Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adekyee Biara Ne Emu Nsɛm

Adekyee Biara Ne Emu Nsɛm

Twe Bi:

  1. 1. Onyankopɔn Ahenni no, mewɔ mu gyidi.

    Sɛ ɛbɛyɛ bribi’aa fof’ro na menya ’somdwoe pii.

    Nanso me dadwen adɔɔso.

    Ama minhu me ho ano.

    Ɛtɔ da’a na me w’rɛ afi sɛ ne bɔhyɛ no bɛbam,

    Na ɔhaw nyinaa betwam.

    (NNYESO)

    Sɛ misu frɛ no, otie me.

    Metow me dadwen gu ne so,

    Efisɛ odwen me ho.

    Ɔde n’Asɛm rehyɛ me den.

    Yehowa ne me boafo.

    Anuanom nso ka me ho.

    Adekyee biara ne emu nsɛm.

    Enti ɛnnɛ dadwen wɔ hɔ;

    Ɔkyena nso de ne deɛ bɛba.

    Nanso minsuro.

    Ɔbɛka me ho.

  2. 2. Nea Yehowa hwehwɛ ne sɛ

    Yɛn ani begye.

    Efisɛ adwinnwen pii.

    Ɛmfa yɛn nkosi hwee.

    Hwɛ nea Yehowa ayɛ.

    Wakyerɛ yɛn sɛ ɔdɔ yɛn.

    Ɔde ne ba bɔ afɔre,

    Na yɛatumi anya nkwagye.

    Ɛno nti nya gyidi.

    (NNYESO)

    Su frɛ no; obetie.

    Na tow wo dadwen gu ne so.

    Efisɛ odwen wo ho.

    Ɔde n’Asɛm rehyɛ wo den.

    Yehowa ne wo boafo.

    Anuanom nso ka wo ho.

    Adekyee biara ne emu nsɛm.

    Hwɛ ɛnnɛ dadwen wɔ hɔ

    Ɔkyena nso de ne deɛ bɛba.

    Nanso mensuro.

    Ɔbɛka wo ho.

    (NNYESO)

    Su frɛ no; obetie.

    Yɛtow yɛn dadwen gu ne so,

    Efisɛ odwen yɛn ho.

    Ɔde n’Asɛm rehyɛ yɛn den.

    Yehowa ne yɛn boafo.

    Anuanom nso ka yɛn ho.

    Adekyee biara ne emu nsɛm.

    Hwɛ ɛnnɛ dadwen wɔ hɔ

    Ɔkyena nso de ne deɛ bɛba.

    Nanso yensuro,

    Ɔbɛka yɛn ho.

    Ɔbɛka yɛn ho.