Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Koma a Edwo Yɛ Ɔhonam Nkwa”

“Koma a Edwo Yɛ Ɔhonam Nkwa”

Saa asɛm yi wɔ Mmebusɛm 14:30. Bɛyɛ mfe mpem mmiɛnsa ni na wɔkyerɛwee! Wei ma yehu sɛ Bible mu afotusɛm ntwam da. Sɛ wopɛ sɛ wusua pii ka ho a, kɔ jw.org/tw. Wokɔ hɔ a, wubenya video ahorow, nneɛma a wɔadrɔdrɔ ayɛ no video, nkɔmmɔ-twetwe, ne nsɛm foforo pii a ebetumi aboa wo paa. Saa nsɛm no bi bɛma woahu sɛnea wubenya ahotɔ bere a adwinnwen ahyɛ wo so. Nea wubehu wɔ hɔ no bi na edidi so yi: