Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bɛn Na Nnipa Abrabɔ Sɛee

Bere Bɛn Na Nnipa Abrabɔ Sɛee

Bere Bɛn Na Nnipa Abrabɔ Sɛee Koraa?

SƐ YEBISA wo sɛ bere bɛn na nnipa abrabɔ fii ase sɛee koraa a, anka wobɛka sɛn? Wobɛka sɛ ɛyɛ wo bere so, anaasɛ w’abusuafo ne wo nnamfo a wobɛtoo wɔn no bere so? Ebinom kyerɛ sɛ Wiase Nyinaa Ko a Edi Kan a esii afe 1914 no akyi na nkurɔfo abrabɔ hyɛɛ ase sɛee koraa. Ɔbenfo Robert Wohl a wakwadare abakɔsɛm mu no kyerɛw wɔ ne nhoma mu sɛ: “Wɔn a na wɔwɔ hɔ wɔ ɔko bere no mu no, na wogye di paa sɛ wiase baako baa awiei na foforo fii ase wɔ August 1914 mu.”—The Generation of 1914.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Norman Cantor nso kaa sɛ: “Wiase baabiara, na nnipa abrabɔ resɛe dedaw, nanso efi saa bere no rekɔ de, na wuhu sɛ afei de aporɔw atetew.” Ɔsan kaa sɛ: “Amanyɔfo ne asogyafo mpanyimfo soaa wɔn nkurɔfo koguu akono ma wokunkum wɔn ho te sɛ mmoa, enti sɛ nnipa ne wɔn yɔnko nipa redi no atirimɔden so te sɛ mmoa a, abrabɔ ho akwankyerɛ anaa nyamesom mu afotu bɛn paa na ɛbɛma wɔahu sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wɔbɛyɛ saa? . . . Sɛnea wohwiee mogya gui wɔ Wiase Ko a Edi Kan [efi afe 1914 kosi afe 1918] mu nti, afei de na nkurɔfo mmu nnipa nkwa bio koraa.”

Abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells a ofi England kyerɛw nhoma bi a wɔato din The Outline of History. Ɔkaa wom sɛ, asɛm a nkurɔfo keka sɛ nnipa fi mmoa mu no, bere a egyee ntini no na “nnipa abrabɔ nso fii ase sɛ ɛresɛe koraa.” Adɛn nti na ɔkaa saa? Nea ɛte ne sɛ, ebinom benyaa adwene sɛ, nnipa yɛ mmoa a yɛakɔ yɛn anim kyɛn mmoa a aka no. Owura Wells nso, na ogye di sɛ nnipa fi mmoa mu, na ɔkyerɛw wɔ afe 1920 mu sɛ: “Wobenyaa adwene sɛ, nnipa te sɛ wuram nkraman bi a wɔbom tena a wɔwɔ India . . . , enti na ɛyɛ wɔn sɛ nnipa a wɔn ho yɛ den te sɛ nkraman akɛse no, sɛ wohunahuna nnipa a aka no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn a, ɛyɛ ne kwan so.”

Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea Cantor kae no, nea ɛkɔɔ so wɔ wiase ko a edi kan no mu nti, nneɛma a kan no na nkurɔfo hu no sɛ ɛyɛ bɔne no, afei na wonhu no saa bio. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea na tetefo no te nka wɔ amanyɔsɛm, ahosiesie, ne ɔbarima ne ɔbea nna ho no, nkurɔfo gyaee ne nyinaa akyi di.” Nsɔrensɔre no gyee asɛm a ɛne sɛ nnipa fi mmoa mu no toom, na wɔsan kɔtaa aman a wɔreko no akyi. Saa a wɔyɛe no guu Kristofo nkyerɛkyerɛ ho fĩ kɛse, na ɛka ho bi paa na nnipa bra sɛee. Britain sogyani panyin, Brigadier General Frank Crozier kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛreka wɔn a wɔkeka nkurɔfo ti bom ma wohwie mogya gu a, Kristofo Nsɔrensɔre na wɔte so, na yɛn nso yɛde wɔn yɛɛ adwuma paa.”

Obiara Fii Ase Yɛɛ Nea Ɔpɛ

Mfe du a edi Wiase Ko a Edi Kan no akyi a wɔtaa frɛ no Ahotɔ Bere no, nea kan no na nkurɔfo gye tom sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, wɔtow guu baabi, na obiara yɛɛ nea ɔpɛ. Abakɔsɛm kyerɛwfo Frederick Lewis Allen kaa sɛ: “Mfe du a edii ɔko no akyi no, yebetumi afrɛ no Abrabɔ Bɔne Bere. . . . Afei na wiase dedaw no atwam, na sɛnea na nkurɔfo bɔ wɔn bra ma ɛde anigye ne akomatɔyam ba no, na ayera, enti afei de, na nnipa nhu sɛnea wɔmmɔ wɔn bra bio.”

Efi afe 1930 rekɔ no, Sikasɛm Mu Ahokyere a ɛbaa wiase no maa nkurɔfo moae, efisɛ ɛmaa nnipa dii hia buruburoo. Nanso anni mfe du mpo na Wiase Ko a Ɛto So Mmienu no nso yii ne ti, na ɛno mpo de, na ɛkyɛn nea edi kan no. Ankyɛ, aman fii ase yeyɛɛ akode akɛse a edi awu. Eyii Sikasɛm Mu Ahokyere no fii hɔ, nanso ɛkɔfaa ɔhaw a ɛso bi mmaa da brɛɛ nnipa. Ɔko no baa awiei no, nkurow pii wɔ hɔ a na wɔasɛe no pasaa. Japan nkurow mmienu mpo de, atɔm topae baako pɛ na wɔde sɛee emu biara. Nnipa ɔpepem pii wuwuu wɔ nneduaban anaa afiase a wodi nkurɔfo ani wɔ hɔ mu. Ɔko no kunkum mmarima, mmea, ne mmofra bɛyɛ ɔpepem 50.

Bere a Wiase Ko a Ɛto So Mmienu no gyina mu a nneɛma bɔne rekɔ so no, nneɛma a tete no na nkurɔfo bu no sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, afei de na wɔmfa nyɛ hwee. Obiara yɛɛ nea ɔpɛ. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ɔko no rekɔ so no, ɛba nna a, na obiara wɔ kwan sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ, na suban a na ɛma obiara yɛ nea ɔpɛ wɔ akono no didi baa fie. . . . Ɔko no gyee biribiara bɔɔ so, na nkakrankakra, na obiara nhyɛ ne ho so bio, mmom na obiara bɔ ne bra sɛnea ɔpɛ. Sɛnea na nnipa mmu nkwa bio no, saa ara na na wɔmfa aware ne abusua nyɛ hwee bio.”—Love, Sex and War—Changing Values, 1939-45.

Ɛnam sɛ na nnipa te nka sɛ nkwa yɛ tiaa nti, na ɛyɛ wɔn sɛ ɔkwan biara a wɔbɛfa so anya anigye no, sɛ ɛyɛ bere tiaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔfa so. Ɔbea warefo bi a ɔte Britain kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔno de, sɛnea na nkurɔfo nhyɛ wɔn ho so wɔ nna ho wɔ ɔko bere no mu no, na onhu no sɛ ɛyɛ bɔne. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ sɛ na yɛn bra asɛe saa, na mmom na ɔko rekɔ so.” Amerika sogyani bi kaa sɛ: “Ná nnipa dodow no ara bu yɛn sɛ yɛn bra asɛe, nanso na yɛyɛ mmabun a ɔkyena nko ara yebetumi awu.”

Nnipa a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ ɔko no mu no, nneɛma a ɛyɛ hu a wɔde wɔn ani hui no maa bebree huu amane. Ɛnnɛ yi nyinaa, ebinom wɔ hɔ a, nneɛma a wohui no da so gyinagyina wɔn ani so, na ɛyɛ a na ɛyɛ wɔn sɛ nsɛm no resisi bio. Wɔn a na wɔyɛ mmofra saa bere no mpo, saa na ɛyɛ wɔn mu bi. Nnipa bebree wɔ hɔ a, gyidi a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no sɛee, na wɔbɔɔ wɔn bra sɛnea wɔpɛ biara. Sɛ obi reyɛ biribi a, na obiara rentumi nka nkyerɛ no sɛ eye anaa enye. Enti na obiara tumi de n’adwene yɛ nea ɔte nka sɛ eye ma no.

Suban Foforo Begyee Ntini

Sɛnea na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ nna ho no, wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu bi wɔ Wiase Ko a Ɛto So Mmienu no akyi, na wɔde nea wohui no too gua. Wɔyɛɛ saa nhwehwɛmu no baako wɔ Amerika, na wɔde too gua afe 1940 akyi hɔ baabi. Wɔfrɛ no Kinsey Report, na na nhoma no nkratafa boro 800. Emu nsɛm a wɔde too gua no nti, nna ho nsɛm a bere bi, na ɛyɛ den sɛ nkurɔfo bɛka wɔ baguam no, afei de na nnipa pii tumi ka a wɔmfɛre ho. Ɛwom, nnipa dodow a nhwehwɛmu no de too gua sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna, ɔbea ne ɔbea nna mu, ne nna mu adapaade foforo mu no, ɛbɛdaa adi sɛ wɔaka aboro so. Nanso ade a nhwehwɛmu no maa no daa adi ne sɛ, ɔko no akyi no, nnipa suban sɛee koraa.

Ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi ama nkurɔfo ahu sɛ wɔn ani gye ɔbra pa ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ansa na wɔde biribi bɛba radio so, sini mu, anaa television so no, na wɔma ebinom hwehwɛ mu hwɛ sɛ ɔbra fĩ biara nnim. Nanso ankyɛ na nneɛma sesae. William Bennett a mmere bi na ɔda U.S. nhomasua asoɛe ano no kyerɛɛ mu sɛ: “Eduu afe 1960 mu hɔ baabi no de, na Amerikafo suban agye nsam koraa ama ɛkɔyɛɛ sɛ nea wɔrekɔ wɔn akyi mpo wɔ anibue mu.” Saa na ɛkɔɔ so wɔ aman bebree so. Nkurɔfo suban a na ɛresɛe no, ɛyɛɛ dɛn na efi afe 1960 reba no, egyee nsam saa?

Afe 1960 kosi afe 1969 mu hɔ no, mmea nyaa fahodi, enti na wotumi kyerɛ wɔn adwene, na adwene a nkurɔfo wɔ wɔ nna ho nso, afei de ɛsesae koraa. Wɔyeyɛɛ nnuru nso a etumi siw nyinsɛn ano. Ɛnam sɛ nkurɔfo behui sɛ wɔne afoforo da a nyinsɛn remma nti, afei de na obiara tumi ne obiara da kɛkɛ.

Saa bere no ara nso, nneɛma bi a kan na wohu no sɛ ɛmfata sɛ wɔde ba dawurubɔ nkrataa mu, sini mu, ne television so no, afei de na wɔatu agu mu. Owura Zbigniew Brzezinski yɛ obi a kan no na ɔda U.S. man no bagua a ɛhwɛ bammɔ so ano. Ɔkaa nneɛma a na woyi wɔ TV so ho asɛm sɛ: “Woyi nneɛma a ɛma nkurɔfo dwen wɔn nko ara ho, nneɛma a ɛma nkurɔfo nya adwene sɛ mfomso biara nni basabasayɛ ne awudisɛm ho, [ne] nneɛma a ɛma nkurɔfo nya adwene sɛ wubetumi ne obiara a wopɛ ada.”

Afe 1970 kosi afe 1979 mu hɔ no, na video-dɛk aba so paa. Enti aguamansɛm a anka obi rempɛ sɛ nkurɔfo behu sɛ ɔte sini dan mu rehwɛ no, afei de na otumi tena ne dan mu hwɛ a obiara nhu. Nnansa yi ara nso, Intanɛt ama ayɛ mmerɛw koraa sɛ obi a ɔwɔ kɔmputa bɛhwɛ ponografi a ɛyɛ tan paa wɔ ne fie.

Nea afi saa nneɛma yi nyinaa mu aba no yɛ hu paa. Nnansa yi ara, wɔn a wɔhwɛ nkurɔfo so wɔ Amerika afiase bi no, baako kaa sɛ, “Mfe 10 a atwam ni no, sɛ wɔde mmabun ba bɛto ha a, na mitumi kyerɛ wɔn sɛ, woyɛ wei a, ɛyɛ papa, woyɛ wei a, ɛyɛ bɔne. Nanso mmabun a ɛba ha nnansa yi de, woka papa ne bɔne ho asɛm a, wonhu nea worepɛ akyerɛ koraa.”

Ɛhe Na Yebenya Akwankyerɛ Pa?

Nsɔrensɔre a ɛwɔ wiase no, wɔrentumi mmoa yɛn mma yenhu nea eye ne nea enye. Akwankyerɛ pa a Yesu ne n’akyidifo a wɔtenaa ase tete no de bɔɔ wɔn bra no, nsɔrensɔre no de ato baabi de wɔn ho ahyɛ wiase no ne emu nneɛma bɔne mu fee. Ɔkyerɛwfo bi bisae sɛ: “Aman bɛn na sɛ wɔreko a wɔn mu biara nka sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi?” Mfe bi a atwam no, ɔsɔfo bi a ɔwɔ New York City kaa sɛnea wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ ato nkyɛn no ho asɛm sɛ: “Wiase nyinaa, ekuw biara nni hɔ a ɛyɛ fow te sɛ asɔre, efisɛ nea wɔhwehwɛ fi obi hɔ ansa na wadɔm asɔre no, ɛyɛ mmerɛw mpo sen nea wɔhwehwɛ fi obi hɔ ansa na waforo bɔs.”

Nea yɛaka yi nyinaa di adanse sɛ sɛnea abrabɔ asɛe koraa wɔ wiase no, ehia sɛ biribi sesa. Nsesae bɛn na ɛsɛ sɛ ɛba? Hena na obetumi de aba, na ɔbɛyɛ no sɛn?

[Asɛm a wɔafa aka]

“Sɛnea wohwiee mogya gui wɔ Wiase Ko a Edi Kan [efi afe 1914 kosi afe 1918] mu nti, afei de na nkurɔfo mmu nnipa nkwa bio koraa”

[Mfoni]

Nneɛma a aporɔw a nkurɔfo de gyigye wɔn ani no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi nsa bɛka bi