Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛrennyae Da

Yɛrennyae Da

Twe Bi:

  1. 1. Nea mahu afa Yehowa ho

    Ne wiase fof’ro a ɛbɛba no ho

    Ama manya ɔdɔ ne anigye.

    Ewiase no mpɛ sɛ m’ani begye.

    (NNYESO NNIANIM)

    Masi me bo sɛ

    Mɛyɛ nea Yehowa pɛ.

    (NNYESO)

    Nea ebesi biara mɛhyɛ me ho den;

    Mɛma me gyidi ayɛ den.

    Medi Yehowa Asɛm akyi daa.

    Medi nokware daa nyinaa.

    Mɛsom me Nyankopɔn; merennyae da.

  2. 2. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?

    Yehowa aka sɛ yɛmmɔ bra pa.

    Ewiase no pɛ sɛ yegye di sɛ

    Awieɛ no mma da nti yɛ nea wopɛ.

    (NNYESO NNIANIM)

    Nea ɛte biara

    Ahenni no bɛba.

    (NNYESO)

    Nea ebesi biara yɛbɛbɔ mmɔden

    Ama yɛn gyidi ayɛ den.

    Yedi Yehowa Asɛm akyi daa.

    Yedi nokware daa nyinaa.

    Yɛbɛsom Nyankopɔn; yɛrennyae da.

    (NNYESO)

    Nea ebesi biara yɛbɛbɔ mmɔden

    Ama yɛn gyidi ayɛ den.

    Yedi Yehowa Asɛm akyi daa.

    Yedi nokware daa nyinaa.

    Yɛbɛsom Nyankopɔn; yɛrennyae da.

    Yɛrennyae da.

    Yɛrennyae da.