Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmebusɛm Nhoma No

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Nea enti a wɔkyerɛw mmebusɛm no (1-7)

    • Asiane a ɛwɔ fekubɔne mu (8-19)

    • Nyansa teɛm wɔ mmorɔn so (20-33)

  • 2

    • Nyansa so mfaso (1-22)

      • Hwehwɛ nyansa te sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie (4)

      • Nyansa bɛbɔ wo ho ban (11)

      • Aguamammɔ de amanehunu ba (16-19)

  • 3

    • Yɛ onyansafo, na fa wo ho to Yehowa so (1-12)

      • Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam (9)

    • Nyansa ma yɛn ani gye (13-18)

    • Nyansa bɔ yɛn ho ban (19-26)

    • Sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne nnipa tena (27-35)

      • Bere biara a wubetumi no, yɛ nkurɔfo papa (27)

  • 4

    • Agya bi akwankyerɛ pa (1-27)

      • Hwehwɛ nyansa sen biribi foforo biara (7)

      • Twe wo ho fi abɔnefo kwan so (14, 15)

      • Atreneefo kwan hyerɛn nkakrankakra (18)

      • “Bɔ wo koma ho ban” (23)

  • 5

    • Hwɛ yiye wɔ mmea a wɔn bra asɛe ho (1-14)

    • Wo ne wo yere ani nnye (15-23)

  • 6

    • Nni wo yɔnko anim mma onnkogye bosea (1-5)

    • “Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn” (6-11)

    • Onipahunu ne onipabɔnefo (12-15)

    • Nneɛma ason a Yehowa kyi (16-19)

    • Hwɛ wo ho yiye wɔ ɔbea bɔne ho (20-35)

  • 7

    • Di Onyankopɔn mmara so na nya nkwa (1-5)

    • Aberante gyimifo bi; ɔbea bi de n’ano dɛdɛɛdɛ nyaa no (6-27)

      • ‘Ɔte sɛ nantwi a wɔrekokum no’ (22)

  • 8

    • Nyansa kasa te sɛ onipa (1-36)

      • ‘Onyankopɔn bɔɔ me de fii n’adwuma ase’ (22)

      • ‘Ná mewɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa’ (30)

      • “Nnipa mma na na wɔda me koma so” (31)

  • 9

    • Nyansa to nsa frɛ nkurɔfo (1-12)

      • “Me na mɛma wo nna ayɛ bebree” (11)

    • Ɔbea kwasea to nsa frɛ nkurɔfo (13-18)

      • “Nsu a wɔawia yɛ dɛ” (17)

  • SOLOMON MMEBUSƐM (10:1–24:34)

    • 10

      • Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye (1)

      • Mmɔdenbɔfo nsa de ahonyade na ɛba (4)

      • Mfomso mpa kasa dodow mu (19)

      • Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo (22)

      • Yehowa suro ma nkwa tenten (27)

    • 11

      • Nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte (2)

      • Ɔwaefo sɛe nkurɔfo (9)

      • “Afotufo dodow na ɛma nneɛma kɔ yiye” (14)

      • Onipa a ne yam ye no, ebesi no yiye (25)

      • Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no, ɔbɛhwe ase (28)

    • 12

      • Nea ɔtan ɔkasakyerɛ no nni adwene (1)

      • “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi” (18)

      • Wɔn a wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran ani gye (20)

      • Ano a ɛnka nokware yɛ Yehowa akyiwade (22)

      • Onipa komam dadwen ma ne koma botow (25)

    • 13

      • Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no nim nyansa (10)

      • Anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare (12)

      • Obi a wɔasoma no a odi nokware de ayaresa ba (17)

      • Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo (20)

      • Nteɛso kyerɛ ɔdɔ (24)

    • 14

      • Koma na enim n’awerɛhow (10)

      • Ɔkwan a ɛteɛ onipa ani so tumi kowie owu mu (12)

      • Ogyimifo gye asɛm biara di (15)

      • Osikani nnamfo dɔɔso (20)

      • Koma a edwo ma nipadua nya nkwa (30)

    • 15

      • Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa (1)

      • Yehowa ani wɔ baabiara (3)

      • Onyankopɔn ani gye atreneefo mpaebɔ ho (8)

      • Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛe nyɛ yiye (22)

      • Dwen ansa na woama mmuae (28)

    • 16

      • Yehowa hwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu (2)

      • Fa wo nnwuma hyɛ Yehowa nsa (3)

      • Nsenia a edi mu fi Yehowa hɔ (11)

      • Ahantan di ɔsɛe anim (18)

      • Eti so dwen yɛ ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ (31)

    • 17

      • Mfa bɔne ntua papa so ka (13)

      • Akasakasa nnya mfii ase no, twa so kɔ (14)

      • Adamfo pa kyerɛ ne dɔ bere nyinaa (17)

      • “Anigye koma yɛ aduru papa” (22)

      • Onipa a ɔwɔ nhumu hwɛ ne nsɛm yiye (27)

    • 18

      • Obiara a ɔtew ne ho no, nea ɔno ara pɛ na odi akyi, na onnim nyansa (1)

      • Yehowa din yɛ abannennen (10)

      • Ahonyade yɛ ahobammɔ wɔ nnipa ani so (11)

      • Eye sɛ wubetie afanu nyinaa (17)

      • Adamfo bi wɔ hɔ a, ɔntwe ne ho da; ɔkyɛn onua mpo (24)

    • 19

      • Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase (11)

      • Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwaw te sɛ ɔdan a enwini (13)

      • Ɔyere badwemma fi Yehowa (14)

      • Bere a anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba (18)

      • Nyansa wom sɛ wubetie afotu (20)

    • 20

      • Nsã yɛ ɔfɛwdifo (1)

      • Ɔkwadwofo mfuntum asaase awɔwbere (4)

      • Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ (5)

      • Hwɛ yiye na woampere wo ho anka ntam (25)

      • Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden (29)

    • 21

      • Yehowa dan ɔhene koma kɔ baabiara a ɔpɛ (1)

      • Nea ɛteɛ ye sen afɔrebɔ (3)

      • Nea ɔyɛ nsi no, ebewie no yiye (5)

      • Nea ontie mmɔborɔwafo su no, ɔno nso wɔrentie no (13)

      • Nyansa biara nni hɔ a ebetumi ne Yehowa adi asi (30)

    • 22

      • Din pa ye sen ahonyade pii (1)

      • Kyerɛkyerɛ abofra fi ne mmofraase; onyin a, ɔremfi ho (6)

      • Ɔkwadwofo suro sɛ gyata wɔ abɔnten (13)

      • Nteɛso yi agyimisɛm fi hɔ (15)

      • Onipa a n’adwuma ho twa no, ahemfo na ɔbɛsom wɔn (29)

    • 23

      • Obi to nsa frɛ wo a, dwen ho yiye (2)

      • Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade (4)

      • Ahonyade betumi atu akɔ (5)

      • Nkɔka wɔn a wɔnom nsã pii ho (20)

      • Nsã ka te sɛ ɔwɔ (32)

    • 24

      • Mma w’ani mmmere abɔnefo (1)

      • Nyansa na wɔde si fie (3)

      • Ɔtreneeni bɛhwe ase, nanso ɔbɛsɔre (16)

      • Mfa bɔne ntua bɔne ka (29)

      • Nkotɔ ne ohia na ɛnam (33, 34)

  • SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA KYERƐWEE (25:1–29:27)

    • 25

      • Kokoam nsɛm (9)

      • Nsɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu (11)

      • Ntaa nkɔ wo yɔnko fie (17)

      • Boaboa nnyansramma ano gu wo tamfo apampam (21, 22)

      • Amanneɛbɔ pa te sɛ nsuonwini (25)

    • 26

      • Akwadwofo suban (13-16)

      • Mfa w’ano nto obi ntɔkwaw mu (17)

      • Mfa nneɛma bi nni agoru (18, 19)

      • Anyina nni hɔ a, ogya dum (20, 21)

      • Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ (22)

    • 27

      • Adamfo kasakyerɛ de mfaso ba (5, 6)

      • Me ba, ma me koma ntɔ me yam (11)

      • Dade sew dade ano (17)

      • Hu wo nguan (23)

      • Ahonyade rentena hɔ daa (24)

    • 28

      • Nea ontie mmara no, ne mpaebɔ yɛ akyiwade (9)

      • Nea ɔka ne mmarato no, wobehu no mmɔbɔ (13)

      • Nea ɔrepɛ ntɛm anya ne ho no, ɔremfa ne ho nni (20)

      • Ɔkasakyerɛ ye sen adɛfɛdɛfɛ (23)

      • Nea oyi ne yam kyɛ ade no, hwee renhia no (27)

    • 29

      • Abofra a wogyaa no ma ɔyɛ nea ɔpɛ no, ɔde animguase ba (15)

      • Anisoadehu nni hɔ a, ɔmanfo yɛ nea wɔpɛ (18)

      • Onipa a ne bo afuw ma ntɔkwaw ba (22)

      • Onipa a ɔbrɛ ne ho ase no, obenya anuonyam (23)

      • Onipa ho suro yɛ afiri (25)

  • 30

    • AGUR NSƐM (1-33)

      • Mma me ohia anaa ahonyade (8)

      • Nneɛma a ɛmmee da (15, 16)

      • Nneɛma a wunhu akyi kwan (18, 19)

      • Ɔbea waresɛefo (20)

      • Mmoa a wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu (24)

  • 31

    • ƆHENE LEMUEL NSƐM (1-31)

      • Ɔyere pa, hena na obenya? (10)

      • Ɔpɛ adwuma, na ɔyɛ adwumaden (17)

      • Ayamye wɔ ne tɛkrɛma so (26)

      • Ne mma ne ne kunu yi no ayɛ (28)

      • Ahoɔfɛ twam ntɛm (30)