Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛmmɔ Hu Koraa

Mɛmmɔ Hu Koraa

Twe Bi:

  1. 1. Sɛ dadwen dɔɔso, ɛhyɛ yɛn koma so.

    Ɛma yɛbotow; yentumi ntwa yɛn ho

    Ɛwɔ mu, sɔhwɛ ba yɛn so,

    Nanso ɔbɛhwɛ yɛn so.

    Odwen

    Yɛn ho.

    (NNYESO)

    Ma wo bo nyɛ d’ru, ɔka wo ho daa.

    Ne tumi yɛ kɛse, obeso wo nsa.

    Ɛmfa ho nea yebehyia,

    Yɛkae sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa.

    Kɔ n’anim b’re nyinaa.

    Mens’ro,

    Na mɛmmɔ hu koraa.

  2. 2. Hwɛ nnamfo pa pii, wɔne yɛn som.

    Wɔde nkuranhyɛ ma yɛn; ɛboa ma yɛtoa so.

    Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa.

    Ɛkanyan yɛn ma yegyina.

    Yehowa

    Dwen yɛn ho.

    (NNYESO)

    Ma wo bo nyɛ d’ru, ɔka wo ho daa.

    Ne tumi yɛ kɛse, obeso wo nsa.

    Ɛmfa ho nea yebehyia,

    Yɛkae sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa.

    Kɔ n’anim b’re nyinaa.

    Mens’ro.

    (BRIDGE)

    Sɛ sɔhwɛ kɛse bi ba wo so,

    Gyina pintinn;

    Ɔbɛboa wo.

    (NNYESO)

    Ma wo bo nyɛ d’ru, ɔka wo ho daa.

    Ne tumi yɛ kɛse, obeso wo nsa.

    Ɛmfa ho nea yebehyia,

    Yɛkae sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa.

    Kɔ n’anim b’re nyinaa.

    Mens’ro,

    Na mɛmmɔ hu koraa.