Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA WUBEGYINA ADWINNWEN ANO

Adwinnwen Ahyɛ Wo So Anaa?

Adwinnwen Ahyɛ Wo So Anaa?

“Adwinnwen de, ebi da obiara so, nanso me de, adwinnwen remene me. Ɛnyɛ ɔhaw baako bi pɛ na ɛreteetee me. Me haw dɔɔso. Nneɛma bebree rebu me kɔn mu. Me kunu nso nni apɔwmuden, na ɔwɔ adwenemyare. Mahwɛ no mfe pii, na ɛno nso ama mereteetee paa.”—Jill. a

“Me yere guan gyaw me, enti na ɛsɛ sɛ me nko ara metete mmofra mmienu. Ná ɛnyɛ adwuma a ɛda fam koraa. Ɛno da nkyɛn a, m’adwuma nso fii me nsa, na na minnya sika nkosiesie me kar. Ná minhu nea menyɛ koraa. Afei de, na adwinnwen ama migye me ho a ennye. Me komam paa de, na minim sɛ ɛyɛ bɔne sɛ mekum me ho, enti mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma minwu.”—Barry.

Sɛnea na adwinnwen remene Jill ne Barry no, ɛtɔ da a, saa na wote nka anaa? Sɛ ɛte saa a, nsɛm a edidi so yi betumi akyekye wo werɛ na aboa wo. Nsɛmma nhoma yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma a ɛtaa de adwinnwen ba, ne sɛnea adwinnwen betumi aka yɛn asetena. Afei yebehu nea yebetumi ayɛ na yɛanya ahotɔ kakra bere a adwinnwen ahyɛ yɛn so.

a Wɔasesa din ahorow no.