Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mede Ahofama Bɛsom Wo

Mede Ahofama Bɛsom Wo

Twe Bi:

  1. 1. Agya Nyankopɔn, mede ahofama bɛsom wo.

    M’akoma so ade ne sɛ metie wo daa. Medɔ wo.

    Mɛboa komapafo ama wɔabɛsom wɔ wo fie.

    Adwuma yi, mɛyɛ na m’abrabɔ asi me yiye.

    (NNYESO NNIANIM)

    Mahyɛ wo bɔ sɛ mede ahofama bɛsom wo daa.

    M’ahoɔden, m’akoma ne m’adwene nyinaa yɛ wo dea.

    (NNYESO)

    Agya Nyankopɔn, mede me nkwa ma wo,

    Mɛyɛ nea metumi biara ama wo.

    Masi m’adwene pi. Wo na medi w’akyi.

    Mede ahofama bɛsom wo. Mɛbɔ wo din.

  2. 2. Mewɔ ɔdɔ ma anuanom. Efi me komam.

    Me ne wɔn bom yɛ w’adwuma, me koma tɔ me yam.

    Metu me ho ama ɔsom adwuma no ɛnnɛ.

    Wɔn a wɔhwehwɛ wo no, mɛboa wɔn ma wɔasua w’Asɛm.

    (NNYESO NNIANIM)

    Mahyɛ wo bɔ sɛ mede ahofama bɛsom wo daa.

    M’ahoɔden, m’akoma ne m’adwene nyinaa yɛ wo dea.

    (NNYESO)

    Agya Nyankopɔn, mede me nkwa ma wo.

    Mɛyɛ nea metumi biara ama wo.

    Masi m’adwene pi. Wo na medi w’akyi.

    Mede ahofama bɛsom wo. Mɛbɔ wo din.

    (NNYESO)

    Agya Nyankopɔn, mede me nkwa ma wo.

    Mɛyɛ nea metumi biara ama wo.

    Masi m’adwene pi. Wo na medi w’akyi.

    Mede ahofama bɛsom wo. Mɛbɔ wo din.