Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛyɛe a Bible Awɔ Hɔ Abesi Yɛn Bere Yi So

Nea Ɛyɛe a Bible Awɔ Hɔ Abesi Yɛn Bere Yi So

Nea Ɛyɛe a Bible Awɔ Hɔ Abesi Yɛn Bere Yi So

Sɛ yɛhwɛ nea Bible afa mu abesi yɛn bere yi so a emu nsɛm da so yɛ pɛpɛɛpɛ no a, yɛbɛka sɛ ɛyɛ nwonwa paa. Wɔkyerɛw Bible wiei no, mfe 1,900 atwam. Wɔkyerɛw Bible no wɔ nneɛma a etumi sɛe so. Saa nneɛma no bi ne: mmɛw a wɔde ayɛ krataa ne mmoa nhoma. Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, ɛnnɛ, nnipa kakraa bi na ɛka. Ade baako nso ne sɛ, wiase atumfoɔ binom tuu wɔn ani sii Bible so sɛ wɔbɛsɛe ne nyinaa. Efi ahemfo akɛse so kosi nyamesom mu mpanyimfo so, wɔn nyinaa yɛɛ biara sɛ wobeyi Bible afi wiase.

ƐYƐƐ dɛn na mfe bebree yi nyinaa, Bible akɔ so awɔ hɔ a ɛnnɛ yi, ɛno na abɛyɛ nhoma a agye din paa? Wo de, yɛnhwɛ mu mmienu pɛ.

Nkurɔfo Hwɛɛ So Kyerɛw Pii, Enti Emu Nsɛm No Nsesae

Bible mu nsɛm a wodii kan kyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so no, Israelfo na ekodii wɔn nsam. Wɔhwɛɛ saa nhoma mmobɔwee no so yiye, na wɔhwɛɛ so kyerɛw pii guu hɔ. Israel ahemfo no sei, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnhwɛ mmara a ɛwɔ Lewifo asɔfo no nkyɛn no so nkyerɛw bi mfa.’—Deuteronomium 17:18.

Ná Israelfo bebree gye tom sɛ Kyerɛwnsɛm no yɛ Onyankopɔn Asɛm, enti na wɔkenkan paa. Wɔn a na wɔhwɛ Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi no, na wɔyɛ akyerɛwfo a yɛatete wɔn yiye, na wɔrekyerɛw nso a, na wɔto wɔn bo ase paa. Ná Esra ka akyerɛwfo no ho, na na nyamesuro wɔ ne mu paa. Bible ka sɛ, na ɔyɛ “ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw wɔ Mose mmara a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de mae no mu.” (Esra 7:6) Nkurɔfo bi a wɔfrɛ wɔn Masoretfo hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm anaa “Apam Dedaw” no so kyerɛw bi afe 500 kosi 900. Wɔn mpo de, nea wɔkyerɛwee no, wɔtɔɔ wɔn bo ase kenkan nkyerɛwde no mmaako mmaako hwɛe sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛnea wɔtɔɔ wɔn bo ase kyerɛw biribiara pɛpɛɛpɛ no nti, wɔanni mfomso. Afei nso amma Bible no akyi anyera. Wei nti, mmɔden a atamfo bɔe sɛ wɔbɛsɛe Bible no, ne nyinaa ankosi hwee.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, afe 168 A.Y.B. mu no, Siriafo hene Antiochus a Ɔto So Nnan yɛe biara sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm a nkurɔfo ahwɛ so akyerɛw bi a wobehu wɔ Palestina biara, wɔbɛsɛe no. Yudafo abakɔsɛm nhoma bi ka sɛ: “Nhoma mmobɔwee a wɔakyerɛw mmara no wɔ so biara a wohui no, wɔtetee mu hyew no.” Nhoma bi ka sɛ: “Wɔn a ɔhene no de saa adwuma no hyɛɛ wɔn nsa no, wɔyɛɛ no fekɔfekɔ. . . . Sɛ wohu sɛ obi wɔ saa nhoma kronkron no bi a, . . . na wokum no.” (The Jewish Encyclopedia) Nea wɔyɛe nyinaa akyi, wɔantumi ansɛe Kyerɛwnsɛm no nyinaa. Yudafo a na wɔwɔ Palestina ne aman foforo so no, na ebinom da so ara wɔ bi.

Bere a Bible akyerɛwfo no wiee Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm anaa “Apam Foforo” no, nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi. Afei nkrataa, nkɔmhyɛ, ne abakɔsɛm a Yehowa ma wɔkyerɛw no, nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi, na ankyɛ koraa na ɛhyetaa wiase baabiara. Yohane sei, Asɛmpa a ɔkyerɛw no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw wɔ Efeso anaa baabi a ɛbɛn hɔ. Nanso abenfo ka sɛ, annu mfe 50 mpo na Asɛmpa a Yohane kyerɛw no fã bi kopuee Egypt. Efi Efeso rekɔ Egypt no nyɛ kwan ketewa; ɛyɛ kilomita bebree. Nea abenfo no kae no ma yehu sɛ, nhoma a Yehowa ma wɔkyerɛwee no, ankyɛ koraa na Kristofo a wɔwɔ akyirikyiri nyaa bi.

Afei nso, Onyankopɔn Asɛm a ekodii nnipa bebree nsam nti, Kristo wu akyi mfe bebree mpo, na Kyerɛwnsɛm no bi da so ara wɔ hɔ. Wɔn a wotuu wɔn ani sii Bible so sɛ wɔbɛsɛe no no, baako ne Roma Ɔhempɔn Diocletian. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, February 23, afe 303 Y.B anɔpa no, Diocletian hwɛ maa n’asogyafo bubuu asɔredan bi apon, ɛnna wɔkɔsesaa Kyerɛwnsɛm a ɛwom nyinaa hyew no. Ná Diocletian adwene yɛ no sɛ, sɛ ɔsɛe Kristofo nhoma kronkron no a, ɛbɛma watu Kristosom ase. Ade kyee no, ɔhyɛɛ mmara wɔ Roma Ahemman no nyinaa mu sɛ Bible a ɛwɔ hɔ no, wɔnkɔhyew no petee mu. Nanso, ebi kae, na nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi. Bere a Diocletian tuu n’ani sii Bible so sɛ ɔbɛsɛe no no, ɛbɛyɛ sɛ Greek Bible a nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi no, emu mmienu de, ɛfa kɛse no ara kae, na awɔ hɔ ara abesi yɛn bere yi so. Baako wɔ Rome, ɛnna baako a aka no nso wɔ British Library wɔ London, England.

Ɛwom, Bible a wodii kan kyerɛwee no, baako koraa nni hɔ a yɛahu, nanso nea nkurɔfo hwɛɛ so de wɔn nsa kyerɛw bi no de, mpempem da so ara wɔ hɔ besi nnɛ. Ebi yɛ Bible mũ no nyinaa, na ebi nso yɛ ne fã bi. Ebi wɔ hɔ a ayɛ dedaw paa. Bible a wodii kan kyerɛwee no, esiane sɛ nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi nti, emu nsɛm asesa anaa? Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no W. H. Green kaa biribi faa Hebri Kyerɛwnsɛm no ho. Ɔkaa sɛ: “Yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ, tete nhoma biara nni hɔ a wɔhwɛɛ ebi so kyerɛw no pɛpɛɛpɛ saa da.” Sɛ yɛka wɔn a wɔaben paa wɔ Bible nsaano nkyerɛwee mu a, baako ne Sir Frederic Kenyon. Ɔno nso kyerɛw biribi faa Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no ho. N’asɛm ne sɛ: “Sɛ wohwɛ Bible a wodii kan kyerɛwee ne nea nkurɔfo ahwɛ so akyerɛw bi a akyɛ paa a ɛwɔ hɔ nnɛ no a, wubehu sɛ mfe a ɛda nea wodii kan yɛe ne nea wɔyɛɛ no akyiri yi ntam no nyɛ ahe biara. Enti nea nkurɔfo gyina so ka sɛ Kyerɛwnsɛm a yɛwɔ no nnɛ no nte sɛ nea wodii kan kyerɛwee no, enni nnyinaso bio. Sɛnea nhoma ahorow a ɛwɔ Apam Foforo no mu di mũ na ɛyɛ nokware no, afei de obiara agye atom.” Ɔsan kaa sɛ: “Yebetumi aka paa sɛ nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, ebiara nsesae, ɛte sɛ nea ɛte no ara. . . . Wontumi nka biribi a ɛte saa mfa tete nhoma biara a ɛwɔ wiase ho.”

Bible Nkyerɛase

Ade a ɛto so mmienu a aboa paa ama Bible abɛyɛ nhoma a agye din paa wɔ wiase ne sɛnea wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu no. Wei ne Onyankopɔn apɛde hyia paa. Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu ne kasa ahorow mu behu no, na wɔasom no “honhom ne nokware mu.”—Yohane 4:23, 24; Mika 4:2.

Hebri Kyerɛwnsɛm a wodii kan kyerɛɛ ase a agye din paa ne Septuagint a ɛwɔ Greek kasa mu no. Wɔyɛ maa Yudafo a wɔka Greek kasa a na wɔnte Palestina no. Bere a wowiee saa nkyerɛase no, edii bɛyɛ mfe 200 ansa na Yesu rebɛyɛ ne som adwuma wɔ asaase so. Bere a wɔkyerɛw Bible no nyinaa wiei no, mfe bɛyɛ 300 akyi no, nkurɔfo kyerɛɛ ne nyinaa ase kɔɔ kasa bebree mu. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no nso ka nea nkurɔfo kyerɛɛ ase no ho. Nanso akyiri yi, ahemfo ne asɔfo a anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara ma nkurɔfo nsa ka Bible no yɛɛ biribi foforo koraa. Asɔfo no amma kwan amma nkurɔfo ankyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase ankɔ kasa a nnipa dodow no ara ka mu. Nea wɔyɛe no nti, wɔn asɔremma anhu Bible mu nokware no.

Mmarima bi a wɔwɔ akokoduru buu Asɔre no ne Ɔman no mmara so de wɔn nkwa too wɔn nsam kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa a nnipa dodow no ara ka mu. Wɔn a wɔkyerɛɛ Bible no ase no, baako ne William Tyndale. Ofi England, na ɔkɔɔ sukuu wɔ Oxford. Afe 1530 mu no, ɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nhoma nnum a edi kan no ase. Ɛno na yɛfrɛ no Pentateuch no. Nkurɔfo tan n’ani paa, nanso ɔno ne onipa a odi kan a ɔkyerɛɛ Bible ase fii Hebri mu kɔɔ Borɔfo kasa mu. Tyndale nso ne onipa a odi kan a ɔkyerɛɛ Bible ase kɔɔ Borɔfo mu a ɔde edin Yehowa no yɛɛ adwuma. Owura bi a yɛfrɛ no Casiodoro de Reina yɛ Bible ho ɔbenfo a ofi Spain. Ɔno nso, na Katolekfo repɛ no akum no denneennen. Ne bɔne ara ne sɛ, wɔn a wodii kan kyerɛɛ Bible ase kɔɔ Spain kasa mu no, na ɔka ho. Bere a ɔrekyerɛ Bible no ase no, n’adwuma no de no kopuee England, Germany, France, Holland, ne Switzerland ansa na ɔretumi awie. *

Ɛnnɛ nyinaa, nkurɔfo gu so ara rekyerɛ Bible ase kɔ kasa bebree mu, na wogu so ara retintim Bible ɔpepem pii. Sɛ yɛhwɛ nea Bible afa mu a ɛda so ara wɔ hɔ, a abɛyɛ nhoma a agye din paa sen nhoma foforo biara no a, ɛma yehu sɛ asɛm a Onyankopɔn maa ɔsomafo Petro kyerɛwee no yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Sare wu na nhwiren po, nanso Yehowa asɛm tena hɔ daa.”—1 Petro 1:24, 25.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Bible a Reina kyerɛɛ ase no, wotintim no afe 1569 mu, ɛnna Cipriano de Valer yɛɛ mu nsakrae afe 1602.

[Adaka/Mfoni]

BIBLE NKYERƐASE BƐN NA ƐSƐ SƐ MEKENKAN?

Kasa bebree wɔ hɔ a, wɔwɔ Bible nkyerɛase ahorow ahorow. Nkyerɛase no bi wɔ hɔ a, wokan a, emu denneennen, na nsɛmfua no bi nso atwam. Ebi wɔ hɔ a, wɔabɔ nsɛm no mua sɛnea ɛbɛyɛ a n’akenkan bɛyɛ mmerɛw. Esiane sɛ wɔayɛ no saa nti, emu nsɛm ne Bible no ankasa nhyia. Ebi nso wɔ hɔ a, ɛkame ayɛ sɛ wɔfa asɛmfua biara a, na wɔakyerɛ ase sɛnea ɛte no ara, enti nkyerɛase no yɛ traa.

Yehowa Adansefo na wɔyɛɛ New World Translation of the Holy Scriptures (Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase) no. Wɔn a wɔkyerɛɛ ase no, na wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn din to gua. Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, ɛno so na wɔhwɛ kyerɛɛ ase baa Borɔfo kasa mu. Yɛahwɛ Borɔfo de no so akyerɛ ase kɔ kasa bɛyɛ 60 mu. Wɔn a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa ahorow mu no, ɛnyɛ Borɔfo de no nko ara na wɔhwɛɛ so. Mmom, wɔsan de totoo kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no ho nso. Wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ho adwuma no, wɔde sii wɔn ani so sɛ baabiara a ɛbɛyɛ yiye no, wɔbɛkyerɛ nsɛmfua no ase tee sɛnea na ɛte wɔ tete nkyerɛwee no mu. Baabi a ɛrenyɛ yiye no, wɔkyerɛɛ aba a ɛwom no ase. Tete no, sɛ wɔn a wɔka kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no kan a, na wɔte ase. Ɛno nti, wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no nso de sii wɔn ani so sɛ, wɔbɛma wɔn nkyerɛase no mu ada hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnnɛ nso, sɛ obi kenkan a, ɔbɛte ase.

Kasa ho abenfo bi agye bere ahwehwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ne Bible nkyerɛase ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Ná wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔakyerɛ Bible ahorow no ase pɛpɛɛpɛ, anaa wɔn a wɔkyerɛɛ ase no aka biribi akyea no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne wɔn gyidi behyia. Abenfo no mu baako ne Jason David BeDuhn. Ɔyɛ nyamesom ho ɔbenfo a ɔkyerɛ ade wɔ Northern Arizona University wɔ United States. Afe 2003 mu no, ɔkyerɛw nhoma bi a ɛwɔ nkratafa 200. Ná ɛyɛ nhwehwɛmu bi a wɔayɛ a ɛfa “Bible nkyerɛase nkron bi ho.” * Saa Bible nkyerɛase no na wɔn a wɔka Borɔfo kasa taa kenkan. Ne nhwehwɛmu no mu no, ɔde n’adwene sii kyerɛwnsɛm ahorow bi so. Kyerɛwnsɛm ahorow yi, obiara ne sɛnea ɔte ase, ɛno nti abenfo adwene nhyia wɔ ho. Ne saa nti, “ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no bɛkyea no ama ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ ahyia.” Enti nea ɔyɛe ne sɛ, ɔfa kyerɛwsɛm biara a, ɔhwɛ sɛnea ɛte wɔ Greek kasa no mu, na ɔde atoto Borɔfo nkyerɛase nkron a ɔreyɛ ho nhwehwɛmu no ho. Ná ɔpɛ sɛ ɔhwɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no aka asɛm bi akyea no ama asesa ntease no anaa. Bere a owiee ne nhwehwɛmu no, dɛn na ohui?

BeDuhn kaa wɔ ne nhoma no mu sɛ, nnipa bebree ne Bible abenfo pii adwene yɛ wɔn sɛ, nea enti a nsonsonoe da Wiase Foforo Nkyerɛase no ne nkyerɛase foforo a aka no ntam no ne sɛ, wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛɛ ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ behyia. Nanso ɔkaa sɛ: “Wohwɛ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, na wode toto Wiase Foforo Nkyerɛase no ho a, wubehu sɛ wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ ase pɛpɛɛpɛ aba Borɔfo mu. Ɛno nti, kyerɛwnsɛm no bi wɔ hɔ a, wubehu sɛ ɛsono sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu, ɛnna ɛsono sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ nkyerɛase afoforo a aka no mu.” Ɛwom, sɛnea wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no akyerɛ Bible no fã bi ase no, BeDuhn ne wɔn nyɛ adwene. Nanso ɔka sɛ, sɛ ɔde Wiase Foforo Nkyerɛase no toto Bible nkyerɛase a aka no ho a, “ɛno na wɔakyerɛ ase yiye paa.” Ɔkaa sɛ sɛnea wɔakyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ase no, “adutwam.”

Dr. Benjamin Kedar yɛ Hebri kasa ho ɔbenfo a ɔwɔ Israel. Ɔno nso kaa biribi saa faa Wiase Foforo Nkyerɛase no ho. Afe 1989 mu no, ɔkaa sɛ: “Wɔn a wɔkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ase no yɛ anokwafo paa. Efisɛ wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase pɛpɛɛpɛ ama emu ada hɔ. . . . Minhuu biribiara wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a metumi agyina so aka sɛ wɔhyɛɛ da kyerɛɛ ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ behyia.”

Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti paa na mepɛ sɛ mekenkan Bible? Bible a n’akenkan yɛ mmerɛw nanso ne nkyerɛase nyɛ papa, ne nea wɔakyerɛ ase yiye a emu nsɛm no te sɛ nea wodii kan kyerɛwee no, emu nea ɛwɔ he na w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan?’ (2 Petro 1:20, 21) Sɛ wuhu nea enti paa a wopɛ sɛ wokenkan Bible a, ɛno na ɛbɛboa ama woahu nkyerɛase a ɛsɛ sɛ wokenkan.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 22 New World Translation (Wiase Foforo Nkyerɛase) no da nkyɛn a, nkyerɛase afoforo a ɔde yɛɛ ne nhwehwɛmu no ne The Amplified New Testament, The Living Bible, The New American ­Bible With Revised New Testament, New American Standard Bible, The Holy BibleNew International Version, The New Revised Standard Version, The Bible in Today’s English Version, ne King James ­Version.

[Mfoni]

Wɔakyerɛ “Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase” no ase kɔ kasa pii mu

[Mfoni]

Masoretfo nsaano nkyerɛwee

[Mfoni]

Nsaano nkyerɛwee sin bi a Luka 12:7 wɔ so. Ɛka sɛ: “. . . munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree”

[Mfoni Fibea]

Foreground page: National Library of Russia, St. Petersburg; second and third: Bibelmuseum, Münster; background: © The Trustees of the Chester Beatty Library, Dublin