahorow

1 2 3 4 5 6 7 8 9 10

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wonsi asɔrefi no (1-4)

    • Ahoboa a wɔde befi Babilon asan aba wɔn man mu (5-11)

  • 2

    • Nnipa a wɔsan baa wɔn man mu no din (1-67)

      • Asɔrefi asomfo (43-54)

      • Solomon nkoa no mma (55-57)

    • Wɔde ayamye afɔre bɛboaa asɔrefi no (68-70)

  • 3

    • Wosii afɔremuka no, na wofii ase bɔɔ afɔre wɔ so (1-6)

    • Wofii ase sii asɔrefi no (7-9)

    • Wɔtoo asɔrefi no fapem (10-13)

  • 4

    • Bere a wɔresi asɔrefi no, nkurɔfo teetee wɔn (1-6)

    • Atamfo kɔbɔɔ wɔn sobo wɔ Ɔhene Artasasta anim (7-16)

    • Artasasta maa asɛm no ho mmuae (17-22)

    • Ɔma wogyaee adwuma no (23, 24)

  • 5

    • Yudafo no san fii ase sii asɔrefi no (1-5)

    • Tatenai de krataa kɔmaa Ɔhene Dario (6-17)

  • 6

    • Dario hwehwɛɛ asɛm no mu na ɔhyɛɛ mmara (1-12)

    • Wowiee asɔrefi no na wobuee ano (13-18)

    • Wodii Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no (19-22)

  • 7

    • Esra beduu Yerusalem (1-10)

    • Artasasta kyerɛw krataa kɔmaa Esra (11-26)

    • Esra yii Yehowa ayɛ (27, 28)

  • 8

    • Wɔn a wɔne Esra san bae no din (1-14)

    • Ahoboa a wɔyɛ maa akwantu no (15-30)

    • Wosiim fii Babilon na wokoduu Yerusalem (31-36)

  • 9

    • Israelfo warewaree aman foforo so nnipa (1-4)

    • Esra bɔɔ mpae kaa ɔman no bɔne (5-15)

  • 10

    • Wɔyɛɛ apam sɛ wɔbɛpam aman foforo so mmea no (1-14)

    • Wɔpam aman foforo so mmea no (15-44)