Fa W’ani Bɛhwɛ Bi
Twe Bi:
1. Mahu ewiase fof’ro bi.
Asomdwoe, ɔdɔ, anigye pii
Wɔ hɔ nti,
Fa w’ani
Bɛhwɛ bi.
2. Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo,
Obedi ne bɔhyɛ nyinaa so
Ɛno nti
Fa w’ani
Bɛhwɛ bi.
(NNYESO)
Baabiara,
Wobɛte sereɛ; anigye nkoaa.
Nya gyidi—
Sɛ Nyankopɔn wiase fof’ro no ni.
3. Nea ɛda yɛn koma so no nie.
Yehowa ’ma awufo asɔre.
Di m’akyi,
Fa w’ani
Bɛhwɛ bi.
4. Yare, aw’rɛhow ne esu yi,
Wayi ne nyinaa afi hɔ, enti
Yɛredi
Ah’rusi.
Bɛhwɛ bi.
(NNYESO)
Baabiara,
Wobɛte sereɛ; anigye nkoaa.
Nya gyidi—
Sɛ Nyankopɔn wiase fof’ro no ni.
5. Ɛyɛ Yehowa asɛm, enti
Ɔkwan bia’a so minim sɛ ebesi.
(BRIDGE)
Nya gyidi.
Yɛbɛkɔ
Wiase fof’rɔ.
Yenim sɛ ɛbɛyɛ hɔ.
Ampa—
6. Nyankopɔn wiase no ni.
Asomdwoe, ɔdɔ, anigye pii
Wɔ hɔ nti
Fa w’ani
Bɛhwɛ bi.