Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hiob Nhoma No

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Ná Hiob ho nni asɛm, na na ɔwɔ agyapade (1-5)

    • Satan kae sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Onyankopɔn (6-12)

    • Hiob agyapade sɛee, na ne mma wuwui (13-19)

    • Hiob ammɔ Onyankopɔn sobo (20-22)

  • 2

    • Satan san kae sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Yehowa (1-5)

    • Yehowa maa Satan kwan sɛ obetumi de ne nsa aka Hiob nipadua (6-8)

    • Hiob yere kae sɛ: “Dome Onyankopɔn na wu!” (9, 10)

    • Hiob nnamfo baasa baa ne nkyɛn (11-13)

  • 3

    • Hiob kae sɛ onyae a anka wɔanwo no (1-26)

      • Obisaa nea enti a ɔrehu amane (20, 21)

  • 4

    • Elifas asɛm a edi kan (1-21)

      • Ɔserew Hiob wɔ ne nokwaredi ho (7, 8)

      • Ɔkaa asɛm a honhom bi ka kyerɛɛ no kyerɛɛ Hiob (12-17)

      • ‘Onyankopɔn nni gyidi biara wɔ n’asomfo mu’ (18)

  • 5

    • Elifas asɛm a edi kan no ntoaso (1-27)

      • ‘Afiri a anyansafo de wɔn anitew asum no, Onyankopɔn ma eyi wɔn ankasa’ (13)

      • ‘Ɛsɛ sɛ Hiob hwɛ na wampo Onyankopɔn nteɛso’ (17)

  • 6

    • Hiob anoyi (1-30)

      • Ɔkae sɛ, ne su a ɔresu no, ntease wom (2-6)

      • N’awerɛkyekyefo no yɛ nnaadaafo (15-18)

      • “Asɛm a ɛyɛ nokware de, ɛnyɛ yaw!” (25)

  • 7

    • Hiob anoyi no ntoaso (1-21)

      • Nnipa asetena te sɛ nkoasom (1, 2)

      • “Adɛn nti na woatu w’ani asi me so?” (20)

  • 8

    • Bildad asɛm a edi kan (1-22)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob mma no ayɛ bɔne (4)

      • ‘Sɛ woyɛ obi a wo ho tew a, anka Onyankopɔn bɛbɔ wo ho ban’ (6)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo (13)

  • 9

    • Hiob anoyi (1-35)

      • Onipa dasani rentumi ne Onyankopɔn ntwe manso (2-4)

      • ‘Onyankopɔn yɛ nneɛma a ɛboro yɛn ntease so’ (10)

      • Obiara nni hɔ a obetumi ne Onyankopɔn ayiyi nsɛm ano (32)

  • 10

    • Hiob anoyi no ntoaso (1-22)

      • ‘Adɛn nti na Onyankopɔn ne me redi?’ (2)

      • Onyankopɔn nte sɛ onipa Hiob (4-12)

      • ‘Ɔmma me ho ntɔ me kakra’ (20)

  • 11

    • Sofar asɛm a edi kan (1-20)

      • Ɔkae sɛ Hiob ka kasa hunu (2, 3)

      • Ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ onnyae bɔne (14)

  • 12

    • Hiob anoyi (1-25)

      • “Monkyɛn me” (3)

      • “Me ho ayɛ serew” (4)

      • ‘Onyankopɔn na nyansa wɔ no’ (13)

      • Onyankopɔn korɔn kyɛn atemmufo ne ahemfo (17, 18)

  • 13

    • Hiob anoyi no ntoaso (1-28)

      • ‘Mepɛ sɛ me ne Onyankopɔn kasa’ (3)

      • “Moyɛ ayaresafo hunu” (4)

      • “Minim sɛ midi bem” (18)

      • Obisaa nea enti a Onyankopɔn bu no sɛ ɔtamfo (24)

  • 14

    • Hiob anoyi no ntoaso (1-22)

      • Onipa nkwa nna yɛ tiaa, na ɔhaw ahyɛ mu ma (1)

      • “Dua mpo, anidaso wɔ hɔ ma no” (7)

      • ‘O, minyae a anka wode me asie Ɔdamoa mu!’ (13)

      • “Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?” (14)

      • Onyankopɔn ani begyina ne nsa ano adwuma (15)

  • 15

    • Elifas asɛm a ɛto so abien (1-35)

      • Ɔkae sɛ Hiob de Onyankopɔn suro ato nkyɛn (4)

      • Ɔkae sɛ Hiob yɛ aniammɔnho (7-9)

      • ‘Onyankopɔn nnye n’akronkronfo nni’ (15)

      • ‘Abɔnefo na ehu amane’ (20-24)

  • 16

    • Hiob anoyi (1-22)

      • “Mo nyinaa moyɛ gyamserefo!” (2)

      • Ɔkae sɛ Onyankopɔn atu n’ani asi no so (12)

  • 17

    • Hiob anoyi no ntoaso (1-16)

      • “Afɛwdifo atwa me ho ahyia” (2)

      • “Wama mayɛ animguase nipa” (6)

      • “Ɔdamoa na ɛbɛyɛ me fi” (13)

  • 18

    • Bildad asɛm a ɛto so abien (1-21)

      • Ɔkaa nea ɛbɛto abɔnefo (5-20)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob nnim Onyankopɔn (21)

  • 19

    • Hiob anoyi (1-29)

      • Ɔkae sɛ, twiw a ne “nnamfo” no retwiw n’anim no, onnye ntom (1-6)

      • Ɔkae sɛ obiara agyaw no hɔ (13-19)

      • “Me gyefo te ase” (25)

  • 20

    • Sofar asɛm a ɛto so abien (1-29)

      • Ɔte nka sɛ Hiob adidi no atɛm (2, 3)

      • Ɔrepɛ akyerɛ sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo (5)

      • Ɔkae sɛ bɔne yɛ Hiob dɛ (12, 13)

  • 21

    • Hiob anoyi (1-34)

      • ‘Adɛn nti na abɔnefo di yiye?’ (7-13)

      • Ɔmaa obiara huu sɛnea “n’awerɛkyekyefo” no te (27-34)

  • 22

    • Elifas asɛm a ɛto so abiɛsa (1-30)

      • ‘Onipa so betumi aba mfaso ama Onyankopɔn anaa?’ (2, 3)

      • Ɔbɔɔ Hiob sobo sɛ ɔyɛ odifudepɛfo a osisi nkurɔfo (6-9)

      • ‘San bra Onyankopɔn nkyɛn, na wobɛsan asi wo dedaw mu’ (23)

  • 23

    • Hiob anoyi (1-17)

      • Ɔpɛ sɛ ɔka n’asɛm wɔ Onyankopɔn anim (1-7)

      • Ɔkae sɛ onhu Onyankopɔn (8, 9)

      • ‘Mefaa ne kwan so, na mamman amfi ho’ (11)

  • 24

    • Hiob anoyi no ntoaso (1-25)

      • ‘Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛɛ bere ntoo hɔ?’ (1)

      • Ɔkae sɛ Onyankopɔn pene nsɛmmɔnedi so (12)

      • Abɔnefo pɛ sum (13-17)

  • 25

    • Bildad asɛm a ɛto so abiɛsa (1-6)

      • ‘Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ayɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn anim?’ (4)

      • Ɔkae sɛ onipa di nokware a, mfaso biara nni so (5, 6)

  • 26

    • Hiob anoyi (1-14)

      • “Aa! Woaboa nea onni tumi ampa!” (1-4)

      • ‘Onyankopɔn de asaase asɛn hɔ a biribiara nkura mu’ (7)

      • ‘Onyankopɔn nnwuma a wayɛ no, emu nketewa ni’ (14)

  • 27

    • Hiob asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so abɔ bra a edi mu (1-23)

      • “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu” (5)

      • Abɔnefo nni anidaso (8)

      • “Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?” (12)

      • Biribiara renka mma abɔnefo (13-23)

  • 28

    • Hiob de asaase mu agude toto nyansa ho (1-28)

      • Nea onipa yɛ de tu asaase mu agude (1-11)

      • Nyansa som bo sen nhene (18)

      • Yehowa suro, ɛno paa ne nyansa (28)

  • 29

    • Hiob kaee nna a odii dɛw ansa na n’amanehunu no reba no (1-25)

      • Ná obiara bu no wɔ kurow pon no ano (7-10)

      • Ná n’atɛntrenee te sɛ ataade (11-17)

      • Obiara tiee n’afotu (21-23)

  • 30

    • Hiob kaa sɛnea n’asetena asesa (1-31)

      • Nnipa hunu serew no (1-15)

      • Ná ɛyɛ no sɛ n’asɛm mfa Onyankopɔn ho (220, 21)

      • “Me were ayɛ tumm” (30)

  • 31

    • Hiob kae sɛ asɛm biara nni ne ho (1-40)

      • “Me ne m’ani ayɛ apam” (1)

      • Ɔkae sɛ Onyankopɔn nkari no nsenia mu (6)

      • Ɔkae sɛ ɔnyɛ ɔwaresɛefo (9-12)

      • Ɔkae sɛ ɔnyɛ sikanibere (24, 25)

      • NƆkae sɛ ɔnyɛ ɔbosonsonni (26-28)

  • 32

    • Aberante Elihu de n’ano too asɛm no mu (1-22)

      • Ne bo fuw Hiob ne Hiob nnamfo no (2, 3)

      • Ɔde obu twɛnee ansa na ɔrekasa (6, 7)

      • Ɛnyɛ mfe nko ara na ɛma nyansa (9)

      • Elihu repɛ ntɛm akasa (18-20)

  • 33

    • Hiob buu ne ho sɛ ɔteɛ, enti Elihu kaa n’anim (1-33)

      • Manya agyede (24)

      • Ɔbɛsan anya ne mmabunbere mu ahoɔden no bio (25)

  • 34

    • Elihu kae sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee, na n’akwan teɛ (1-37)

      • Hiob kae sɛ Onyankopɔn abu no atɛnkyea (5)

      • Nokware Nyankopɔn no rentumi nyɛ bɔne da (10)

      • Hiob nni nimdeɛ (35)

  • 35

    • Elihu maa Hiob hui sɛ nea ɔreka no nyɛ nokware (1-16)

      • Hiob kae sɛ ɔteɛ sen Onyankopɔn (2)

      • Onyankopɔn wɔ sorosoro; woyɛ bɔne a ɛnka no (5, 6)

      • Ɛsɛ sɛ Hiob twɛn Onyankopɔn (14)

  • 36

    • Elihu kae sɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kɛse no, yɛrentumi nhwehwɛ mu (1-33)

      • Wɔn a wɔyɛ osetie no, esi wɔn yiye; ɔpo abɔnefo (11-13)

      • ‘Ɔkyerɛkyerɛfo bɛn na ɔte sɛ Onyankopɔn?’ (22)

      • Ɛsɛ sɛ Hiob kamfo Onyankopɔn (24)

      • “Sɛnea Onyankopɔn yɛ kɛse no, ɛboro yɛn ntease so” (26)

      • Onyankopɔn wɔ osu a ɛtɔ ne anyinam so tumi (27-33)

  • 37

    • Osutɔ, anyinam, aprannaa nyinaa ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse (1-24)

      • Onyankopɔn betumi ama nnipa agyae adwuma a wɔyɛ (7)

      • “Dwinnwen Onyankopɔn anwonwadwuma ho” (14)

      • Sɛnea Onyankopɔn te no, ɛyɛ den sɛ nnipa bɛte ase (23)

      • Ɛnsɛ sɛ onipa biara dwen sɛ onim nyansa (24)

  • 38

    • Yehowa kaa nsɛm bi a ɛma yehu sɛ nnipa sua koraa (1-41)

      • ‘Bere a merebɔ asaase no, na wowɔ he?’ (4-6)

      • Onyankopɔn mma bɔɔ ose (7)

      • Obisaa no nneɛma bi te sɛ aprannaa, anyinam ne omununkum ho asɛm (7)

      • “Mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wim” (33)

  • 39

    • Mmoa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no ma yehu sɛ nnipa nnim hwee (1-30)

      • Abotan so mpɔnkye ne ɔwansan (1-4)

      • Sare so afurum (5-8)

      • Ɛkoɔ (9-12)

      • Sohori (13-18)

      • Ɔpɔnkɔ (19-25)

      • Akorɔma ne ɔkɔre (26-30)

  • 40

    • Yehowa bisaa no nsɛm foforo (1-24)

      • Hiob gye toom sɛ onni hwee ka (3-5)

      • “Wubetumi anya asɛm aka wɔ m’atɛntrenee ho anaa?” (8)

      • Onyankopɔn kaa sɛnea Behemot wɔ ahoɔden (15-24)

  • 41

    • Onyankopɔn kaa Lewiatan a ne ho yɛ nwonwa no ho asɛm (1-34)

  • 42

    • Hiob anoyi a ɔde maa Yehowa (1-6)

    • Obuu ne nnamfo baasa no fɔ (7-9)

    • Yehowa ma esii Hiob yiye bio (10-17)

      • Hiob mma mmea ne ne mma mmarima (13-15)