Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Yehu Amane?

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Yehu Amane?

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Yehu Amane?

“Onyankopɔn ho atɔ no wɔ ɔsoro, ɛnna yɛwɔ fam ha rehu amane.”—Mary. *

WƆAWO nnɛ mmofra agu wiase bi a emu tra yɛ den mu. Awerɛhosɛm te sɛ asasewosow ne atoyerɛnkyɛm afoforo taa kunkum nnipa mpempem. Yɛtaa te akodi ne nsɛmmɔnedifo a wokunkum nnipa pii ho asɛm. Yare ahorow, nsɛmmɔnedi ne akwanhyia ma yɛhwere yɛn adɔfo. Awerɛhosɛm yi bi too Mary a yɛaka n’asɛm wɔ atifi hɔ no. Odii abooboo saa bere a ne papa wui no.

Sɛ asiane to yɛn a, ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn abam bebu, yɛn werɛ bɛhow, anaa mpo yɛn bo befuw. Ebia wubebisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti na saa asɛm yi asi?’ ‘Adɛn nti na asɛm a ɛte saa ato me?’ anaa ‘Adɛn nti na aba saa bere yi mu?’ Nanso sɛ yebenya nsɛm yi ho mmuae a ɛteɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani kyerɛ baabi a ɛfata. Sɛnea aberante bi a wɔfrɛ no Turrell kae no, ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ da bi a “asɛm ho yaw tumi hyɛ nnipa so araa ma wontumi nsusuw nsɛm ho yiye.” Ɛba saa a, ebehia sɛ wofa ɔkwan bi so kyekye wo werɛ na ama woatumi de ntoboase asusuw nsɛm ho yiye.

Ɔhaw Ano a Yebegyina

Owu ne amanehunu nyɛ anigyesɛm, nanso yɛkwati a ɛnyɛ yiye. Hiob kyerɛkyerɛɛ mu yiye bere a ɔkae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.”—Hiob 14:1.

Bible no hyɛ bɔ sɛ wiase foforo bi a “trenee te mu” bɛba. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Nanso ansa na saa ahotɔ no bɛba no, amumɔyɛ bere bi a ebi mmae da bɛba adesamma so. Nea Bible ka ne sɛ: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.”—2 Timoteo 3:1.

Saa mmere a emu yɛ den yi bɛkɔ so akodu he? Asɛmmisa koro yi ara na Yesu asuafo bisaa no. Nanso Yesu ankyerɛ da pɔtee anaa dɔnhwerew ko a amanehunu wiase yi bɛkɔ awiei. Mmom, ɔkae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:3, 13) Yesu nsɛm yi hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwɛ nneɛma nkɔ akyiri. Ansa na awiei no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia nsɛnnennen pii.

Mfomso no Fi Onyankopɔn?

Ɛnde, ntease wom sɛ obi bo befuw Onyankopɔn esiane sɛ ɔma amanehunu kwan nti? Sɛ wodwene Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ obetwa amanehunu nyinaa so no ho a, na ntease nnim sɛ wobɛma wo bo afuw no. Saa ara na ntease nnim sɛ obi bɛte nka sɛ Onyankopɔn na ɔde bɔne ba. Awerɛhosɛm pii a esisi no yɛ asiane ara kwa. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ mframa atutu dua bi ahwe fam ma apira obi. Ebia ebinom bɛka sɛ ‘ɛyɛ Onyame asɛm.’ Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa dua no tutuwii. Bible boa yɛn ma yehu sɛ awerɛhosɛm a ɛtete saa no fi ‘ɛbere ne akwanhyia.’—Ɔsɛnkafo 9:11.

Yɛansusuw nneɛma ho yiye a, yebetumi ahu amane. Fa no sɛ mmabun bi anom nsa na wɔaforo wɔn kar sɛ wɔrekɔkyinkyin. Sɛ wokohyia akwanhyia a, na efi hena? Ɛyɛ Onyankopɔn anaa? Dabi, nea saa mmabun yi gui no na wɔatwa so aba.—Galatifo 6:7.

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘enti Onyankopɔn ntumi nsiw amanehunu ano?’ Bible mmere mu no, mmarima agyidifo bi nso dwenee saa asɛm yi ho. Odiyifo Habakuk bisaa Onyankopɔn sɛ: “Dɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm?” Nanso Habakuk ampere ne ho ammua asɛm no. Ɔkae sɛ: ‘Megyina mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka me.’ Akyiri yi Onyankopɔn maa no awerɛhyem sɛ “bere a wɔahyɛ” mu no ɔbɛma amanehunu nyinaa to atwa. (Habakuk 1:13; 2:1-3) Enti ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase twɛn sɛ Onyankopɔn beyi amumɔyɛ nyinaa afi hɔ wɔ ne bere a wahyɛ no mu.

Ɛmpere wo ho nkonya adwene sɛ ebia Onyankopɔn pɛ sɛ yehu amane anaa ɔno ankasa na ɔresɔ yɛn ahwɛ. Ɛwom, amanehunu tumi ma yesua suban pa na Bible nso kyerɛ sɛ sɔhwɛ ahorow a Onyankopɔn ma kwan no tumi siesie yɛn gyidi. (Hebrifo 5:8; 1 Petro 1:7) Nokwarem, nnipa pii a wɔahyia nsɛnnennen anaa ahometesɛm no taa da abotare anaa mmɔborohunu adi kɛse. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛdwen sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wohuu amane. Ɔdɔ ne nyansa a Onyankopɔn wɔ no nti, ɔrenyɛ biribi a ɛte saa. Bible ka no pefee sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” Mmom no, Onyankopɔn nkyɛn na ‘akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi’!—Yakobo 1:13, 17.

Nea Enti a Onyankopɔn Ma Bɔne Kwan

Ɛnde, ɛhe na bɔne fi ba? Kae sɛ Onyankopɔn wɔ asɔretiafo a wɔn mu titiriw ne nea “wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.” (Adiyisɛm 12:9) Onyankopɔn bɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, too wiase bi a na ɔhaw biara nni mu mu. Nanso Satan kɔsɛee Hawa adwene sɛ, sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn tumidi ase a, obedi yiye. (Genesis 3:1-5) Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa gyee Satan atosɛm no dii ma enti ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Adam nso kɔkaa n’atuatew no ho. Dɛn na efi mu bae? Bible bua sɛ, “Owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”—Romafo 5:12.

Sɛ́ anka Onyankopɔn bɛsɛe Satan ne n’akyidifo yi ntɛm pa ara de atu atuatew yi ase no, ɔtwɛnee kakra. Dɛn na na eyi de bɛba? Na ɛbɛma kwan ma Satan ho ada hɔ sɛ ɔyɛ ɔtorofo! Na ɛbɛma adanse pii a ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛtew yɛn ho fi Onyankopɔn ho a, nea ɛde ba ara ne ɔsɛe. Ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na aba yi? ‘Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.’ (1 Yohane 5:19) Bio nso, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Wiase yi mu som ahorow nkyerɛkyerɛ ayɛ hwanyann a nnipa ntumi nte ase. Wiase no abrabɔ asɛe koraa. Nnipa afa akwan horow nyinaa so adi tumi. Wɔahyehyɛ apam ne mmara ahorow pii, nanso nnipa da so ara hu amane. Akodi pii ama tebea no asɛe koraa.

Ɛda adi pefee sɛ, ehia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu, na otwa amumɔyɛ nyinaa so! Nanso eyi bɛba wɔ Onyankopɔn ankasa bere a wahyɛ mu. Ansa na ebedu so no, yɛanya hokwan sɛ yebedi Bible mu mmara horow no so de agyina Onyankopɔn tumidi akyi. Sɛ nneɛma bɔne sisi a, yebetumi anya awerɛkyekye bere a yɛde ahotoso hwɛ wiase a ɔhaw biara nni mu kwan no.

Ɛnyɛ Wo Nko

Ne nyinaa akyi no, sɛ amanehunu bi to yɛn a, wobɛhwɛ na yɛrebisa sɛ, ‘Adɛn nti na asɛm a ɛte saa ato me?’ Nanso ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ, ɛnyɛ yɛn nko ara na yehu bɔne ho amane. Paulo ka sɛ ‘abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.’ (Romafo 8:22) Wote saa nokwasɛm yi ase a, ɛbɛboa wo ma woatumi agyina amanehunu ano. Sɛ nhwɛso no, ehu kaa Nicole bere a amumɔyɛfo tow hyɛɛ New York City ne Washington, D.C. so September 11, 2001, no. Ɔgye tom sɛ: “Ehu hyɛɛ me ma.” Nanso bere a ɔkenkan sɛnea ne mfɛfo Kristofo binom gyinaa awerɛhosɛm no ano no, ɔsesaa n’adwene. * “Mihui sɛ, sɛɛ na ɛnyɛ me nko. Mede no nkakrankakra redi m’awerɛhow ne ɛyaw no so.”

Ɛtɔ da bi a, eye sɛ wobɛhwehwɛ obi a wubetumi aka w’asɛm akyerɛ no—sɛ wo papa anaa wo maame, adamfo bi a n’ani afi, anaa Kristofo asafo no mu ɔpanyin bi. Sɛ woka w’akoma mu asɛm kyerɛ obi a wowɔ ne mu gyidi a, ɛbɛma woanya “asɛmpa” bi a ɛbɛhyɛ wo nkuran. (Mmebusɛm 12:25) Kristoni aberante bi a ofi Brazil kae sɛ: “Me papa wui mfe akron ni, na minim sɛ Yehowa benyan no daakye. Ade biako a ɛboaa me ne sɛ mekyerɛw sɛnea na mete nka no nyinaa. Afei nso me ne me nnamfonom Kristofo bɔɔ ho nkɔmmɔ.” Wowɔ ‘nnamfo pa’ bi a wutumi ne wɔn di atirimsɛm? (Mmebusɛm 17:17) Ɛnde gye mmoa a wofi ɔdɔ mu de ma wo no tom! Ɛmfɛre sɛ wubesu anaa wobɛma nkurɔfo ahu sɛ wo werɛ ahow. Yesu mpo ‘suu’ n’adamfo bi a owu faa no yayaayaw no!—Yohane 11:35.

Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ da bi bɛba a, yɛbɛfa yɛn “ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu” na yɛakonya anigye wɔ “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21) Ansa na ɛno bɛba no, nnipa pa pii betumi ahu amane. Wuhu nea enti a saa amanehunu a ɛrenkyɛ yi ba a, ɛbɛkyekye wo werɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Wɔasesa din no bi.

^ Hwɛ “Akokoduru a Wɔdaa no Adi Wɔ Asiane Mu” wɔ Nyan! a ɛbae January 8, 2002, no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woda w’awerɛhow adi