Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆKWAN A WƆFA SO NYA ANIGYE

Nya Anidaso

Nya Anidaso

‘Mewɔ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu, sɛ mɛma mo daakye ne anidaso.’​Yeremia 29:11.

“ANIDASO YƐ . . . BIRIBI A ƐHO HIA PA ARA NA AMA YƐNE ONYANKOPƆN NTAM AYƐ PAPA.” Saa na nhoma bi kae, na ɛde kaa ho sɛ: “Sɛ obi abam bu, ɔyɛ ankonam, anaa ehu hyɛ ne so a, ano aduru pa ara ne anidaso.”—Hope in the Age of Anxiety.

Bible ma yehu sɛ yehia anidaso, na ɛsan bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ anidaso hunu ho. Dwom 146:3 ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto adehye anaa onipa ba a nkwagye biara nni ne mu so.” Sɛ́ anka yɛde yɛn ho bɛto nnipa mmɔdenbɔ so sɛ ɛmmoa yɛn no, nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto Onii a ɔbɔɔ yɛn no so, efisɛ ɔwɔ tumi a ɛbɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam. Ɛbɔ bɛn na wahyɛ? Hwɛ nea edidi so yi.

NSƐMMƆNEDI TO BETWA; ƐNO AKYI, ATRENEEFO BENYA ASOMDWOE AFEBƆƆ: Dwom 37:10, 11 ka sɛ: “Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Dwom 37:29 nso ka sɛ: ‘Treneefo bɛtena asase no so daapem.’

AKODI BƐBA AWIEI: ‘Yehowa ma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu, na otwitwa peaw mu asinasin; ɔde gya hyew nteaseɛnam.’—Dwom 46: 8, 9.

YARE, AMANEHUNU, NE OWU BEFI HƆ: “Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu . . . ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

ADUAN BEBU SO AMA OBIARA: “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

ABAN BAAKO BEDI WIASE NYINAA SO WƆ TRENEE MU—KRISTO AHENNI: “[Yesu Kristo] na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no. Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.”—Daniel 7:14.

Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ bɔhyɛ ahorow yi bɛbam? Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔmaa adanse pefee sɛ ɔyɛ Ɔhene a wɔapaw no. Ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa ahiafo aduan, na onyanee awufo. Nea ehia pa ara mpo yɛ ne nkyerɛkyerɛ, efisɛ na afotusɛm wom a ebetumi aboa nkurɔfo ma wɔde asomdwoe ne baakoyɛ atena ase daa. Yesu san kaa nneɛma bi a ebesisi daakye. Ebi ne nneɛma a ɛbɛma yɛahu sɛ saa wiase yi awiei abɛn.

EBEHURU ANSA NA ADWO

Yesu ma yehui sɛ, ɛnyɛ asomdwoe ne ahotɔ na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu. Mmom no, ɔkaa biribi foforo koraa ho asɛm! “Bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” ahorow a ɔde mae no, ebi ne amanaman ntam akodi, aduankɔm, yaredɔm, ne asasewosow akɛse. (Mateo 24:3, 7; Luka 21:10, 11; Adiyisɛm 6:3-8) Yesu san kaa sɛ: “Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso nti nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.”—Mateo 24:12.

Nneɛma bebree na ɛma yehu sɛ nkurɔfo dɔ ano adwo. Bible kyerɛwfo foforo nso hyɛɛ da kaa ɛno ho asɛm. Sɛ yɛhwɛ 2 Timoteo 3:1-5 a, yehu sɛ wɔ “nna a edi akyiri mu no,” nnipa dodow no ara de wɔn adwene nyinaa besi wɔn ho so, sika, ne anigyede so. Wɔbɛyɛ ahantan, na wɔayɛ keka. Mmusua rennya tema, na mmofra bɛyɛ awofo so asoɔden. Nyamesomfo bebree bɛyɛ nyaatwom.

Nneɛma a ɛte sɛ nea ɛrehuru kutukutu wɔ wiase yi mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wiase yi awiei abɛn. Ɛno nso si so dua sɛ ɛrenkyɛ Ahenni no bɛma nneɛma mu adwo. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yesu rehyɛ nna a edi akyiri ho nkɔm no, ɔde kaa ho sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Saa asɛmpa no bɔ nnebɔneyɛfo kɔkɔ, na ɛma atreneefo nya anidaso ne awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ nhyira a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no bɛbam. Wobɛpɛ sɛ wuhu saa nhyira no ho nsɛm pii? Sɛ saa a, ɛnde dan kɔ nhoma yi akyi.