Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?

Ɔhaw No: Bere a W’adesoa Kyere Wo So

Ɔhaw No: Bere a W’adesoa Kyere Wo So

WO MMA hia wo seesei ara. W’adwumawura nso retwe wo. Wo hokafo nso refrɛfrɛ wo. Yɛreka yi wo maame ne wo papa yare a ɛsɛ sɛ wohwɛ wɔn. Nokwasɛm ni, asetena retwe wo mu. Woanna anso dae da sɛ nneɛma bɛwie wo sei. Wode ahometeɛ bisa sɛ: “Dɛn koraa na menyɛ? Obiara rehwɛ m’anim!” Kae sɛ ‘dua koro gye mframa a ɛbu.’ Sɛ wose wobɛyɛ nea obiara bɛka a, wobɛdi wo ho awu, na ɛremmoa obiara. Ɛnneɛ, dɛn na wobɛyɛ na nneɛma ammunkam wo so?

NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: MOSE

Mose bere so no, ɔno nkutoo na na ɔbu Israelfo bebrebe no nyinaa atɛn. Ɛbɛyɛ sɛ na Mose susu sɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara na ɔreyɛ no. Nanso n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ saa. Woyɛ saa a, wobɛbrɛ.’ Ɔtuu Mose fo sɛ ɔmpɛ mmarima a wɔfata na wɔmmoa no asɛnni mu; gye nea ɛkyere wɔn so na wɔde bɛba ɔno Mose anim. Sɛ ɔyɛ saa a, dɛn na ɛbɛfi mu aba? N’ase ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛtumi “agyina ano na ɔman yi nyinaa de asomdwoeɛ akɔ wɔn tenabea.”—Exodus 18:17-23.

NEA DELINA YƐE

Sɛnea yɛadi kan aka no, Delina anya wedeɛ mu yareɛ bi a wɔfrɛ no dystonia. Ɔno koro yi ara na ɔhwɛ ne nuanom mmiɛnsa a wɔyare. Ɔkaa sɛ: “Mempɛ sɛ me ho kyerɛ me pii, enti memma nneɛma mmobɔ me so na menyɛ mmɔtohɔ. Yɛse ‘wotɔn wo yareɛ a na wonya ano aduro.’ Enti mehia mmoa a, meka kyerɛ me kunu ne afoforo. Maduadua nhwiren wɔ fie na anɔpa biara megye bere kakra de seesei mu. Wei ma m’ani gye paa.”

“Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ ato hɔ.”—Ɔsɛnkafoɔ 3:1

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Sɛ w’adesoa dɔɔso a, wobɛtumi asɔ wei ahwɛ:

  • Pɛ obi ma ɔmmoa wo. Sɛ wo ne wo mma na ɛte fie a, dɛn na wɔbɛtumi ayɛ de aboa? Na abusuafo ne nnamfo nso ɛ, ebi te bɛn wo a wɔbɛtumi aboa?

  • Wohia mmoa bi a, mfa nsie; ma wɔnhu. Sɛ w’adwumawura na ɔde adwuma repuapua wo a, wo ne no nka. Wei nkyerɛ sɛ kɔhunahuna no. Ma no nhu wo haw; ebia ɔbɛyɛ ho biribi ama wo kɔn mu ahare wo.

  • Hu adwuma a woyɛ no nnawɔtwe biara, na hwɛ nea wobɛtumi de ahyɛ afoforo nsa.

  • Amanfoɔ reyɛ biribi na wɔto nsa frɛ wo a, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛsɛ sɛ wodi akyiri. Sɛ wonni bere anaa apɔmuden a, da wɔn ase na ma wɔnhu sɛ worentumi mma.

Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Sɛ woka sɛ wobɛgye biribiara abɔ so a, ɛbɛwie aseɛ no na wonyɛɛ hwee.