Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesaia Nhoma No

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Agya bi ne ne mma atuatewfo (1-9)

    • Yehowa kyi ɔsom a emfi koma mu (10-17)

    • “Momma yɛntoto nneɛma yiye” (18-20)

    • Wɔbɛsan ama Sion ayɛ kurow nokwafo (21-31)

  • 2

    • Wɔbɛma Yehowa bepɔw so (1-5)

      • Mfoa bɛyɛ nsɔw (4)

    • Yehowa da no bɛbrɛ ahantanfo ase (6-22)

  • 3

    • Yuda akwankyerɛfo ma ɔman no fom kwan (1-15)

    • Wobu Sion mma mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ mmarima no atɛn (16-26)

  • 4

    • Mmea baason besuso ɔbarima baako mu (1)

    • Nea Yehowa bɛma afifi no benya anuonyam (2-6)

  • 5

    • Yehowa bobefuw ho dwom (1-7)

    • Yehowa bobefuw no nnue (8-24)

    • Onyankopɔn bo fuw ne man (25-30)

  • 6

    • Yehowa ho anisoadehu; ɔwɔ n’asɔrefi (1-4)

      • ‘Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa’ (3)

    • Wɔtew Yesaia ano ho (5-7)

    • Wɔsoma Yesaia (8-10)

      • “Mini! Soma me!” (8)

    • “O Yehowa, enkosi da bɛn?” (11-13)

  • 7

    • Asɛm a wɔka kyerɛɛ Ɔhene Ahas (1-9)

      • Sear-Yasub (3)

    • Imanuel ho sɛnkyerɛnne (10-17)

    • Asoɔden so nsunsuanso (18-25)

  • 8

    • Asiriafo bɛba abɛtow ahyɛ wɔn so (1-8)

      • Maha-salal-has-bas (1-4)

    • Munnsuro—“Onyankopɔn ka yɛn ho!” (9-17)

    • Wɔde Yesaia ne ne mma yɛ nsɛnkyerɛnne (18)

    • Monhwehwɛ mmara no, ɛnyɛ ahonhommɔne (19-22)

  • 9

    • Hann kɛse apue wɔ Galilea asaase so (1-7)

      • Wɔawo “Asomdwoe Hene” no (6, 7)

    • Onyankopɔn ma ne nsa so tia Israel (8-21)

  • 10

    • Onyankopɔn ma ne nsa so tia Israel 1-4)

    • Asiria—​Onyankopɔn abufuw abaa (5-11)

    • Asiria asotwe (12-19)

    • Yakob nkaefo bi bɛsan aba (20-27)

    • Onyankopɔn bebu Asiria atɛn (28-34)

  • 11

    • Yese dubaa no trenee ahenni (1-10)

      • Pataku ne oguan ba bɛbom atena (6)

      • Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma (9)

    • Wɔbɛsan de nkaefo bi aba (11-16)

  • 12

    • Aseda nnwom (1-6)

      • “Yah Yehowa ne m’ahoɔden” (2)

  • 13

    • Babilon ho atemmusɛm (1-22)

      • Yehowa da no abɛn! (6)

      • Mediafo betu Babilon agu (17)

      • Obiara rentena Babilon bio da (20)

  • 14

    • Israelfo bɛtena wɔn ankasa asaase so (1, 2)

    • Wɔbɔ Babilon hene akutia (3-23)

      • Nea ɔhyerɛn no befi soro abɛhwe fam (12)

    • Yehowa nsa bebubu Asiriani no (24-27)

    • Filistia ho atemmusɛm (28-32)

  • 15

    • Moab ho atemmusɛm (1-9)

  • 16

    • Moab ho atemmusɛm no ntoaso (1-14)

  • 17

    • Damasko ho atemmusɛm (1-11)

    • Yehowa bɛka aman no anim (12-14)

  • 18

    • Etiopia ho atemmusɛm (1-7)

  • 19

    • Egypt ho atemmusɛm (1-15)

    • Egyptfo behu Yehowa (16-25)

      • Wobesi afɔremuka ama Yehowa wɔ Egypt (19)

  • 20

    • Nea ɛbɛba Egypt ne Etiopia so ho sɛnkyerɛnne (1-6)

  • 21

    • Ɛpo sare ho atemmusɛm (1-10)

      • Migyina ɔwɛn aban so rewɛn (8)

      • “Babilon ahwe ase!” (9)

    • Duma ne asaase pradadaa ho atemmusɛm (11-17)

      • “Ɔwɛmfo, da bɛn na ade bɛkye?” (11)

  • 22

    • Anisoadehu Bon ho atemmusɛm (1-14)

    • Eliakim si ofiehwɛfo Sebna anan (15-25)

      • Dua a wɔasen ano (23-25)

  • 23

    • Tiro ho atemmusɛm (1-18)

  • 24

    • Yehowa bɛpra obiara afi asaase no so (1-23)

      • Yehowa abɛyɛ Ɔhene wɔ Sion (23)

  • 25

    • Onyankopɔn nkurɔfo benya nhyira bebree (1-12)

      • Yehowa de nsã pa bɛtow pon (6)

      • Owu nni hɔ bio (8)

  • 26

    • Ahotoso ne nkwagye dwom (1-21)

      • Yah Yehowa ne daa Botan no (4)

      • Asaase sofo besua adetrenee (9)

      • “W’awufo benya nkwa” (19)

      • Monkɔhyɛ mpia mu na momfa mo ho nsie (20)

  • 27

    • Yehowa kum Lewiatan (1)

    • Wɔde Israel toto bobefuw ho wɔ dwom mu (2-13)

  • 28

    • Efraim asabofo nnue! (1-6)

    • Yuda asɔfo ne adiyifo de wɔn ti pempem (7-13)

    • “Yɛne Owu ayɛ apam” (14-22)

      • Sion ntwea so bo a ne bo yɛ den (16)

      • Yehowa anwonwadwuma (21)

    • Mfatoho a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nteɛso yɛ papa (23-29)

  • 29

    • Due Ariel! (1-16)

      • Ɔmpɛ anofafa som (13)

    • Wɔn a wɔn aso asiw bɛte asɛm; anifuraefo behu ade (17-24)

  • 30

    • Nea Egyptfo yɛ de boa no, mfaso biara nni so (1-7)

    • Nkurɔfo po nkɔmhyɛ asɛm no (8-14)

    • Mode mo ho to me so a, mubenya ahoɔden (15-17)

    • Yehowa dom ne nkurɔfo (18-26)

      • Yehowa ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no (20)

      • “Ɔkwan no ni” (21)

    • Yehowa bebu Asiria atɛn (27-33)

  • 31

    • Onyankopɔn ne boafo, ɛnyɛ nnipa (1-9)

      • Egypt apɔnkɔ yɛ honam (3)

  • 32

    • Ɔhene bi ne abirɛmpɔn bedi tumi wɔ atɛntrenee mu (1-8)

    • Wɔbɔ mmea a wɔn ho atɔ wɔn kɔkɔ (9-14)

    • Nhyira a ɛbɛba bere a wɔahwie honhom no afi soro (15-20)

  • 33

    • Atemmu; atreneefo anidaso (1-24)

      • Yehowa yɛ Ɔtemmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene (22)

      • Obiara renka sɛ: “Meyare” (24)

  • 34

    • Yehowa betua aman no so ka (1-4)

    • Edom bɛyɛ amamfo (5-17)

  • 35

    • Paradise bɛsan aba (1-7)

      • Anifuraefo behu ade; wɔn a wɔn aso asiw bɛte asɛm (5)

    • Wɔn a wɔagye wɔn no bɛfa Ɔkwan Kronkron so (8-10)

  • 36

    • Senaherib tow hyɛ Yuda so (1-3)

    • Rabsake twa Yehowa adapaa (4-22)

  • 37

    • Hesekia fa Yesaia so hwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa (1-7)

    • Senaherib hunahuna Yerusalem (8-13)

    • Hesekia mpaebɔ (14-20)

    • Yesaia de Onyankopɔn mmuae to gua (21-35)

    • Ɔbɔfo baako kunkum Asiriafo 185,000 (36-38)

  • 38

    • Hesekia yaree; ne ho tɔɔ no (1-22)

  • 39

    • Wɔsomaa nkurɔfo fii Babilon (1-8)

  • 40

    • Awerɛkyekye wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo (1-11)

      • Ɛnne bi a ɛwɔ sare so (3-5)

    • Onyankopɔn kɛseyɛ (12-31)

      • Amanaman no te sɛ bokiti ho nsu a ɛsɔ ko (15)

      • Onyankopɔn tenabea wɔ soro sen “asaase kurukuruwa yi” (22)

      • Ɔbobɔ nsoromma nyinaa din frɛfrɛ wɔn (26)

      • Onyankopɔn mmrɛ da (28)

      • Wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden (29-31)

  • 41

    • Obi befi apuei abedi nkonim (1-7)

    • Wɔpaw Israel sɛ Onyankopɔn akoa (8-20)

      • “M’adamfo Abraham” (8)

    • Ɔka kyerɛ anyame a aka no sɛ wɔmfa wɔn adanse mmra (21-29)

  • 42

    • Onyankopɔn akoa ne n’adwuma (1-9)

      • ‘Me din ne Yehowa’ (8)

    • Wɔto ayeyi dwom foforo ma Yehowa (10-17)

    • Israel ani afura, na n’aso asiw (18-25)

  • 43

    • Yehowa san boaboa ne nkurɔfo ano (1-7)

    • Wɔfrɛ anyame no sɛ wɔmmɛkyerɛ sɛ wɔyɛ anyame (8-13)

      • “Mone m’adansefo” (10, 12)

    • Wogye wɔn fi Babilon (14-21)

    • “Ma yenhyia nni asɛm” (22-28)

  • 44

    • Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn nya nhyira (1-5)

    • Onyankopɔn biara nni hɔ ka Yehowa ho (6-8)

    • Ahoni a nnipa ayɛ yɛ adehunu (9-20)

    • Yehowa yɛ Israel Gyefo (21-23)

    • Ɔnam Kores so bɛsan akyekye ɔman no (24-28)

  • 45

    • Wɔsraa Kores sɛ onkodi Babilon so nkonim (1-8)

    • Ɛnsɛ sɛ dɔte ne Ɔnwemfo di asi (9-13)

    • Aman a aka no begye Israel atom (14-17)

    • Onyankopɔn adebɔ di mu; ne yikyerɛ nni huammɔ (18-25)

      • Ɔbɔɔ asaase sɛ yɛntena so (18)

  • 46

    • Babilonfo ahoni ne Israelfo Nyankopɔn (1-13)

      • Yehowa ka nea ebesi daakye (10)

      • Ɔkɔre kɛse a ofi apuei (11)

  • 47

    • Babilon ahwease (1-15)

      • Wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu ho ada hɔ (13-15)

  • 48

    • Wɔka Israel anim; wɔtew Israel ho (1-11)

    • Yehowa bɛba Babilon so (12-16a)

    • Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ so wɔ mfaso (16b-19)

    • “Mumfi Babilon!” (20-22)

  • 49

    • Yehowa akoa adwuma (1-12)

      • Amanaman hann (6)

    • Israel nya awerɛkyekye (13-26)

  • 50

    • Israelfo bɔne de ɔhaw ba (1-3)

    • Yehowa akoa a ɔyɛ osetie (4-11)

      • Asuafo tɛkrɛma ne wɔn aso (4)

  • 51

    • Wɔbɛsan akyekye Sion ama ayɛ sɛ Eden turo (1-8)

    • Awerɛkyekye a efi Sion Yɛfo kɛse no hɔ (9-16)

    • Yehowa abufuhyew kuruwa (17-23)

  • 52

    • O Sion, nyan! (1-12)

      • Wɔn a wɔde asɛmpa ba no nan ase yɛ fɛ (7)

      • Sion awɛmfo bom bɔ ose (8)

      • Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsõ Yehowa anwenne ma wɔn ho tew (11)

    • Wɔbɛpagyaw Yehowa akoa (13-15)

      • Wɔsɛee n’anim (14)

  • 53

    • Yehowa akoa amanehunu, ne wu, ne ne sie (1-12)

      • Wobuu no animtiaa, na wɔpoo no (3)

      • Ɔsoaa nyarewa ne ɛyaw (4)

      • ‘Ɔte sɛ oguan a wɔrekokum no’ (7)

      • Ɔsoaa nnipa pii bɔne (12)

  • 54

    • Obonin Sion benya mma mmarima bebree (1-17)

      • Yehowa yɛ Sion kunu (5)

      • Yehowa bɛkyerɛkyerɛ Sion mma mmarima (13)

      • Akode biara a wɔde bɛba Sion so no renyɛ yiye (17)

  • 55

    • Wɔfrɛ nkurɔfo sɛ wommedidi na wɔnnom kwa (1-5)

    • Monhwehwɛ Yehowa ne n’asɛm a enni huammɔ no (6-13)

      • Onyankopɔn akwan korɔn sen nnipa de (8, 9)

      • Nea ɛbɛyɛ biara, Onyankopɔn asɛm bewie n’adwuma (10, 11)

  • 56

    • Ahɔho ne mmarima a wɔasa wɔn no benya nhyira (1-8)

      • Aman nyinaa mpaebɔ fie (7)

    • Awɛmfo anifuraefo ne nkraman mum (9-12)

  • 57

    • Ɔtreneeni yera, anokwafo nso yera (1, 2)

    • Israelfo honhom fam tuutuusi ada adi (3-13)

    • Wɔkyekye mmɔborɔwafo werɛ (14-21)

      • Abɔnefo te sɛ po a ɛrebu fa so (20)

      • Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo (21)

  • 58

    • Akɔnkyen papa ne nkontompo akɔnkyen (1-12)

    • Wɔde anigye di Homeda (13, 14)

  • 59

    • Israelfo bɔne maa wɔne Onyankopɔn ntam tetewee (1-8)

    • Wɔka wɔn bɔne (9-15a)

    • Yehowa twitwa gye wɔn a wɔasakra wɔn adwene (15b-21)

  • 60

    • Yehowa anuonyam hyerɛn wɔ Sion so (1-22)

      • Mmorɔnoma a wɔreba wɔn buw mu (8)

      • Sika kɔkɔɔ besi kɔbere ananmu (17)

      • Nea ɔyɛ ketewa no bɛdan apem (22)

  • 61

    • Wɔasra me sɛ memmɛka asɛmpa (1-11)

      • “Yehowa adom afe” (2)

      • “Trenee nnua akɛse” (3)

      • Ananafo bɛboa (5)

      • “Yehowa asɔfo” (6)

  • 62

    • Sion din foforo (1-12)

  • 63

    • Yehowa betua aman no so ka (1-6)

    • Yehowa daa n’adɔe adi tete (7-14)

    • Ahonu mpaebɔ (15-19)

  • 64

    • Ahonu mpaebɔ no ntoaso (1-12)

      • Yehowa ne “yɛn Nwemfo” (8)

  • 65

    • Yehowa atemmu a etia abosonsomfo (1-16)

      • Onyame a ɔma nkurɔfo ti yɛ yiye ne Nkrabea nyame (11)

      • “Me nkoa bedidi” (13)

    • Ɔsoro foforo ne asaase foforo (17-25)

      • Wobesisi adan; wɔbɛyeyɛ bobe mfuw (21)

      • Obiara renyɛ adwuma mmrɛ ngu kwa (23)

  • 66

    • Nokware som ne atoro som (1-6)

    • Sion ne ne mma mmarima (7-17)

    • Wɔboaboa nkurɔfo ano ma wɔsom wɔ Yerusalem (18-24)