Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛkɔ M’akyi Bio

Mɛkɔ M’akyi Bio

Download:

  1. 1. Mayɛ mmɔbɔ ne ankonam, mɛyɛ dɛn nie?

    Anokwa, Yehowa, mayɛ me ho.

    Maboto, mahodwo. Enti bra bɛhyɛ me den.

    M’ani agyina nnɛ, adwenwen nkoaa.

    (NNYESO)

    Me werɛ mfi nea woaky’rɛ me; ɛwɔ m’adwen mu.

    W’asɛm kronkron Bible no, ɛma hann.

    Enti ɛnsɛ sɛ mede ahweaseɛ yɛ nna.

    Mɛkɔ m’akyi bio.

  2. 2. Ná mewɔ nnamfo pa bebree; Na wɔma m’ani gye;

    Anuanom a wɔdɔ Yehowa.

    W’asɛm no, ɛhyerɛn; ɛboa ma mihu m’akyi kwan.

    Mepɛ sɛ mefa trenee kwan so bio.

    (BRIDGE)

    Edu anɔpa, ɛne anadwo, mekae nokwasɛm yi:

    Da kɛse no abɛn.

    (NNYESO)

    O Agya pa Yehowa, tie me mpaebɔ nnɛ.

    M’anidaso ne wo, tie me sufrɛ.

    Minim sɛ mafom wo kwan, bedi boa me.

    Mɛkɔ m’akyi bio.

    (BRIDGE)

    Me Nyankopɔn nim b’ibiara; ɔbɛhyɛ me den daa nyinaa.

    Onyankopɔn yɛ ɔdomfoɔ; ɔnhwehwɛ yɛn mfomsoɔ.

    Ɔpɛ sɛ mekɔ m’anim daa.

    (NNYESO)

    Meresan akɔ m’adɔfo nkyɛn; mɛkɔ adesua nnɛ.

    Afei deɛ mɛkɔ m’akyi bio.

    Enti ɛnsɛ sɛ mede ahweaseɛ yɛ nna.

    Mɛkɔ m’akyi bio. Mɛkɔ m’akyi bio.