Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Yɛnka Mmom

Ma Yɛnka Mmom

Twe Bi:

  1. 1. Abufuo wɔ me koma mu.

    Ahyɛ hɔ’akyɛ; ɛgyegye me.

    Ayɛ den sɛ mede bɛkyɛ.

    Suban wei deɛ, ɛmfata me

    Sɛ Kristoni.

    (NNYESO)

    Enti magyae b’ribiara mu.

    Nea mayɛ wo bia’a, fa kyɛ me.

    Mede wo deɛ nyinaa ’kyɛ wo.

    Ma yɛnka mmom, O me yɔnko.

  2. 2. Yehowa yɛ mmɔb’rɔhufo,

    Ofi komam de bɔne kyɛ.

    Enti me nso mede bɛkyɛ,

    Efisɛ ɔde nea mayɛ

    Nyinaa ’kyɛ me.

    (NNYESO)

    Enti magyae b’ribiara mu.

    Nea mayɛ wo bia’a, fa kyɛ me.

    Mede wo deɛ nyinaa ’kyɛ wo.

    Ma yɛnka mmom, O me yɔnko.

    (BRIDGE)

    Woyɛ m’adamfo,

    Enti ɛnnɛ maba wo nkyɛn,

    Mesrɛ wo sɛ fa kyɛ.

    Ɔdɔ na ’yɛ, na ɛyɛ fɛ.

  3. 3. Yehowa wɔ ɔdɔ ma yɛn.

    Ɔpɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho.

    Bɔne fakyɛ ma asomdwoe.

    Enti me deɛ, mede bɛkyɛ.

    Wo nso fa kyɛ.

    (NNYESO)

    Enti magyae b’ribiara mu.

    Nea mayɛ wo bia’a, fa kyɛ me.

    Mede wo deɛ nyinaa ’kyɛ wo.

    Ma yɛnka mmom, O me yɔnko,

    Yɛmfa ɔdɔ mmom, O me dɔfo.

    Woyɛ m’adamfo.