Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete nsaano nkyerɛwee a Onyankopɔn din ankasa wɔ so bebree; wɔakyerɛw wɔ Hebri mu

BIBLE NO ADWENE

Onyankopɔn Din

Onyankopɔn Din

Nnipa ɔpepem pii de abodin a nidi wom frɛ Onyankopɔn. Ebi ne Awurade, Nea Ɔwɔ Hɔ Daa, Allah, anaa Onyankopɔn. Nanso Onyankopɔn wɔ din ankasa. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma anaa?

Onyankopɔn din de sɛn?

NEA NKURƆFO KA

 

Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no, bebree gye di sɛ Onyankopɔn din de Yesu. Ebinom nso ka sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, enti ɛho nhia sɛ yɛde ne din ankasa frɛ no. Afoforo nso de, wɔka sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛde Onyankopɔn din ankasa bɛfrɛ no.

NEA BIBLE AKA

 

Yɛmfrɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no Yesu, efisɛ Yesu nyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nokwasɛm mpo ne sɛ, Yesu kyerɛɛ ne mfɛfo asomfo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae na wɔnka sɛ: “Agya, ma wo din ho ntew.” (Luka 11:2) Yesu ankasa nso bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.”​—Yohane 12:28.

Onyankopɔn aka wɔ Bible mu sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no. Na meremfa m’anuonyam mma obiara.” (Yesaia 42:8) Hebri nkyerɛwde YHWH gyina hɔ ma Onyankopɔn din, na wɔkyerɛ ase ba Twi mu a, ɛyɛ “Yehowa.” Saa din yi pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. * Epue mpɛn pii sen abodin foforo biara te sɛ “Onyankopɔn,” “ade nyinaa so Tumfoɔ,” anaa “Awurade.” Ɛsan pue sen din foforo biara te sɛ Abraham, Mose, anaa Dawid.

Yehowa nkaa wɔ Bible no baabiara sɛ mma yɛmmɔ ne din no wɔ nidi mu. Mmom no Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ, Onyankopɔn asomfo de ne din dii dwuma a wɔansuro. Sɛ wɔreto wɔn mma din mpo a, na wɔde ka ho. Ebi ne Elia a ɛkyerɛ “Yehowa Ne Me Nyankopɔn,” ne Sakaria a ɛkyerɛ “Yehowa Akae.” Wɔantwentwɛn wɔn nan ase mpo sɛ wɔde Onyankopɔn din bɛbɔ nkɔmmɔ.​—Rut 2:4.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde ne din di dwuma. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Monna Yehowa ase, mommɔ ne din.” (Dwom 105:1) Ɔkae wɔn a “wodwen ne din ho no” mpo.​—Malaki 3:16.

“Na nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”​—Dwom 83:18.

Onyankopɔn din no kyerɛ sɛn?

Nhomanimfo bi gye di sɛ, wɔ Hebri mu no, edin Yehowa no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Saa asɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi ama ɔno ankasa anaa n’abɔde bi ayɛ nea ehia biara ama n’apɛde ayɛ hɔ. Gye sɛ Ɔbɔadeɛ kɛse no nkutoo na obetumi ayɛ ade ma ɛne saa din no ahyia.

NEA ƐSƐ SƐ WOYƐ

 

Sɛ wuhu Onyankopɔn din a, ɛbɛsesa adwen a wowɔ wɔ ne ho no. Ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛbɛn no. Obi a wunnim ne din de, wobɛyɛ dɛn abɛn no? Susuw ho hwɛ, Onyankopɔn ada ne din adi akyerɛ wo. Wei kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ wobɛn no.​—Yakobo 4:8.

Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛyɛ ade ma ɛne ne din ahyia. Ɛne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a odi ne bɔhyɛ so. Ɛno nti na Bible ka sɛ: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so.” (Dwom 9:10) Sɛ wuhu sɛ Yehowa din ne ne su ahorow sɛ a, ɛbɛma woanya saa ahotoso no. Ne su ahorow no bi ne ɔdɔ, mmɔborɔhunu, tema, ne atɛntrenee. (Exodus 34:5-7) Yehowa bedi ne bɔhyɛ so bere nyinaa, nanso ɔbɛhwɛ sɛ ɔde ne su ahorow no bɛyɛ adwuma. Hwɛ sɛnea eyi ka koma.

Anokwa, ɛyɛ hokwan paa sɛ wode ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no din behu no. Ebetumi abue kwan ama woanya nhyira nnɛ ne daakye. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Mɛbɔ ne ho ban, efisɛ onim me din.”​—Dwom 91:14.

“Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, obenya nkwa.”​—Yoel 2:32.

Onyankopɔn din no wɔ kasa ahorow mu

^ nky. 9 Wohwɛ Bible nkyerɛase bebree mu a, wɔayi Onyankopɔn din afi mu, na wɔde abodin “AWURADE” ahyɛ anan; wɔakyerɛw no nkyerɛwde akɛse mu. Afoforo nso de edin no ahyehyɛ mmeae kakraa bi pɛ anaa ase hɔ asɛm no mu. Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu de, wɔde Onyankopɔn din no adi dwuma mpɛn pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa.