Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Kyɛ

Fa Kyɛ

Twe Bi:

  1. 1. Mede asɛm bi ahyɛ me mu.

    Ayɛ adesoa; me kom rebu.

    Mepɛ sɛ miyi fi me mu.

    Wuyi wo yam de kyɛ a ɛyɛ fɛ.

    Nanso ayɛ den sɛ mede bɛkyɛ.

    Enti ɛmma minhu nea menyɛ.

    (NNYESO NNIANIM)

    Ɛsɛ sɛ mekɔ Yehowa anim.

    Mede m’awerɛhow nyinaa bɛto n’anim.

    Minim sɛ ɔbɛhyɛ me

    (NNYESO)

    Den, ɛbɛyɛ yie.

    Wei de me nko mintumi nyɛ.

    Enti, “Yehowa mesrɛ wo;

    Boa me na memfa nkyɛ.”

    Ka me koma na minsua

    Sɛ mede bɛkyɛ, sɛnea wode kyɛ.

    Enti, “Yehowa mesrɛ wo;

    Boa me na memfa nkyɛ.”

    Na memfa nkyɛ.

  2. 2. Memia m’ani ayɛ me fam de.

    Ɛtɔ da a na ayɛ den.

    Ɛsɛ sɛ mebɔ me ho mmɔden.

    Mehia ɔdɔ ne ahobrɛase.

    Na matumi ayi afi me t’rim.

    Na matumi akɔ m’anim.

    (NNYESO NNIANIM)

    Ɛsɛ sɛ mekɔ Yehowa anim.

    Mede m’awerɛhow nyinaa bɛto n’anim.

    Minim sɛ ɔbɛhyɛ me

    (NNYESO)

    Den, ɛbɛyɛ yie.

    Wei de me nko mintumi nyɛ.

    Enti, “Yehowa mesrɛ wo;

    Boa me na memfa nkyɛ.”

    Ka me koma na minsua

    Sɛ mede bɛkyɛ, sɛnea wode kyɛ.

    Enti, “Yehowa mesrɛ wo;

    Boa me na memfa nkyɛ.”

    Na memfa nkyɛ.

    Na memfa nkyɛ.

    Na memfa nkyɛ.

    Na memfa nkyɛ.