Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

M’ani Sɔ Onyankopɔn Abɔde

M’ani Sɔ Onyankopɔn Abɔde

Twe bi:

  1. 1. Mframa dɛdɛ bi bɔ fa me ho.

    Sɛ mitwa m’ani a, nhwiren abu so.

    Nnomaa fɛfɛ abom reto dwom.

    Owia no apue. Ɛhy’rɛn wɔ s’ro.

    (NNYESO NNIANIM)

    Me Nyankopɔn,

    Wo nnwuma yɛ fɛ.

    Na dɛn na menyɛ

    Na memfa nyi w’ayɛ?

    (NNYESO)

    Agya, meda w’ase;

    Wofata nkamfo.

    Meda w’ase;

    W’ayamye no dɔɔso.

    O Yehowa,

    Mahu sɛ wo nsa ano adwuma yɛ nwonwa.

    Mewɔ anisɔ ma wo nnwuma.

    Agya, meda w’ase.

    Agya, meda w’ase.

  2. 2. O w’abɔde te sɛ mfoni fɛfɛ.

    Sɛ owia no kɔtɔ a, hwɛ ne fɛ a ɛyɛ.

    Wo na wobɔɔ ɔsram ne n’sromma bebree.

    Anadwo biara, ɛhyerɛn wɔ wiem.

    (NNYESO NNIANIM)

    Me Nyankopɔn,

    Wo nnwuma yɛ fɛ.

    Na mahu nea mɛyɛ

    De ayi w’ayɛ nnɛ.

    (NNYESO)

    Agya, meda w’ase;

    Wofata nkamfo.

    Meda w’ase;

    W’ayamye no dɔɔso.

    O Yehowa,

    Mahu sɛ wo nsa ano adwuma yɛ nwonwa.

    Mewɔ anisɔ ma wo nnwuma.

    Agya, meda w’ase.

    (BRIDGE)

    Mihu wo tumi ne wo dɔ

    Ne nyansa a emu dɔ

    Wɔ w’abɔde mu.

    Agya medaase.

    Agya, meda w’ase.

    (NNYESO)

    Agya, meda w’ase;

    Wofata nkamfo.

    Meda w’ase;

    W’ayamye no dɔɔso.

    O Yehowa,

    Mahu sɛ wo nsa ano adwuma yɛ nwonwa.

    Mewɔ anisɔ ma wo nnwuma.

    Agya, meda w’ase.

    Agya, meda w’ase.

    Agya, yɛda w’ase.