Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ”

“Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ”

“Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ”

Wotintim asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ Mexico City atesɛm krataa Excelsior a ɛbae September 25, 2002 no mu. Carlo Coccioli a ɔyɛ nhomanimfo ne ɔkyerɛwfo a wagye din kɛse wɔ Mexico no na ɔkyerɛwee. Nsɛm a edi so yi na ɔde fii n’asɛm no ase.

“Mekenkan wiei nkyɛe—anaa sɛ mɛka no yiye a, makenkan no mpɛn pii—nhoma ketewa kɔkɔɔ bi a ɛda nsow koraa—ɛnyɛ nea na nnipa pii kenkan wɔ China kan ɔmampanyin Mao Tse-tung bere so no. Saa nhoma yi [Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ *] nyɛ nhoma a ɛda nsow ara kɛkɛ, na mmom nea ɛnte sɛ Mao Tse-tung ‘Nhoma Ketewa Kɔkɔɔ’ a ne bere atwam no, eyi de entwam da. Ne tiawa mu no, saa nhoma yi yɛ akyɛde a Yehowa Adansefo de rema wiase no. Sɛ yɛde toto nhoma pii ho a, esua koraa, nanso ɛho hia kɛse. Obi betumi de ahyɛ ne kotoku mu, nanso sɛ yɛde kɔto nhomakorabea a nhoma ahorow 90,000 wɔ hɔ a, anhwɛ a ɛbɛyɛ nhoma titiriw asen nea ɛwɔ hɔ no nyinaa.”

Owura Coccioli kɔɔ so kaa adwuma a na osusuw sɛ ɔbɛyɛ wɔ ne mmeranteberem no ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea mepaw sɛ mesua ho ade akɔ akyiri wɔ sukuupɔn mu no fa biribi a na m’akoma pɛ na m’ani gye ho paa: nyamesom, titiriw nea ɛfa Apuei fam de ho no.” Ɔka sɛ na n’ani gye nyamesom ho nhwehwɛmu ho ma enti wɔ Wiase Ko II mu no, onyaa abodin wɔ nyamesom adesua mu.

Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Enti mete nka sɛ mefata sɛ meka nhoma ketewa kɔkɔɔ a me nsa aka yi ho asɛm sɛ wɔayɛ nyamesom mu nhwehwɛmu a emu dɔ yiye wom na ɛsom bo paa. . . . Ɛsɛ sɛ wonya [nhoma yi] bi wɔ ofie biara mu na wɔtaa kenkan no bere ne bere mu. Ɛnkamfo nyamesom biara nkyerɛ, na mmom ɛyɛ nnipa nsa ano adwuma a ɛpɛɛpɛɛ Onyankopɔn nyansa a emu dɔ mu.”

Owura Coccioli de ne nsɛm no reba awiei no, ɔde Ɔdansefo a ɔde nhoma no maa no no telefon nɔma mae. Efi saa bere no, nnipa pii afrɛ no wɔ telefon so sɛ wɔpɛ nhoma no bi, ma enti Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no ahwɛ ma wɔn a wɔakyerɛ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nhoma no ho anigye nyinaa nsa aka bi. Obi a ɔsrɛe sɛ wɔma no nhoma no 20 ma ɔnkyɛ mma n’abusua ne ne nnamfonom no renya nkɔso wɔ Bible adesua a wɔne no yɛ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ Nea wɔatintim no nnansa yi akyi yɛ mmerɛw, na ɛnyɛ kɔkɔɔ bio.