Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea wɔkyerɛ hyɛmma kwan na ammutuw no, saa ara na wɔde nteɛso nso kyerɛ abofra kwan

AWOFO

6: Fa Nteɛso Ma

6: Fa Nteɛso Ma

NEA ƐKYERƐ

Nteɛso betumi akyerɛ sɛ worekyerɛ obi kwan anaa worekyerɛkyerɛ no. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsan kyerɛ sɛ, sɛ abofra yɛ biribi a enye a, ɛsɛ sɛ woteɛ ne so. Mpɛn pii no, ɛkyerɛ sɛ wobɛkyerɛ abofra no nea eye ne nea enye, na aboa no ma wasisi gyinae pa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenyɛ asoɔden.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Nnansa yi, ɛte sɛ nea awofo bebree mpɛ sɛ wɔteɛ wɔn mma so, efisɛ wosuro sɛ, sɛ wɔteɛ wɔn mma so a, mmofra no abam bebu na wɔate nka sɛ wɔnsɛ hwee. Nanso awofo binom hyehyɛ mmara a ɛfata na wɔtete wɔn mma no ma wodi so; wei yɛ biribi a nyansa wom.

“Ehia sɛ yɛhyehyɛ mmara ma mmofra na aboa ma wɔanyinyin abɛyɛ mpanyin pa. Mmofra a wɔnteɛ wɔn so te sɛ po so hyɛn a biribiara nkyerɛ no kwan. Sɛ anyera a, ebebutuw.”—Pamela.

NEA WUBETUMI AYƐ

Fa nteɛso ne nkamfo di dwuma yiye. Sɛ wo ba anni w’asɛm so a, asotwe a woaka sɛ wode bɛma no no, hwɛ sɛ wode bɛma no. Nanso bere biara a obetie w’asɛm no, ɛyɛ a kamfo no.

“Metaa kamfo me mma sɛ wotie m’asɛm wɔ wiase a asoɔden wom yi mu. Esiane sɛ mekamfo wɔn nti, sɛ wɔyɛ biribi na ehia sɛ meteɛ wɔn so a, ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobegye atom.”—Christine.

BIBLE MU ASƐM: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.

Da ntease adi. Sɛ woreteɛ abofra so a, hwɛ mfe a abofra no adi ne nea otumi yɛ, na fa toto asoɔden a wayɛ no ho. Sɛ asotwe no fa asoɔden a wayɛ no ho a, ɛtaa yɛ adwuma pa ara. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ba amfa fon anni dwuma ɔkwan pa so a, wubetumi agye fon no afi ne nsam kakra anaasɛ woahyehyɛ ho mmara bi ama no. Sɛ abofra no yɛ nneɛma nketenkete bi a wompɛ mpo a, ɛnsɛ sɛ wofa ho abufuw.

“Sɛ me ba antie m’asɛm a, ɛyɛ a mehwɛ sɛ ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ asoɔden no, anaasɛ nneɛma na wansusuw ho yiye kɛkɛ. Ɛsono sɛ abofra no wɔ subammɔne bi a aka ne hɔ a ehia sɛ wotu ase, ɛnna ɛsono sɛ wadi mfomso ketewaa bi.”—Wendell.

BIBLE MU ASƐM: “Monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.”—Kolosefo 3:21.

Da ɔdɔ adi. Sɛ mmofra hu sɛ ɔdɔ nti na wɔn awofo teɛ wɔn so a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobegye atom na wɔde afotu no ayɛ adwuma.

“Sɛ yɛn ba no di mfomso a, yɛma no awerɛhyem sɛ nneɛma pa a wayɛ atwam no nyinaa yɛn ani sɔ. Yɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ, sɛ ogye nteɛso no tom na ɔyɛ nsakrae a, ɛnyɛ ade a ɛbɛsɛe ne din. Afei yɛma ohu sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛboa no ma wasesa.”—Daniel.

BIBLE MU ASƐM: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye.”—1 Korintofo 13:4.