Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Adi Nkonim!

Wubetumi Adi Nkonim!

Wubetumi Adi Nkonim!

BERE aso sɛ ‘wunya akokoduru’ na wutu anammɔn. (1 Beresosɛm 28:10) Nneɛma bɛn bio na woyɛ a ebetumi ama woagyae sigaretnom?

Hyɛ da a wubegyae. U.S. Asoeɛ a Ɛhwɛ Apɔwmuden Ne Nnipa Ahiade Ho Nsɛm So no kaa sɛ, efi da a wubesi gyinae sɛ woregyae sigaretnom kosi da a wopɛ sɛ wugyae koraa no, ɛnsɛ sɛ ɛboro nnawɔtwe mmienu. Anyɛ saa a, sɛnea aba wo mu sɛ wubegyae no bɛkɔ fam. Ɛda a wopɛ sɛ wugyae no, fa hyɛ wo kalenda so, ka ho asɛm kyerɛ wo nnamfo, na sɛ nneɛma sesa mpo a, bɔ mmɔden di so.

Kyerɛw biribi wɔ krataa so na ɛmmɔ wo nkae. Nea wubetumi akyerɛw wɔ so ne nea edidi so yi ne biribi foforo biara a ɛbɛhyɛ wo den ama woatumi agyae:

● Nea enti a wopɛ sɛ wugyae

● Nnipa a ɛba sɛ wo kɔn dɔ sigaret a wobetumi aboa wo no fon nɔma

● Nsɛm a wubetumi adwen ho na ahyɛ wo den. Ebi ne Bible mu nsɛm bi te sɛ nea ɛwɔ Galatifo 5:22, 23 no.

Krataa a woakyerɛw nsɛm wɔ so no, fa hyɛ wo ho bere nyinaa, na da mu no nyinaa kan mu mpɛn pii. Sɛ wutumi gyae nom mpo a, bere biara a wo kɔn bɛdɔ no, san fa krataa no kan mu.

Nneɛma a ɛma wo kɔn taa dɔ sigaret no, di kan yɛ ho biribi. Ansa na da a woahyɛ sɛ wubegyae no bɛso no, fi ase yɛ nneɛma bi a ɛbɛma ayɛ den sɛ wobɛnom sigaret. Sɛ wo haw ne sɛ anɔpa biara wosɔree ara na worenom a, ɛnde ɛyɛ a twɛn bɛyɛ dɔnhwerew baako anaa nea ɛboro saa ansa na woanom. Sɛ woyɛ obi a wonom sigaret bere a woredidi anaa bere a woadidi awie a, ɛnde nnom no saa bere no bio. Afei baabiara a nkurɔfo nom sigaret no, mmɛn hɔ. Sɛ obiara nni wo nkyɛn a, ɛyɛ a ka ma empue w’ano sɛ: “Daabi, merennom. Magyae sigaretnom.” Wutu saa anammɔn no a, ɛbɛma woasiesie wo ho atwɛn da a wubegyae koraa no. Afei nso ɛbɛma woakae sɛ ɛrenkyɛ wubegyae sigaretnom.

Boaboa wo ho. Bere a woahyɛ sɛ wubegyae sigaretnom no, sɛ ɛreyɛ adu a, pɛ nneɛma bi gu hɔ na ɛyɛ a woawe. Ebi ni: karɔt a wɔatwitwa no nteaanteaa, kyingam, nkate, anaa nneɛma foforo a wubetumi awe. Ɛyɛ a kae wo nnamfo ne w’abusuafo sɛ ɛda sei na woahyɛ sɛ wubegyae, na kyerɛ wɔn nea wobetumi ayɛ aboa wo. Ɛda no reyɛ adu a, ade a ɛyɛ a wode sigaret sin ne nsõ gu mu, ne nea wode sɔ sigaret no, tow ne nyinaa gu. Biribiara a ebetumi atwetwe wo ama woasan akɔ sigaret ho no, yi ne nyinaa kɔtow gu. Ebi ne sigaret a ɛdeda fie hɔ, nea ɛwɔ wo kar mu anaa ɛhyɛ wo bɔtɔ mu, ne nea ɛwɔ adwumam. Sɛ ebi mmɛn wo a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyae, efisɛ ɛyɛ den sɛ wobɛka akyerɛ w’adamfo bi sɛ ɔmma wo sigaret nnom anaasɛ wobɛkɔ akɔtɔ bi anom. Afei nso, kɔ so ara bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wo. Bere a woagyae no, saa bere no koraa na ehia sɛ wobɔ mpae no kɛse.—Luka 11:13.

Sigaret yɛ adamfo bɔne a onya wo a obepira wo, nanso nnipa bebree atumi ne saa adamfo bɔne a bere bi na wɔne no nam yi “atwa adamfo” mu. Wo nso wubetumi atetew wo ho. Woyɛ saa a, wubenya apɔwmuden, na fahodi kɛse da hɔ retwɛn wo.

[Mfoni]

Krataa a woakyerɛw nsɛm wɔ so no, fa hyɛ wo ho bere nyinaa, na da mu no nyinaa kan mu mpɛn pii