Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛbɔ Me Koma Ne M’adwene Ho Ban

Mɛbɔ Me Koma Ne M’adwene Ho Ban

Twe Bi:

  1. 1. Mepɛ sɛ meyɛ nea wopɛ,

    Nanso ayɛ den ama me.

    Efisɛ ɛyɛ me sɛ

    Mintumi; ɛb’ro me so.

    Meda kɛtɛ so anadwo,

    Na adwendwen ahyɛ me koma so.

    Yehowa, tie me sufrɛ.

    Wo na woka kyerɛ me sɛ:

    (NNYESO)

    Fa wo koma di m’akyi da biara.

    Fa wo ho nyinaa to me so,

    Na m’asomdwoe bɛkata wo so

    Nti mɛbɔ me koma ne m’adwen ho ban.

  2. 2. Me Nyankopɔn mɛsom wo daa.

    Nanso mefom wo da biara.

    Ama m’adwen yɛ me sɛ

    Me so nni mfaso biara.

    Memma aw’rɛhow nhyɛ me so.

    Mɛsɔre akɔka asɛmpa no.

    Enti mesrɛ wo sɛ boa me.

    Agya Nyankopɔn hyɛ me den.

    (NNYESO)

    Mede me koma bedi w’akyi daa.

    Mede me ho bɛto wo so,

    Na w’asomdwoe akata me so

    Nti mɛbɔ me koma ne m’adwen ho ban.

    Mɛbɔ ho ban.

    (BRIDGE)

    Masi me bo sɛ mɛsom wo.

    Sɛ dadwen hyɛ me koma so,

    Mɛbɔ mmɔden ahyɛ me ho so,

    Efisɛ Yehowa betie me mpaebɔ.

    Wubetie me mpaebɔ.

    (NNYESO)

    Mede me koma bedi w’akyi daa.

    Mede me ho bɛto wo so,

    Na w’asomdwoe akata me so

Nti mɛbɔ me koma ne m’adwen ho ban.