Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Ade Daa Nyinaa

Sua Ade Daa Nyinaa

Twe Bi:

  1. 1. Sɛ mekae b’re a meyɛ abofra no,

    Na m’awofo mfa yɛn adesua nni ag’rɔ.

    Anadwo biara wɔkenkan kyerɛ me.

    Aka me hɔ, seesei mesua ‘deɛ da biara.

    Ɛnnɛ mewɔ nhyehyɛe, mede sua Nyankopɔn Asɛm.

    Anɔpa ne awia b’re ne anadwo, medwennwen ho b’re nyinaa.

    (NNYESO)

    Sua ‘de daa nyinaa.

    Wobɛyɛ sɛ dua, ɛwɔ asubɔnten ho.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    W’abrabɔ bɛyɛ fɛ na ebedi mu nso.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    Wobɛyɛ sɛ dua a esi hɔ pintinn.

    Sua ‘de daa nyi-naa.

    Wobɛnya asetra pa ne nkwa tenten.

  2. 2. Sɛ mewɔ s’kuu a meda nsow b’re nyinaa

    Sɛ wɔma yɛn s’kuu assignment a, minsuro koraa.

    Asafo nhoma ‘mede yɛ nhwehwɛmu,

    Ɛma meyɛ soronko wɔ m’atipɛnfo mu.

    Ɛnnɛ mewɔ nhyehyɛe, mede sua Nyankopɔn asɛm.

    Anɔpa ne awia b’re ne anadwo, medwennwen ho b’re nyinaa.

    (NNYESO)

    Sua ‘de daa nyinaa.

    Wobɛyɛ sɛ dua, ɛwɔ asubɔnten ho.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    W’abrabɔ bɛyɛ fɛ na ebedi mu nso.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    Wobɛyɛ sɛ dua a esi hɔ pintinn.

    Sua ‘de daa nyi-naa.

    Wobɛnya asetra pa ne nkwa tenten.

    (BRIDGE)

    A-de-sua yɛ a-de-pa;

    M-fa-so nso wɔ so paa.

    Ɛ-boa me ma mi-hu nea me-de bɛ-hyɛ o-bia-ra den.

    (NNYESO)

    Sua ‘de daa nyi-naa.

    Sua ‘de daa nyi-naa

    Sua ‘de Daa Nyinaa

    Sua ‘de daa nyi-naa.

    Sua ‘de daa nyi-naa.

    Wobɛyɛ sɛ dua, ɛwɔ asubɔnten ho.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    W’abrabɔ bɛyɛ fɛ na ebedi mu nso.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    Wobɛyɛ sɛ dua a esi hɔ pintinn.

    Sua ‘de daa nyinaa.

    Wobɛnya asetra pa ne nkwa tenten.