Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Adi Subammɔne So?

So Wubetumi Adi Subammɔne So?

Bible no Adwene

So Wubetumi Adi Subammɔne So?

BERE bi nhoma kyerɛwfo Mark Twain kaa asɛm yi de dii agoru sɛ: “Ade a ne yɛ nyɛ den koraa wɔ wiase ne sɛ obi begyae sigaretnom. Minim, efisɛ mayɛ saa mpɛn pii.” Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii ne Twain yɛ adwene wɔ n’asɛm a nyansa wom yi ho. Bere a wohu sɛ suban ahorow bi nye na mpo ebetumi apira wɔn no, wonim nso sɛ ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛko atia na wɔadi so. Nneyɛe betumi adan obi suban koraa mfe pii akyi na ebetumi ayɛ den paa sɛ ɔbɛsakra. Mmɔden a ɔbɛbɔ sɛ obegyae saa nneɛma a n’ani gye ho yɛ no betumi ama wahu amane kɛse mpo.

Oduruyɛfo Anthony Daniels a ɔyɛ adwuma wɔ afiase bi kae sɛ, wɔn a wɔyɛ bɔne no taa ka sɛ wontumi nyɛ wɔn akɔnnɔ bɔne no ho hwee. Wɔka sɛ sɛ adeyɛ bi nya ka obi hɔ a, “ɔwɔ ho akɔnnɔ a ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye mu.” Sɛ nea wɔka yi yɛ nokware a, ɛnde na wontumi mfa nea biribi ho akɔnnɔ ma yɛyɛ no ho asodi nto yɛn so. So ɛyɛ ampa sɛ yɛrentumi nni yɛn nkate ne yɛn akɔnnɔ ahorow so? Anaasɛ yebetumi adi subammɔne so ma ayɛ yiye? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae a ɛtɔ asom no, ma yɛnhwɛ nea Bible no ka.

Nea Obi Mpɛ a Ɔyɛ

Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ Onyankopɔn bebu yɛn atɛn wɔ yɛn nneyɛe ho. (Romafo 14:12) Afei nso, ɔhwehwɛ sɛ yɛtra ase ma ɛne ne trenee gyinapɛn hyia. (1 Petro 1:15) Sɛ yɛn Bɔfo no, onim nea eye ma yɛn, na ne mmara kasa tia wiase nneyɛe pii. (1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19-21) Nanso, ɔda ntease ne tema adi wɔ nea ɔhwehwɛ fi adesamma a wɔnyɛ pɛ hɔ no ho.—Dwom 78:38; 103:13, 14.

Enti odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Yiw, Yehowa nim yiye paa sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Yɛn su a yenya fii awo mu, mmerɛwyɛ a wɔde woo yɛn, ne nsɛm a atoto yɛn bere bi a atwam no ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkwati adwemmɔne ne akɔnnɔ bɔne nyinaa. Yehowa dɔ nti, ɔnhwehwɛ pɛyɛ mfi yɛn hɔ.—Deuteronomium 10:12; 1 Yohane 5:3.

Nanso, sɛnea Onyankopɔn susuw yɛn ho saa kwan no so no nkyerɛ sɛ ɛnyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yebedi akɔnnɔ bɔne so. Ɛwom sɛ ɔsomafo Paulo gye toom sɛ na ɛyɛ den paa sɛ obedi akɔnnɔ bɔne so de, nanso wampa abaw. (Romafo 7:21-24) Ɔkae sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.” Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? ‘Na n’ankasa anyɛ nea ɔmfra.’ (1 Korintofo 9:27) Yiw, ahosodi ho hia na ama yɛako atia yɛn nsusuwii ne yɛn subammɔne na awiei koraa no yɛadi so.

Wubetumi Asesa

Nnipa nneyɛe ho animdefo ka sɛ, sɛnea yɛde nkakrankakra suasua subammɔne no, saa ara na yebetumi asuasua suban pa. Sɛ eyi te saa a, ɛnde na ɛda adi sɛ yebetumi agyae subammɔne nso! Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wɔn a wɔkyerɛw nhoma bi a ɛfa sɛnea wogyae adwennwenne ho no ka sɛ: “Susuw mfaso horow a wubenya afi nsakrae a wobɛyɛ no mu ho.” Na afei, “Kyerɛw sɛnea mfaso horow a nsakrae a wobɛyɛ no bɛma woanya wɔ asetram no ho to hɔ.” Yiw, sɛ yɛde yɛn adwene si mfaso a yebenya bere a yegyae yɛn subammɔne no so a, ebetumi akanyan yɛn ma yɛasesa.

Susuw ɔsomafo Paulo afotusɛm a ɔde maa yɛn sɛ ‘yɛmma wɔnyɛ yɛn foforo yɛn adwene honhom mu’ no ho hwɛ. (Efesofo 4:22, 23) Saa honhom no ne nneɛma a yɛn adwene tɔ kɔ so kɛse no. Wubetumi asakra saa honhom no denam Onyankopɔn a wobɛbɛn no na woakyerɛ ne gyinapɛn ahorow ho anisɔ so. Nim a wunim sɛ woreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no boa wo ma woyɛ nsakrae ahorow a ehia.—Dwom 69:30-33; Mmebusɛm 27:11; Kolosefo 1:9, 10.

Ɛwom, ɛbɛyɛ den sɛ yebegyae subammɔne a adi yɛn so mfe pii no. Nanso ɛnsɛ sɛ yebu akodi a ɛda yɛn anim no adewa. Ɔkwan biara so no, yebehyia huammɔdi ahorow. Nanso ɛsɛ sɛ wunya awerɛhyem sɛ bere rekɔ so no, nneɛma mu bɛyɛ mmerɛw. Mpɛn dodow a woko tia subammɔne no, dodow no ara na na wobɛkɔ so ada wo suban foforo no adi.

Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, obetumi anya awerɛhyem sɛ obenya ne mmoa ne ne nhyira. Paulo hyɛ bɔ sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan . . . abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa Nyankopɔn bɛsɛe wiase bɔne yi ne emu sɔhwɛ ne akɔnnɔ bɔne nyinaa. (2 Petro 3:9-13; 1 Yohane 2:16, 17) Nnipa a wɔnyɛ pɛ a wobenya wɔn ti adidi mu saa bere no nyinaa benya daa ayaresa wɔ honam, adwene, ne nkate mu. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: ‘Na wɔrenkae kan nneɛma no na ɛremma koma mu bio.’ (Yesaia 65:17) Nea ɛka ‘kan nneɛma’ yi ho ne akɔnnɔ bɔne a yɛtɔ kɔ so no. So eyi nyɛ hokwan kɛse a yɛde bɛko atia subammɔne nnɛ?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]

SƐNEA WOGYAE SUBAMMƆNE

1. Hu subammɔne no na gye tom. Bisa wo ho sɛ, ‘So minya mfaso bi fi saa su yi mu? So ɛhaw afoforo? So ɛka m’akwahosan, me sikasɛm, me yiyedi, m’abusua, anaa m’asomdwoe? Sɛ migyae a, mfaso bɛn na menya?’

2. Fa ade papa bi si subammɔne no ananmu. Sɛ nhwɛso no, so wosɛe bere pii wɔ Intanɛt ho, a ebia wohwɛ nneɛma a ɛmfata? Ɛnde fa saa bere no kenkan nneɛma pa, fa sua ade, anaa fa teɛteɛ w’apɔwmu.

3. Susuw nkɔso a wunya no ho bere ne bere mu. Da biara fa bere tiaa bi susuw wo nkɔso no ho. Sɛ woasan ada saa subammɔne no adi a, hwehwɛ nea ɛma ɛbaa saa no mu.

4. Hwehwɛ afoforo hɔ mmoa. Ka kyerɛ wo nnamfo ne w’abusuafo sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubegyae saa su yi, na kyerɛ wɔn sɛ sɛ wohu sɛ woreyɛ awatiriw a wɔmmɔ wo nkae. Ka ho asɛm kyerɛ afoforo a wɔatumi agyae subammɔne a ɛte saa no.—Mmebusɛm 11:14.

5. Nya ho adwempa. Nhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ntɛm ara. Ebetumi akyɛ ansa na woagyae su bi a wode mfe pii nyae no.

6. Bɔ Onyankopɔn mpae. Wonam Onyankopɔn mmoa so betumi agyae subammɔne biara.—Dwom 55:22; Luka 18:27.