Ɛhe Na Menya Nkwagye?
Twe Bi:
1. Ɔkwankyr’ɛfo pa Yesu
Nim nea eye ma me.
Nea ɔbɛka biara
Mɛyɛ’aso na matie.
Onyankopɔn Ba no,
Ɔyɛ oguanhwɛfo pa.
Ɔbɛky’rɛ me kwan
Ma asi me yie.
(NNYESO NNIANIM)
Satan Ɔbonsam deɛ
Mempɛ sɛ metie n’anom nsɛm.
Ɔpɛ m’animguase,
Ɔpɛ sɛ mehwe ase.
(NNYESO)
Ɛhe na menya nkwagye?
Obiara nni hɔ gye sɛ Yesu.
Awranom mu Aw’rade!
Ɔyɛ kwanky’rɛfo pa,
Mempɛ sɛ mɛfom kwan.
Nea ɔbɛky’rɛ me biara metie.
2. Onyankopɔn ama me
Asomdwoe wɔ ne fie.
Menyɛ ankonam;
Mewɔ nnamfo bebree.
Mewɔ anidaso
Sɛ Yehowa bɔhyɛ
Nam Yesu Kristo so
Bɛbam, ɛrenkyɛ.
(NNYESO NNIANIM)
Satan Bonsam deɛ
Ɔmpɛ sɛ ebesi me yie.
Ɔpɛ m’animguase,
Ɔpɛ sɛ mehwe ase
(NNYESO)
Ɛhe na menya nkwagye?
Obiara nni hɔ gye sɛ Yesu.
Awranom mu Aw’rade!
Ɔyɛ kwanky’rɛfo pa
Mempɛ sɛ mɛfom kwan.
Nea ɔbɛky’rɛ me biara metie.
(NNYESO)
Ɛhe na menya nkwagye?
Obiara nni hɔ gye sɛ Yesu.
Awranom mu Aw’rade!
Ɔyɛ kwanky’rɛfo pa
Mempɛ sɛ mɛfom kwan.
Nea ɔbɛky’rɛ me biara metie.
Ɛhe na menya nkwagye?
Ɛyɛ Yesu Kristo nne na metie.