Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛnkɔ Yɛn Anim

Yɛnkɔ Yɛn Anim

Twe Bi:

  1. 1. Seesei de yɛanya nkɔso pii.

    Biribiara asesa.

    Boa me ma menkɔ m’anim.

    Mempɛ sɛ mɛka akyi.

    Ɛba sɛ yɛanto obiara,

    Anaasɛ wontie yɛn.

    Nhyehyɛe foforo bi wɔ hɔ;

    Ebinom betie yɛn.

    (NNYESO)

    Yɛnkɔ yɛ’anim.

    Bra bɛka yɛn ho.

    Yɛnkɔ anim.

    Mmere adane nti,

    ɛnnɛ wo nso

    Yɛ nea wubetumi kɔ w’anim.

    Kɔ w’anim.

  2. 2. Adekyee mu nsɛm dɔɔso.

    Mepɛ sɛ esi me yie,

    Meyere me ho da biara,

    Nso ɛnyɛ mmerɛw.

    Abɛbrɛsɛ mu mpo,

    Anidaso wɔ hɔ.

    Yɛwɔ nea yehia nyinaa wɔ hɔ.

    Ebetwitwa agye yɛn.

    (NNYESO)

    Yɛnkɔ yɛ’anim.

    Bra bɛka yɛn ho.

    Yɛnkɔ anim.

    Mmere adane nti,

    ɛnnɛ wo nso

    Yɛ nea wubetumi kɔ w’anim.

    Kɔ w’anim.

    (BRIDGE)

    Sɛ yebenya nhyira,

    Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho.

    Mmere dane’a, dane bi.

    Yehowa ani begye

    Anidaso bi wɔ hɔ;

    Yenni ho agorɔ.

    Paradise no bɛba.

    Enti mɛyere me ho

    (NNYESO)

    Akɔ m’anim.

    Bra bɛka yɛn ho.

    Yɛnkɔ anim.

    Mmere adane nti

    Ɛnnɛ wo nso

    Yɛ nea wubetumi kɔ w’anim.

    Kɔ w’anim.

    Yɛnkɔ anim.

    Bra bɛka yɛn ho.

    Mmere adane nti

    Ɛnnɛ wo nso

    Yɛ nea wubetumi kɔ w’anim.

    Kɔ w’anim.

    Yɛnkɔ yɛ’anim.