Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA WUBEGYINA ADWINNWEN ANO

Dɛn Na Ɛde Adwinnwen Ba?

Dɛn Na Ɛde Adwinnwen Ba?

Apɔwmuden adwumakuw bi a agye din a wɔfrɛ no Mayo Clinic de too gua sɛ: “Mmarima ne mmea mpanyimfo pii ka sɛ, ade rekye a ade resa nyinaa, na wɔn adwinnwen redɔɔso.” Wɔtoaa asɛm no so sɛ, “Wiase a yɛte mu nnɛ yi, obi nnim ɔkyena asɛm; biribiara tumi si.” Ma yɛnhwɛ nneɛma a etumi sisi a ɛkɔfa adwinnwen bɛto yɛn so no bi:

  • awaregyae

  • bere a obi dɔfo awu

  • yare a emu yɛ den

  • akwanhyia a ɛyɛ hu

  • nsɛmmɔnedi

  • adagyew a nkurɔfo nni wɔ wɔn asetena mu

  • atoyerɛnkyɛm—nea ɛno ara ba, ne nea nnipa kɔfa ba

  • nhyɛso a ɛkɔ so wɔ sukuu mu anaa adwuma mu

  • adwumasɛm ne sikasɛm ho dadwen