Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | BIBLE SO WƆ MFASOƆ NNƐ?

Ɛntwaam, Ɛbɛtumi Aboa Obiara—Awareɛ Mu Nokorɛdie

Ɛntwaam, Ɛbɛtumi Aboa Obiara—Awareɛ Mu Nokorɛdie

BIBLE MU ASƐM: “Momma awareɛ ho mmra nyam, na monngu awareɛ mpa ho fĩ.”Hebrifoɔ 13:4.

ƐSO MFASOƆ: Ebinom bu Bible mu asɛm yi sɛ biribi a atwam. Nanso wei nnyɛ nokorɛ koraa! Ɛfiri berɛ a wɔtwerɛɛ Bible no bɛsi nnɛ nyinaa, sɛ obi firi ne hokafoɔ akyi a, na wadi no awu paa.Mmebusɛm 6:34, 35.

Jessie wɔ yere ne mma, na ɔkaa sɛ: “Me ne me yere di yɛn ho nokorɛ, na ama yɛn awareɛ asɔ paa. Sɛ awareɛ bɛgyina a, ɛsɛ sɛ obiara gye ne yɔnko di. Obi firi ne kunu anaa ne yere akyi a, ɛyɛ den sɛ ne hokafoɔ no bɛgye no adi.” Ɔhaw a mmɔfra no nso fa mu deɛ yɛnka!

Ligaya * deɛ, ɛkaa dɛ anka n’awareɛ guiɛ. N’anom asɛm nie: “Mede me ho kɔdɔm fekubɔne, na mefirii aseɛ kɔɔ disko. Ewiee aseɛ no na mefa me kunu akyi.” Wei maa Ligaya ani gyeeɛ anaa? Dabi, mmom daa na ɔne ne kunu reham, na anigyeɛ a ɛde anigyeɛ deɛ, na ɔnni bi. Ɔka kaa ho sɛ: “Afei m’ankasa metenaa ase hwɛɛ animguaseɛ a makɔfa ato me ho so, na makaee asɛm bi a na m’awofoɔ taa ka: ‘Fekubɔne sɛe ɔbra pa.’ Anokwa, na wɔdi bem.”1 Korintofoɔ 15:33.

Ligaya toaa so sɛ: “Ɛduu baabi no na nneɛma reyɛ agye nsɛm, enti mesii gyinaeɛ sɛ mɛgyae brabɔne no na masua Bible de abɔ me bra.” Dɛn na ɛfirii mu baeɛ? Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma awareɛ no agyina, na ne kunu nso ne no tenaa kama. Ɔno ara too n’anom tuo sɛ ɛyɛ Bible na ɛboaa no ma ɔsesaa n’abrabɔ koraa. Ɛnneɛ, wanu ne ho sɛ watwe ne ho afiri abrabɔ bɔne ne nnamfo bɔne no ho anaa? Ɔkaa sɛ: “Mennuu me ho da!”

^ nky. 6 Wɔasesa din no.