Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mewɔ Gyidi

Mewɔ Gyidi

(Dwom 27:13)

Twe Bi:

  1. 1. Nea ɛbɛto me biara

    Me Nyankopɔn wɔ m’afa.

    Enti gyata mpo bobom,

    Minsuro; mɛyɛ komm.

    Yehowa bɛbɔ me ho ban.

    (NNYESO)

    Mewɔ gyidi nti minsuro b’ribiara.

    Mewɔ gyidi nti mɛkɔ m’anim daa,

    Efisɛ me Nyankopɔn

    Wɔ hɔ, wahyɛ me bɔ.

    Ɔdɔ me, ɔka me ho da bia’a.

    Mewɔ gyidi.

  2. 2. Ebinom som Yehowa.

    Gyidi nti wɔadi nkonim.

    Enti Onyankopɔn

    Se obenyane wɔn.

    Yegye di sɛ obetumi.

    (NNYESO)

    Mewɔ gyidi nti minsuro b’ribiara.

    Mewɔ gyidi nti mɛkɔ m’anim daa,

    Efisɛ me Nyankopɔn

    Wɔ hɔ, wahyɛ me bɔ.

    Ɔdɔ me, ɔka me ho da bia’a.

    Mewɔ gyidi.

    (BRIDGE)

    Me Nyankopɔn, ma me gyidi kɛse

    Na mintumi ntutu mmepɔw.

    Mewɔ gyidi,

    Enti memia m’ani adi

    Nokware ama Nyankopɔn

  3. 3. Anidaso ne nhyira

    Bebree na ’da m’anim.

    Mede nea mewɔ

    Bɛsom Onyankopɔn.

    Ɛrenkyɛ obedi nkonim.

    (NNYESO)

    Mewɔ gyidi nti minsuro b’ribiara.

    Mewɔ gyidi nti mɛkɔ m’anim daa,

    Efisɛ me Nyankopɔn

    Wɔ hɔ, wahyɛ me bɔ.

    Ɔdɔ me, ɔka me ho da bia’a.

    Mewɔ gyidi,

    Mewɔ gyidi.

(San hwɛ Heb. 11:1-40.)