Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

United States

Tɛknɔlɔgyi a apolisifo bi de yɛ adwuma nti, sɛ wɔretaa kar bi a, wɔnhaw wɔn ho ntu mmirika tɛntɛ. Ɛkwan baako a wɔresɔ ahwɛ ne sɛ, wɔde afiri bi bɔ polisifo kar anim ma ɛtow biribi a yɛfrɛ no GPS-tracker kɔfam kar a wɔretaa no no ho. Wɔyɛ saa wie a wɔmpere wɔn ho; wɔdi kar no akyi nkakrankakra kɔsi sɛ wɔbɛkyere no.

India

Nkurɔfo abu akontaa ahu sɛ dɔnhwerew baako biara tiade ho mansotwe nti, yɛkum ɔbaa baako. Aban agu tiade no wɔ ɔman no mu, nanso afe 2012 mu no, mmaa bɛboro 8,200 na nkurɔfoɔ kunkum wɔn. Ne nyinaa fi sɛ, barima a ɔreware no anaa n’abusuafo bo nnwo tiade a ne yere tuae no so.

Switzerland

Switzerlandfo de mfiri nketenkete bi bobɔɔ asomfena ho wɔ baabi a wɔhwane wɔn mma. Nea wɔhui ne sɛ nnomaa no de nnafua 200 tu faa wim baa Afrika; wɔanhome baako koraa. Kan no, na nkurɔfo dwene sɛ nsuboa nko ara na wɔtumi twa kwantenten saa.

Afrika Atifi Apuei

Efi April 2005 kosi December 2012 no, po so akorɔmfo gyee po so ahyɛn 179 wɔ Afrika atifi apuei. Wiase Nyinaa Sikakorabea bu akontaa sɛ, sika a wɔtua maa akorɔmfo no de gyee ahyɛn no, na ano si Amerika dɔla ɔpepem 413.