Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomafo Nnwuma

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Nea ɔkyerɛw kɔmaa Teofilo (1-5)

    • Mobɛyɛ m’adansefo de akɔ asaase ano noho (6-8)

    • Yesu foro kɔɔ soro (9-11)

    • Asuafo no de adwenkoro hyiaam (12-14)

    • Woyii Matia sii Yuda anan (15-26)

  • 2

    • Wohwiee honhom kronkron guu wɔn so Pentekoste da no (1-13)

    • Petro maa ɔkasa (14-36)

    • Nnipadɔm gyee Petro asɛm no dii (37-41)

      • Wɔbɔɔ nnipa 3,000 asu (41)

    • Kristofo no bɔɔ fekuw (42-47)

  • 3

    • Petro saa obubuafo bi a ɔsrɛsrɛ ade yare (1-10)

    • Petro maa ɔkasa wɔ Solomon Abrannaa so (11-26)

      • “Wobesiesie nneɛma nyinaa” (21)

      • Odiyifo a ɔte sɛ Mose (22)

  • 4

    • Wobisabisaa Petro ne Yohane nsɛm (1-4)

      • Wɔn a wogye dii no dodow koduu mmarima 5,000 (4)

    • Wodii wɔn asɛm wɔ Sanhedrin no anim (5-22)

      • “Yɛrentumi nnyae ho asɛm ka” (20)

    • Wɔbɔɔ mpae srɛɛ akokoduru (23-31)

    • Asuafo no kyekyɛɛ wɔn nneɛma maa obiara nyaa bi (32-37)

  • 5

    • Anania ne Safira (1-11)

    • Asomafo no yɛɛ nsɛnkyerɛnne bebree (12-16)

    • Wɔde wɔn guu afiase, na wogyaa wɔn (17-21a)

    • Wɔsan de wɔn begyinaa Sanhedrin no anim (21b-32)

      • ‘Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa’ (29)

    • Gamaliel afotu (33-40)

    • Wɔkaa asɛm no wɔ afi afi (41, 42)

  • 6

    • Woyii mmarima baason sɛ wɔnsom (1-7)

    • Wɔbɔɔ Stefano sobo sɛ waka abususɛm (8-15)

  • 7

    • Stefano kasae wɔ Sanhedrin no anim (1-53)

      • Agyanom bere so (2-16)

      • Mose dii wɔn anim; Israelfo som abosom (17-43)

      • Onyankopɔn nte asɔrefi a nnipa de wɔn nsa asi mu (44-50)

    • Wosiw Stefano abo (54-60)

  • 8

    • Saul tan asafo no ani (1-3)

    • Asɛnka adwuma a Filipo yɛe wɔ Samaria no sow aba (4-13)

    • Wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ Samaria (14-17)

    • Simon yɛe sɛ ɔde sika bɛtɔ honhom kronkron (18-25)

    • Etiopiani a ɔyɛ ahemfi panyin no (26-40)

  • 9

    • Saul nam kwan so rekɔ Damasko (1-9)

    • Wɔsomaa Anania sɛ ɔnkɔboa Saul (10-19a)

    • Saul kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko (19b-25)

    • Saul kɔɔ Yerusalem (26-31)

    • Petro saa Enea yare (32-35)

    • Wonyan ɔyamyefo Dorka (36-43)

  • 10

    • Kornelio anisoadehu (1-8)

    • Petro anisoadehu a ɛfa mmoa a wɔn ho ntew ho no (9-16)

    • Petro kɔɔ Kornelio hɔ (17-33)

    • Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ Amanaman mufo (34-43)

      • “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu” (34, 35)

    • Amanaman mufo nyaa honhom kronkron, na wɔbɔɔ wɔn asu (44-48)

  • 11

    • Petro de amanneɛbɔ kɔmaa asomafo no (1-18)

    • Barnaba ne Saul kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria (19-26)

      • Bere a edi kan a wɔfrɛɛ asuafo no Kristofo (26)

    • Agabo hyɛɛ nkɔm sɛ ɔkɔm bɛba (27-30)

  • 12

    • Wokum Yakobo; wɔde Petro too afiase (1-5)

    • Wɔnam anwonwakwan so yii Petro (6-19)

    • Ɔbɔfo bɔɔ Herode (20-25)

  • 13

    • Wɔmaa Barnaba ne Saul kɔyɛɛ asɛmpatrɛwfo (1-3)

    • Wɔkɔkaa asɛmpa no wɔ Kipro (4-12)

    • Paul kaa asɛm no wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia (13-41)

    • Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛdan akɔ amanaman no nkyɛn (42-52)

  • 14

    • Wonyaa gyidifo pii wɔ Ikoniom, na nkurɔfo tan wɔn ani wɔ hɔ (1-7)

    • Nkurɔfo a wɔwɔ Listra no buu wɔn sɛ wɔyɛ anyame (8-18)

    • Wosiw Paul abo, nanso wanwu (19, 20)

    • Wɔhyɛɛ asafo ahorow no den (21-23)

    • Wɔsan kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria (24-28)

  • 15

    • Wogyee twetiatwa ho akyinnye wɔ Antiokia (1, 2)

    • Wɔde asɛm no kɔɔ Yerusalem (3-5)

    • Mpanyimfo no ne asomafo no hyiaam (6-21)

    • Krataa a efi akwankyerɛ kuw no hɔ (22-29)

      • Montwe mo ho mfi mogya ho (28, 29)

    • Krataa no hyɛɛ asafo ahorow no nkuran (30-35)

    • Paul ne Barnaba; obiara faa ne kwan (36-41)

  • 16

    • Paul faa Timoteo (1-5)

    • Anisoadehu a ɛfa Makedoniani barima bi ho (6-10)

    • Lidia bɛyɛɛ gyidini wɔ Filipi (11-15)

    • Wɔde Paul ne Silas guu afiase (16-24)

    • Wɔbɔɔ nea ɔhwɛ afiase hɔ no ne ne fifo asu (25-34)

    • Paul kae sɛ ɔman mpanyimfo no mmɛpa kyɛw (35-40)

  • 17

    • Paul ne Silas kɔɔ Tesalonika (1-9)

    • Paul ne Silas kɔɔ Beroia (10-15)

    • Paul kɔɔ Atene (16-22a)

    • Ɔkasa a Paul mae wɔ Areopago (22b-34)

  • 18

    • Paul kaa asɛm no wɔ Korinto (1-17)

    • Ɔsan kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria (18-22)

    • Paul fii hɔ kɔɔ Galatia ne Frigia (23)

    • Wɔboaa Apolo, ɔbarima a n’ano atew no (24-28)

  • 19

    • Paul wɔ Efeso; wɔn a wɔabɔ asu dedaw no, ebinom san bɔɔ asu bio (1-7)

    • Paul nkyerɛkyerɛ adwuma (8-10)

    • Nea ahonhommɔne yɛe nyinaa akyi, asɛm no sow aba (11-20)

    • Basabasayɛ kɔɔ so wɔ Efeso (21-41)

  • 20

    • Paul wɔ Makedonia ne Greece (1-6)

    • Wonyan Eutiko wɔ Troa (7-12)

    • Wofii Troa kɔɔ Mileto (13-16)

    • Paul ne Efeso asafo mu mpanyimfo hyiae (17-38)

      • Ɔkyerɛkyerɛe wɔ afi afi (20)

      • “Ɔma mu wɔ anigye pii” (35)

  • 21

    • Ɔrekɔ Yerusalem (1-14)

    • Oduu Yerusalem (15-19)

    • Paul de mpanyimfo no afotu yɛɛ adwuma (20-26)

    • Nkurɔfo yɛɛ gyegyeegye wɔ asɔrefi hɔ; wɔkyeree Paul (27-36)

    • Wɔmaa Paul kwan sɛ ɔnkasa nkyerɛ nnipadɔm no (37-40)

  • 22

    • Paul yii n’ano wɔ nnipadɔm no anim (1-21)

    • Paul ma wohui sɛ ɔyɛ Romani (22-29)

    • Wɔmaa Sanhedrin no behyiaam (30)

  • 23

    • Paul kasae wɔ Sanhedrin no anim (1-10)

    • Awurade hyɛɛ Paul den (11)

    • Ebinom bɔɔ pɔw sɛ wobekum Paul (12-22)

    • Wɔde Paul kɔɔ Kaesarea (23-35)

  • 24

    • Sobo a wɔbɔɔ Paul (1-9)

    • Paul yii n’ano wɔ Felike anim (10-21)

    • Wotuu Paul asɛm no hyɛɛ da mfe abien (22-27)

  • 25

    • Wodii Paul asɛm wɔ Festo anim (1-12)

      • “Mede asɛm no dan Kaesare!” (11)

    • Festo ne Ɔhene Agripa dwinnwen asɛm no ho (13-22)

    • Wɔde Paul begyinaa Agripa anim (23-27)

  • 26

    • Paul yii n’ano wɔ Agripa anim (1-11)

    • Paul kaa nea ɛyɛe a ɔbɛyɛɛ Kristoni (12-23)

    • Nea Festo ne Agripa kae (24-32)

  • 27

    • Paul faa ɛpo so de n’ani kyerɛɛ Roma (1-12)

    • Mframa kɛse bɔɔ ɛpo so hyɛn no (13-38)

    • Ɛpo so hyɛn no sɛee (39-44)

  • 28

    • Wokopuee Malta mpoano (1-6)

    • Wɔsaa Publio papa yare (7-10)

    • Wɔtoaa so kɔɔ Roma (11-16)

    • Paul kasa kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Roma no (17-29)

    • Paul de akokoduru kaa asɛm no mfe abien (30, 31)