Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W‘ahoɔden Ma Yehowa

Fa W‘ahoɔden Ma Yehowa

Twe Bi:

  1. 1. Minim sɛ na woyɛ abofra no,

    Ná wopɛ sɛ woyɛ nea ’yɛ.

    Ná w’ani gye Nyankopɔn Asɛm ho.

    Ná wobɔ mpaeɛ sɛnea ’sɛ.

    (NNYESO NNIANIM)

    Nanso afei deɛ wiase yi haw rehyɛ wo so,

    Ɛno nti ɛnna fam sɛ wobɛkɔ so aka asɛm no.

    Seesei deɛ w’adwenem abue, enti yere wo ho,

    Fa wo ho to Yehowa so.

    Nhyira pii wɔ hɔ.

    (NNYESO)

    Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wosom no;

    Ɔbɛka wo ho.

    Enti fa w’ahoɔden nyinaa ka n’asɛm no.

    Ohu wo nnwuma pa;

    Ose wosom bo.

  2. 2. Wonyɛ’abɔfra bio; b’ribiara ayɛ fof’ro.

    Sɔhwɛ ne haw no aba bio.

    Fa wo dadwen to Nyankopɔn so.

    Obetie; ɔbɛyɛ’ama wo.

    (NNYESO NNIANIM)

    Sɛ wode wo ho nyinaa ma Yehowa na

    Sɛ wode n’Asɛm bɔ wo bra a, w’ani begye.

    Seesei deɛ w’adwenem abue enti yere wo ho.

    Fa wo ho to Yehowa so;

    Nhyira pii wɔ hɔ.

    (NNYESO)

    Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wosom no;

    Ɔbɛka wo ho.

    Enti fa w’ahoɔden nyinaa ka n’asɛm no.

    Ohu wo nnwuma pa;

    Ose wosom bo.

    (BRIDGE)

    Fa wo koma; w‘ahoɔden nyinaa

    Bɛsom Yehowa, na wubenya nhyira.

    (NNYESO)

    Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wosom no;

    Ɔbɛka wo ho.

    Enti fa w’ahoɔden nyinaa ka n’asɛm no.

    Ohu wo nnwuma pa;

    Ose wosom bo.

    (BRIDGE)

    Fa wo koma; w‘ahoɔden nyinaa

    Bɛsom Yehowa, na wubenya nhyira.

    Fa wo koma; w‘ahoɔden nyinaa

    Bɛsom Yehowa, na wubenya nhyira.