Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nna Ho Ka a Afoforo De—So Ɛregye Nsam?

Nna Ho Ka a Afoforo De—So Ɛregye Nsam?

Nna Ho Ka a Afoforo De—So Ɛregye Nsam?

“ƐKA” kɛse bi sensɛn nnipa ɔpepem pii kɔn mu nnɛ. Ebetumi aba sɛ saa ka no ka ho bi na wɔn kar, wɔn adwuma ne wɔn aware mpo sɛe. Ebetumi ama wɔayare na atew wɔn nkwa nna so mpo. Ɛyɛ ɛka a etumi brɛ nipaduam nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ase ma nnipa nya nyarewa ahorow. Etumi de nyarewa te sɛ asikreyare, komayare, kɛseyɛ mmoroso ne nyarewa afoforo ba. Nanso nnipa a wɔde saa ka yi pii nnim sɛ wɔde ka.

Saa ka no ne nna a afoforo ntumi nna. Sɛ obi antumi anna amma anso no a, saa ka yi tew sensɛn ne kɔn mu. Eyi betumi afi nna a obi boapa de kame ne ho esiane nneɛma a ɔyɛ wɔ n’asetra mu, anaa ɔyare nti.

Aduruyɛ mu nhwehwɛmufo bu akontaa sɛ sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, nnɔnhwerew a ehia sɛ nnipa a wɔte asase so de da no so atew dɔnhwerew biako. Ebetumi ayɛ sɛ nea ɛnyɛ aniberesɛm biara de, nanso nnɔnhwerew ɔpepepem asia ho ka a nnipa de yi nti, wɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ nyarewa a nna a wontumi nna de ba ne nkɛntɛnso a etumi nya wɔ yɛn asetra so no mu.

Bere bi a atwam no, na nnuruyɛfo bu nna a obi ntumi nna sɛ ɛyɛ yare biako pɛ, nea wɔtaa frɛ no nnakorokoro no. Nanso agyinatu kuw bi a U.S. Mmarahyɛ Bagua no paw wɔn no huu nna ho yare mmiako mmiako 17. Sɛnea ɛte biara no, nneɛma pii na ɛde nnakorokoro ba ma enti wɔtaa bu no sɛ nyarewa afoforo ho sɛnkyerɛnne sɛnea sɛ obi ho yɛ hyew a, na ɛkyerɛ sɛ ne ho baabi aka no ara pɛ.

Nna kakra a obi de bɛkame ne ho bere ne bere mu mpo no betumi adi no awu. Susuw Tom asɛm yi ho hwɛ. Ɛwom sɛ ɔyɛ ofirikafo a ne ho akokwaw de, nanso ɔde ne lɔre kɛse a tae ahorow 18 gu ase no kɔbɔɔ ban a wɔagye afa karkwan ho no mu maa sufre nsu yerɛwyerɛw lita 400 hwie guu ɔtempɔn kɛse bi so. Tom kaa nokware sɛ: “Na mada.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. kwantempɔn abien bi so ma ɛbɛdaa adi sɛ afirikafo a wɔda bere a wɔreka kar no na ɛmaa akwanhyia bɛyɛ ɔha mu nkyem 50 sisii.

Afei susuw asiane a ɛwom sɛ wo ne obi a ɔtaa da bɛyɛ adwuma no ho hwɛ. Australia nhwehwɛmufo Ann Williamson ka sɛ: “Bere a wɔyɛɛ adwumayɛfo a wɔde bɛyɛ nnɔnhwerew 17 kosi 19 yɛɛ adwuma na wɔanna mu nhwehwɛmu no, wohui sɛ na mmosa ahoɔden a ɛwɔ wɔn mu binom mogya mu no wɔ soro.” Ɔkwan foforo so no, na adwumayɛfo no yɛ adwuma te sɛ nea wɔanom nsã ma adu anaa aboro nea mmara ma kwan sɛ afirikafo tumi nom wɔ aman bi so no! Esiane sɛ afirikafo ne adwumayɛfo a wɔda ma akwanhyia pii sisi afe biara nti, ɛma mmusua ne nnwuma pii hu amane kɛse. *

Nneɛma bɛn na ebetumi ama afoforo ade nna ho ka? Biako ne sɛnea ɔmanfo yɛ wɔn ade a wɔtaa frɛ no 24/7—adwuma a wɔde nnɔnhwerew 24 yɛ daa wɔ nnanson mu dapɛn biara. USA Today nsɛmma nhoma no ka eyi ho asɛm sɛ “amammerɛ mu nsakrae a ɛresakra yɛn abrabɔ.” Na ɛka ho asɛm sɛ “nnɔnhwerew 24 a wɔde tɔn ade yɛ nnwuma afoforo no ama wɔrenya mfaso.” Wɔ aman pii so no, nkurɔfo hwɛ television so dwumadi ma ade kye, na wobue Intanɛt bere a ɛsɛ sɛ anka wɔadeda. Afei nso nkate mu yare, a mpɛn pii no ahoyeraw a adwennwen ne asetra mu ahokyere na ɛde ba no nso ka ho bi. Awiei koraa no, nyarewa bi nso wɔ hɔ a ebetumi ama afoforo ade nna ho ka.

Nnuruyɛfo pii ka sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛma wɔn a wɔhwɛ wɔn yare no afa nna ho ka sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Oduruyɛfo bi de awerɛhow kae sɛ, ebinom mpo bu ɔbrɛ ntraso sɛ “biribi a wɔde hoahoa wɔn ho.” Na esiane sɛ wɔn tebea no mu ntaa nyɛ den prɛko pɛ na mmom ɛsɛe nkakrankakra nti, ebetumi aba sɛ wɔn a wɔn nna nso wɔn no nhu aniberesɛm a nna ho yare yɛ no. Nea nnipa pii ka ne sɛ, ‘ɛyɛ onyin na merenyin’ anaa ‘minhu me ho ano, enti na mintumi nyɛ hwee no’ anaa ‘esiane sɛ minnya bere pii nnye m’ahome nti na bere nyinaa na mabrɛ no.’

Nna ho ka yi a yebetua no nyɛ adwuma a ɛda fam. Nanso sɛ yɛte mfaso a ɛwɔ da a yɛbɛda ma aso yɛn no ase, na yehu sɛnea nna ho ka te a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae. Da a wontumi nna ho yare a ano yɛ den a yebehu sɛnea ɛte no betumi akora yɛn nkwa so.

[Ase hɔ asɛm]

^ Wogye di sɛ ɔbrɛ ka ho bi na akwanhyia a ɛyɛ hu sen biara sisii wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Hwɛ Nyan! a ɛbae February 8, 2001, kratafa 6.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Nna kakra a obi de bɛkame ne ho bere ne bere mu mpo no betumi adi no awu