Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Paw Nea Ɛsɔ Yehowa Ani

Paw Nea Ɛsɔ Yehowa Ani

Twe Bi:

  1. 1. Minhu nea menyɛ.

    Na dadwen ahyɛ me so.

    Me koma

    yɛ daadaafo

    Madi n’akyi akɔfom.

  2. 2. Me honhom pɛ,

    Me honam yɛ mmerɛw.

    Me koma no, ɛmma me kwan.

    Yehowa ‘sɛm bɛkyerɛ me kwan.

  3. 3. Ɔbra pa na mepɛ.

    Nanso osuae, ɛnyɛ ɔko.

    Me Nyankopɔn bɛhyɛ me den,

    Na mɛyɛ n’apɛde daa.

    (NNYESO)

    Yehowa se: ‘Medɔ wo. Bra me nkyɛn, megye wo.

    Tie m’asɛm na mɛhwɛ wo.

    Nhyira na wubenya.’

  4. 4. Koma no de, ɔyɛ daadaafo;

    Bɔ mmɔden, wubedi so nkonim.

    Bɛn Yehowa, wubenya ‘hoɔden,

    N’apɛde na wobɛyɛ.

    W’abrabɔ besi wo yiye.

  5. 5. Seesei de, m’ani agye,

    Meyɛ nea Yehowa pɛ.

    M’abrabɔ asi me yiye,

    Yehowa, ɔhyɛ me den daa.