Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Meyɛ Yehowa Dea

Meyɛ Yehowa Dea

Twe Bi:

  1. 1. Ewiase mu tena yɛ den.

    Wɔde wɔn bra no sɔ me hwɛ.

    Me Nyankopɔn bɛhyɛ me den.

    Me remma wiase nyɛ me dɛ.

    Yehowa som bɔ me ho ban;

    Ne som yɛ dɛ, ne fie yɛ fɛ.

    Anuanom pii ma m’anigye.

    Yehowa som ma mehwɛ tee.

    (NNYESO)

    Yehowa boa me;

    Meyɛ wo dea daa.

    Wosom na mepɛ;

    Mempɛ wia-se no.

    O, meyɛ Yehowa dea.

  2. 2. Onyankopɔn, meda w’ase,

    Na wo som no, minni ho’ag’rɔ

    Na w’asɛm no, mede bɔ bra.

    Mɛkɔ m’anim wo som no mu;

    Na asɛnka, mɛyɛ no pii.

    Na m’abrabɔ, mɛhwɛ no yie.

    Me ne anuanom bɛbɔ daa.

    Ɛbɛboa me ma mahwɛ tee.

    (NNYESO)

    Yehowa boa me;

    Meyɛ wo dea daa.

    Wosom na mepɛ;

    Mempɛ wia-se no.

    O, meyɛ Yehowa dea.