Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Foforo No Mu

Wiase Foforo No Mu

Twe Bi:

  1. 1. Wiase baabiara ayɛ fof’ro.

    Anigye ne asomdwoe de, abu so

    Bɔne biara nni hɔ

    Na yɛn dadwen ne yɛn su nyinaa kɔ.

    Asase no nyinaa yɛ frɔmfrɔm

    Nnipa ɛwɔ so nyinaa dɔ Nyankopɔn

    Wɔn nyinaa yɛ baako

    Kristo Ahenni no redi wɔn so.

    Fa w’ani bu

    Sɛ yɛn nyinaa akodu

    Wiase fof’ro no mu.

    (NNYESO)

    Yɛwɔ anidaso bi.

    Ɛhyɛ yɛn den yɛn haw nyinaa mu.

    Ɛte sɛ hann a ɛhy’rɛn wɔ sum mu

    Yenim sɛ ɛbɛbam

    Wiase fof’ro no mu.

  2. 2. Kata w’ani, twa ho mfoni hwɛ,

    Sɛ wone w’adɔfo wɔ b’ribiara mopɛ.

    Aduane abu so.

    Nanso b’ribi ma w’anigye b’ro so,

    Wuhu wo dɔfo bi;

    Wode gyidi atwɛn mfe pii

    Sɛ wubehu no bio

    Ɛnnɛ wasɔre aba nkwa mu bio

    Ampa yɛrenhu

    Sɛ obi awu,

    Wiase fofro no mu.

    (NNYESO)

    Yɛwɔ anidaso bi.

    Ɛhyɛ yɛn den yɛn haw nyinaa mu.

    Ɛte sɛ hann a ɛhy’rɛn wɔ sum mu

    Yenim sɛ ɛbɛbam

    Wiase fof’ro no mu.

    (BRIDGE)

    Yɛwɔ ne mu gyidi sɛ

    Nea waka nyinaa bɛba mu pɛɛ

    N’akoma so adeɛ ne sɛ

    Ɔbɛyɛ nea yɛpɛ bia’a ama yɛn

    (NNYESO)

    Yɛwɔ anidaso bi.

    Ɛhyɛ yɛn den yɛn haw nyinaa mu.

    Ɛte sɛ hann a ɛhy’rɛn wɔ sum mu

    Yenim sɛ ɛbɛbam

    Wiase fof’ro no mu.

    Wiase fof’ro no mu,

    Wiase fof’ro no mu,

    Wiase fof’ro no mu.