Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU

Anidaso Wɔ Hɔ

Anidaso Wɔ Hɔ

“Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—DWOM 37:11.

Bible ma yehu sɛ onipa nkwa “nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ɛnnɛ, obiara wɔ ne haw. Nanso ebinom deɛ, wɔto wɔn ani a ɛntɔ obiara anim, enti ɛyɛ wɔn sɛ anidaso asa. Saa na ato wo anaa? Sɛ saa a, ka wo koma to wo yam. Bible ma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma nnipa nyinaa; wo nso wo ka ho. Ebi na edidi so yi:

  • Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ ade papa bi ma yɛn.—Genesis 1:28.

  • Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma asase ayɛ paradise.—Yesaia 65:21-25.

  • Ɛdan sɛ boɔ a, saa bɔhyɛ no bɛbam. Adiyisɛm 21:3, 4 ka sɛ:

    “Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

Eyi nyɛ bɔsrɛmka. Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɛbɛbam ɔkwan biara so. Ɔwɔ tumi, na ɛwɔ ne komam nso sɛ ɔbɛyɛ. Nea Bible aka no yɛ nokware turodoo, ɛno nti sɛ yɛka sɛ, “Ehia wo a nwu” a, yedi ka.

KAE SAA ASƐM YI: Nneɛma betumi aha wo araa ma wunhu nea wonyɛ wo ho. Nanso Bible mu asɛm ma anidaso, na ebetumi ama woagyina pintinn.

NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Firi aseɛ hwehwɛ anidaso a ɛwɔ Bible mu no. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo. Wubetumi ahwehwɛ wɔn wɔ baabi a wote. Wopɛ nso a, kɔ wɔn Wɛbsaet wɔ jw.org. *

^ nky. 11 Nea wubetumi ayɛ: Kɔ jw.org na hwɛ PUBLICATIONS > ONLINE LIBRARY. Wudu hɔ a, hwehwɛ “depression” anaa “suicide” na wubehu pii aka ho.