Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sakaria Nhoma No

Ti Ahorow

1 2 3 4 5 6 7 8 9 10 11 12 13 14

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Yehowa srɛɛ ne nkurɔfo no sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn (1-6)

      • ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn’ (3)

    • Anisoadehu 1: Mmarima baanan a wɔtete apɔnkɔ so (7-17)

      • “Yehowa bɛsan akyekye Sion werɛ” (17)

    • Anisoadehu 2: Mmɛn anan ne adwumfo baanan (18-21)

  • 2

    • Anisoadehu 3: Ɔbarima bi a okura susuhama (1-13)

      • Wobesusuw Yerusalem (2)

      • Yehowa yɛ ‘ogya fasu a atwa Yerusalem ho nyinaa ahyia’ (5)

      • Ɔde ne nsa aka Onyankopɔn ani kosua (8)

      • Aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa ho (11)

  • 3

    • Anisoadehu 4: Woyii ɔsɔfo panyin ataade no maa no foforo (1-10)

      • Satan siw Ɔsɔfo Panyin Yosua kwan (1)

      • ‘Mede m’akoa a ne din de Mfefɛwee no bɛba!’ (8)

  • 4

    • Anisoadehu 5: Kaneadua ne ngodua abien (1-14)

      • ‘Ɛnyɛ nnipa ahoɔden, na mmom me honhom’ (6)

      • Mmu ɛda a adwuma no fii ase nketenkete no animtiaa (10)

  • 5

    • Anisoadehu 6: Nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim (1-4)

    • Anisoadehu 7: Ɛyɛ efa susude (5-11)

      • Ɔbea a ɔhyɛ susude no mu no din de Amumɔyɛ (8)

      • Wɔfaa susude no kɔɔ Sinar (9-11)

  • 6

    • Anisoadehu 8: Nteaseɛnam anan (1-8)

    • Mfefɛwee no bɛyɛ ɔhene ne ɔsɔfo (9-15)

  • 7

    • Yehowa mpɛ akɔnkyen a emfi komam (1-14)

      • “Moyɛɛ akɔnkyen no maa me anaa?” (5)

      • “Mummu atɛntrenee, na obiara nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko na onhu no mmɔbɔ” (9)

  • 8

    • Yehowa ama Sion anya asomdwoe na wama nokwaredi akɔ so wɔ hɔ (1-23)

      • Yerusalem yɛ “nokware kurow” (3)

      • “Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko” (16)

      • Akɔnkyen ne adidi (18, 19)

      • ‘Momma yɛnkɔhwehwɛ Yehowa akyi kwan’ (21)

      • Nnipa du besuso Yudani baako ataade mu (23)

  • 9

    • Onyankopɔn bebu amanaman no atɛn (1-8)

    • Sion hene reba (9, 10)

      • Ɔhene a ɔbrɛ ne ho ase te afurum so (9)

    • Wogyaa Yehowa nkurɔfo (11-17)

  • 10

    • Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu ntɔ, na ɛnyɛ atoro anyame (1, 2)

    • Yehowa ama ne nkurɔfo ayɛ baako (3-12)

      • Atitiriw a wofi Yuda fi (3, 4)

  • 11

    • Sɛ yɛantie Onyankopɔn guanhwɛfo pa no a, nea ɛde ba (1-17)

      • “Hwɛ nguan a wɔrebekum wɔn no so” (4)

      • Poma abien: Anisɔ ne Nkabom (7)

      • Oguanhwɛfo akatua: nnwetɛbona 30 (12)

      • Sika a wɔtow guu sika akorae hɔ (13)

  • 12

    • Yehowa bɛko ama Yuda ne Yerusalem (1-9)

      • Yerusalem bɛyɛ “ɔbo a emu yɛ duru” (3)

    • Wobesu nea wɔde ade wɔɔ no no pii (10-14)

  • 13

    • Wobeyi ahoni ne atoro adiyifo afi asaase no so (1-6)

      • Atoro adiyifo bɛfɛre (4-6)

    • Wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no (7-9)

      • Baako a aka no, wobeyiyi wɔn mu fĩ (9)

  • 14

    • Nokware som bedi nkonim kɛse (1-21)

      • Ngodua Bepɔw no mu bɛpae abien (4)

      • Yehowa bɛyɛ baako, na ne din ayɛ baako (9)

      • Ɔhaw a ɛbɛba Yerusalem asɔretiafo so (12-15)

      • Wobedi Apata Afahyɛ no (16-19)

      • Dadesɛn biara bɛyɛ kronkron ama Yehowa (20, 21)