Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛsa bɛn na woretwa ama wo mma?

AWOFO

8: Yɛ Nhwɛso Pa

8: Yɛ Nhwɛso Pa

NEA ƐKYERƐ

Awofo betumi ayɛ nhwɛso pa a, ɛsɛ sɛ wɔde nea wɔka no yɛ adwuma. Wo de, fa no sɛ obi gyina wo pon ano nanso wompɛ sɛ wo ne onii no kasa, ɛnna wo babarima tee sɛ woreka sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ minni hɔ.” Wohwɛ a wo babarima no nso, ɔbɛyɛ obi a ɔka nokware?

“Nkurɔfo taa ka sɛ ‘Yɛ nea mereka no, na nhwɛ nea mereyɛ.’ Nanso mmofra de, wode saa asɛm no kɔ wɔn so a, ɛrenyɛ adwuma. Sɛnea foam tumi nonom nsu biara no, saa ara na mmofra nso te. Wosuasua nea yɛka ne nea yɛyɛ biara. Sɛ yɛka biribi na yɛamfa anyɛ adwuma nso a, wɔbɛka.”—David.

BIBLE MU ASƐM: “Wo a woka sɛ ‘Mmɔ korɔn’ no, so wobɔ korɔn?”—Romafo 2:21.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Mmofra nkumaa ne mmofra a wonnya nnii mfe aduonu mpo, wɔtaa suasua wɔn awofo pa ara sen obiara. Wosuasua wɔn awofo sen wɔn atipɛnfo mpo. Wei kyerɛ sɛ, wo pa ara na wubetumi atete wo mma ma wɔayɛ nea ɛteɛ. Nanso sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gye sɛ wode nea woka no yɛ adwuma.

“Asɛm koro no ara, yebetumi aka no mpɛn ɔha akyerɛ yɛn ba na ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ ɔntee. Nanso da koro pɛ, sɛ yɛamfa nea yɛaka no anyɛ adwuma a, obehu aka akyerɛ yɛn. Nea yɛyɛ biara, mmofra no hwɛ pa ara. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ wonhui mpo a, wɔahu dedaw.”—Nicole.

BIBLE MU ASƐM: “Nyansa a efi soro no de, . . . ɛnyɛ nyaatwom.”—Yakobo 3:17.

NEA WUBETUMI AYƐ

Hwehwɛ wo ara wo nneyɛe mu. Dɛn na wohwɛ de gyigye w’ani? Sɛn na wo ne wo hokafo ne wo mma di? Nnipa bɛn na wofa wɔn nnamfo? Wudwen afoforo ho anaa? Sɛ yebetwa no tiawa a, nea wopɛ sɛ wo mma yɛ no, saa ara na woyɛ?

“Me ne me kunu nka nkyerɛ yɛn mma sɛ wɔnyɛ biribi a yɛn ara yenim sɛ yɛnyɛ.”—Christine.

Wudi mfomso a, pa kyɛw. Wo mma nim sɛ wutumi yɛ bɔne. Enti sɛ wudi mfomso na woka kyerɛ wo hokafo anaa wo mma sɛ “mepa wo kyɛw” a, worekyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wodi nokware.

“Ɛsɛ sɛ yɛn mma hu sɛ yɛregye yɛn mfomso atom na wɔte sɛ yɛreka mepa wo kyɛw. Sɛ wɔanhu no saa a, nea wɔn nso bɛyɛ ara ne sɛ wɔbɛkata wɔn mfomso so.”—Robin.

“Awofo de, yɛn nneyɛe nya yɛn mma so tumi sen obiara, na nea yebetumi de aboa wɔn pa ara ne yɛn nhwɛso efisɛ ɛno na wohu no da biara. Yɛn nneyɛe de, da biara wɔn ani tua, enti ɛno na wosuasua.”—Wendell.