Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’anwonwadwuma Yɛ Me Fɛ

W’anwonwadwuma Yɛ Me Fɛ

Twe Bi:

  1. 1. Onyankopɔn, ne nnwuma nyinaa yɛ fɛ,

    Owia, ɔsram ne ns’romma, ɛhy’rɛn wɔ wiem daa.

    N’adom nti, yenya afifide pii;

    O ampa ne tumi sõ; ne nyansa mu dɔ.

    (NNYESO NNIANIM)

    O me Nyankopɔn, meto dwom ma wo,

    Wo nnwuma yɛ fɛ, ɛyɛ nwonwa. Hwɛ ns’romma bebree,

    Wunim wɔn din, wudwen yɛn ho daa.

    (NNYESO)

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Yɛkamfo wo.

  2. 2. Yehowa Nyankopɔn abɔ mmoa pii.

    Wɔn nyinaa hyɛ wɔn Bɔfo kɛse no anuonyam.

    Mmepɔw so, ɛpo mu nso, yehu mmoa pii;

    Wo nnwuma yɛ nwonwa. Yenhu nea yɛnka.

    (NNYESO NNIANIM)

    O me Nyankopɔn, meto dwom ma wo,

    Wo nnwuma yɛ fɛ, ɛyɛ nwonwa. Hwɛ ns’romma bebree,

    Wunim wɔn din, wudwen yɛn ho daa.

    (NNYESO)

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Yɛkamfo wo.

    (NNYESO)

    O Agya, w’abɔde nyinaa yɛ fɛ.

    Ampa afei yɛahu wo yie ɛnnɛ, yɛn Nyankopɔn.

    (NNYESO NNIANIM)

    O me Nyankopɔn, meto dwom ma wo,

    Wo nnwuma yɛ fɛ, ɛyɛ nwonwa. Hwɛ ns’romma bebree,

    Wunim wɔn din, wudwen yɛn ho daa.

    (NNYESO)

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Wo nnwuma yɛ fɛ, na yɛkamfo wo.

    Yɛkamfo wo.