Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Onyankopɔn Wɔ Hɔ? Adɛn Nti na Ɛhia Sɛ Yɛhu?

Onyankopɔn Wɔ Hɔ? Adɛn Nti na Ɛhia Sɛ Yɛhu?

Nnipa pii fam no, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ oo, ɔnni hɔ oo, ɛyɛ wɔn akyi asɛm. Wɔtetee Hervé wɔ France na ɔka sɛ: “Ebinom se Onyankopɔn nni hɔ. Afoforɔ nso nhu sɛ ɔwɔ hɔ anaa ɔnni hɔ. Nanso me deɛ, mennyina ɔfa biara. Nea menim ara ne sɛ mede m’adwene bɛyɛ adwuma. Enti sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ oo, ɔnni hɔ oo, ɛnyɛ ɛno na ɛhia me.”

Ebia ebinom nso ne John a ɔfi United States bɛyɛ adwene. Ɔka sɛ: “Na m’awofoɔ nnye Onyankopɔn nni. Enti meyɛ aberante no, na mennim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ ɔnni hɔ. Nanso ɛtɔ da a, na medwene ho.”

Wo nso woabisa wo ho pɛn sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa? Na sɛ ɔwɔ hɔ a, dɛn nti koraa na ɔbɔɔ yɛn? Ebia woahu adanse a ɛkyerɛ sɛ nkwa ntumi mpue mfi biribi a nkwa nnim mu. Bio nso biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asase so ma enti nnipa ne mmoa ne afifide tumi tena so. Sɛ woannye antom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛtumi akyerɛkyerɛ wei nyinaa mu.​—Hwɛ adaka a wɔato din “ Hwɛ Adanse No.”

Wo deɛ susu nea yɛaka yi ho hwɛ. Ayɛ sɛ biribi a ɛrekyerɛ wo kwan akɔ baabi a agude bi hyɛ. Sɛ wohu nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ ampa-ne-ampa ara Onyankopɔn wɔ hɔ a, na woatu ahũ. Yɛnsusu nhwɛso nnan ho nhwɛ.

1. NEA ENTI A YƐTE ASE

Sɛ biribi nti na yɛte ase a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ yɛhu na yɛhwɛ sɛnea ɛka yɛn. Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na yɛnnim a, ɛnneɛ na nokwasɛm bi a ɛhia paa afa yɛn ase.

Bible ka sɛ Onyankopɔn ne nkwa nyinaa farebae. (Adiyisɛm 4:11) Adɛn nti na saa nokwasɛm yi so wɔ mfaso? Wo deɛ ma yɛnhwɛ nea Bible ka fa asɛm yi ho.

Wohwɛ nneɛma a ɛwɔ asase so nyinaa a, nnipa yɛ soronko koraa. Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:27) Bible san kyerɛkyerɛ sɛ nnipa bɛtumi ne Onyankopɔn afa adamfo ma ayɛ yie. (Yakobo 2:23) Biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi ama yɛanya akomatɔyam sen sɛ yɛne yɛn Bɔfo no bɛfa adamfo.

Sɛ obi ne Onyankopɔn fa adamfo a, mfaso bɛn na ɔbɛnya? Onyankopɔn nnamfo bɛtumi ne no akasa tee. Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛtie wɔn na waboa wɔn. (Dwom 91:15) Yɛfa Onyankopɔn adamfo a, yɛbɛtumi ahu nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Wei bɛboa ma yɛate asetenam nneɛma pii ase.

Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na yɛnnim a, ɛnneɛ na nokwasɛm bi a ɛhia paa afa yɛn ase

2. ASOMDWOE

Ebinom hwɛ amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase no a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛyɛ a wɔbisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ tumi ayɛ nhwɛhãã ma amanehunu ne nsɛmmɔnedie akɔ so saa?’

Mmuae a Bible de ma wɔ asɛm yi ho ka koma paa. Ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa bɛhu amane. Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, wɔammɔ owuo ne amanehunu anka ho. (Genesis 2:7-9, 15-17) Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛgye adi? Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma wo. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ tumi bi wɔ hɔ na ɔdɔ yɛn paa a, ɛnneɛ asetena a ɛte saa na ɔpɛ sɛ yɛnya.

Ɛnneɛ ɛbaa no sɛn na awie yɛn sɛɛ yi? Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, ɔde yɛn pɛ maa yɛn. Wɔanyɛ yɛn sɛ robot; mmom ɔpɛ sɛ yɛfi yɛn pɛ mu tie no. Yɛn nana Adam ne Hawa antie Onyankopɔn asɛm. Ná wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔn ara wɔpɛ. (Genesis 3:1-6, 22-24) Ɛno na akɔfa owuo ne amanehunu bebrebe yi abɛsoɛ yɛn so.

Sɛ yɛhu sɛ Onyankopɔn ammɔ owuo ne amanehunu anka yɛn ho a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Nokwasɛm ni, onipa biara pɛ ahotɔ. Ɛnneɛ dɛn na ɛbɛma yɛanya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yie daakye?   

3. ANIDASO

Bere a nnipa a wɔdi kan yɛɛ asoɔden ara pɛ na Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma nea enti a ɔbɔɔ asase no ayɛ hɔ daakye. Ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ, enti biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi asi no kwan. (Yesaia 55:11) Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛyi ɔhaw biara a asoɔden no de aba afi hɔ na wama asase ne adesamma asi wɔn dada mu, sɛnea na ɛte mfiase no.

Dɛn na wei nyinaa bɛkyerɛ ama wo? Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ nneɛma bebree daakye. Wo deɛ, ma yɛnsusu emu mmienu pɛ ho.

  • NSƐMMƆNEDI BƐFI HƆ NA ASOMDWOE AHYƐ ASASE SO MA. “Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na ɔnni hɔ. Na ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.”​—Dwom 37:10, 11.

  • YAREƐ NE OWUO BƐFI HƆ. “Ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24) “Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpepa obiara ani so nisuo.”​—Yesaia 25:8.

Adɛn nti na yɛbɛtumi anya Onyankopɔn bɔhyɛ yi mu ahotɔsoɔ? Yɛbɛtumi anya mu ahotɔsoɔ efisɛ Bible nkɔmhyɛ pii aba mu ma nnipa ahu. Nea Bible aka afa daakye ho nyinaa yɛate, nanso seesei yɛrehu amane. Ɛnneɛ, mmoa bɛn bio na Onyankopɔn wɔ ma yɛn?

4. ƐBOA YƐN WƆ YƐN HAW NE YƐN GYINAESI MU

Onyankopɔn ma yɛn akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yɛgyina ɔhaw ano, na yɛtumi sisi gyinae pa. Gyinae a yɛsi no pii yɛ nneɛma nketenkete, nanso ebi wɔ hɔ a ɛka yɛn asetena. Ɔbɔadeɛ no akyi no onipa dasani biara nni hɔ a ɔbɛtumi ama yɛn nyansa ma aboa yɛn wɔ asetenam. Ɛfi tete bɛsi nnɛ ne daakye nyinaa, Onyankopɔn nim biribiara efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn. Ɔno na ɔnim nea ɛyɛ ma yɛn.

Yehowa Nyankopɔn de ne honhom kaa nnipa ma wɔkyerɛw Bible no. Enti ne tirim asɛm na ɛwom. Wohwɛ Bible mu a, wobɛhu saa asɛm yi: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ wo adeɛ a ɛyɛ ma woɔ, deɛ ɔgya wo fa ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa soɔ no so.”​—Yesaia 48:17, 18.

Onyankopɔn tumi nni ano, na ɔpɛ sɛ ɔde saa tumi no boa yɛn. Bible ma yɛhu sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn agya, ɔdɔ yɛn, na ɔdwene yɛn ho. Ɛka sɛ: “Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wɔbisa no!” (Luka 11:13) Onyankopɔn bɛtumi de ne tumi abɔ yɛn ho ban, na wahyɛ yɛn den.

Dɛn na wobɛyɛ na Onyankopɔn de ne tumi aboa wo? Bible ma yɛn mmuae. Ɛka sɛ: “Ɛsɛ sɛ deɛ ɔba [Onyankopɔn] nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafoɔ.” (Hebrifoɔ 11:6) Sɛ wopɛ sɛ wohu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, ɛnneɛ w’ankasa gye bere hwehwɛ mu.

WOPƐ SƐ WOHU?

Ɛgye bere na obi ahu Onyankopɔn ho nokwasɛm, nanso woyere wo ho a wobɛnya so mfasoɔ pii. Wo deɛ ma yɛntie owura bi a wɔfrɛ no Xiujin Xiao anom asɛm. Wɔwoo no wɔ China nanso seesei ɔte United States. Ɔka sɛ: “Kan no na megye adannandi nkyerɛkyerɛ di, nanso na mepɛ sɛ mehu nea ɛwɔ Bible mu. Enti mefii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Aka kakra ma mawie kɔlege no, na nneɛma abobɔ me so, enti na mennya kwan ne wɔn nsua Bible, na na m’ani nnye. Bere a mesan fii Bible adesua no ase no, afei deɛ na anigye aba fie.”

Wopɛ sɛ wohu yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn ho nsɛm pii? Adɛn na w’ankasa wonnye bere mfa nyɛ nhwehwɛmu?